< Nnwom 128 >

1 Ɔsorokorɔ dwom. Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade, na wɔnante nʼakwan so. 2 Wobɛdi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea. 3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba wɔ wo fie; na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri atwa wo ɛpono ho ahyia. 4 Yei ne onipa a wɔahyira noɔ, deɛ ɔsuro Awurade no. 5 Awurade nhyira wo mfiri Sion wo nkwa nna nyinaa; na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ, 6 na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma. Asomdwoeɛ nka Israel.

< Nnwom 128 >