< Nnwom 120 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Mesu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ɔgye me so. 2 Ao Awurade, gye me firi atorɔ ano ne nnaadaa tɛkrɛma nsam. 3 Ɛdeɛn na ɔbɛyɛ wo, na ɛdeɛn na ɛka ho bio, Ao nnaadaa tɛkrɛma? 4 Ɔde asraafoɔ bɛmma a ano yɛ nnam ne gyasramma bɛtwe wʼaso. 5 Nnome nka me sɛ mabɛsoɛ Mesek, na mete Kedar ntomadan mu! 6 Matena ase akyɛre dodo wɔ wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ mu. 7 Meyɛ asomdwoeɛ onipa; nanso sɛ mekasa a, ɛyɛ ɔko ma wɔn.

< Nnwom 120 >