< Nnwom 122 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. Ɛberɛ a wɔsee me sɛ, “Ma yɛnkɔ Awurade fie” no, mʼani gyeeɛ. 2 Yɛgyinagyina wʼapono ano, Ao Yerusalem. 3 Wɔakyekyere Yerusalem yie sɛ kuropɔn. Wɔahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ. 4 Ɛhɔ na mmusuakuo no korɔ, Awurade mmusuakuo no. Wɔkɔkamfo Awurade din sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔde ama Israel no teɛ. 5 Ɛhɔ na atemmuo nhennwa no sisi, Dawid fie nhennwa no. 6 Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ. 7 Ma asomdwoeɛ mmra wʼafasuo mu na banbɔ mmra wʼabankɛsewa mu.” 8 Me nuanom ne me nnamfonom enti, meka sɛ, “Asomdwoeɛ ntena wo mu.” 9 Awurade yɛn Onyankopɔn fie enti, mɛhwehwɛ wo nkɔsoɔ.

< Nnwom 122 >