< Nnwom 137 >

1 Babilonia nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtena suiɛ ɛberɛ a yɛkaee Sion no. 2 Ɛhɔ nsukakye nnua so na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ, 3 ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom, yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn hɔ ahurisie nnwom; wɔkaa sɛ, “Monto Sion nnwom baako mma yɛn!” 4 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom ɛberɛ a yɛwɔ ananafoɔ asase so? 5 Ao Yerusalem, sɛ mewerɛ firi wo a ma me nsa nifa werɛ mfiri sankubɔ. 6 Sɛ mankae wo sɛ mʼanigyedeɛ kɛseɛ pa ara a, ma me tɛkrɛma nka mfam mʼanomu. 7 Ao Awurade, kae deɛ Edomfoɔ yɛeɛ wɔ ɛda a Yerusalem hwee ase no. Wɔteam sɛ, “Monnwiri, monnwiri ngu fam nkɔka nʼafapem!” 8 Ao Babilonia babaa a wɔahyɛ sɛ wɔbɛsɛe wo, nhyira nka deɛ ɔtua wo ka wɔ deɛ wode ayɛ yɛn so. 9 Nhyira nka deɛ ɔkyekyee wo nkokoaa de wɔn bobɔɔ abotan so.

< Nnwom 137 >