< Nnwom 131 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. Ao Awurade, ahomasoɔ nni mʼakoma mu, na mʼani ntraa ntɔn; memma nsɛm akɛseɛ nha me anaa nsɛm a ɛyɛ nwanwa dodo ma me. 2 Na mmom, mama me kra anya abotɔyam te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no, te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no, saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu. 3 Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so, seesei ne daa nyinaa.

< Nnwom 131 >