< Nnwom 129 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. “Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase, ma Israel nka. 2 “Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase, nanso wɔntumi nnii me so nkonim. 3 Fentemfoɔ afentem mʼakyi ayɛ wɔn nkofie atentene. 4 Nanso Awurade yɛ ɔteneneeni; Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho.” 5 Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi. 6 Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi, ɛnnyini na ahye; 7 Ɛremma otwafoɔ nya biribi wɔ ne nsam, na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so. 8 Mma wɔn a wɔtwam hɔ nnka sɛ, “Awurade nhyira mmra mo so; yɛhyira mo wɔ Awurade din mu.”

< Nnwom 129 >