< Nnwom 118 >

1 Monna Awurade ase ɛfiri sɛ ɔyɛ, na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. 2 Momma Israel nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.” 3 Momma Aaron fie nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.” 4 Momma wɔn a wɔsuro Awurade nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.” 5 Mʼahohiahia mu, mesu frɛɛ Awurade; ɔgyee me so, na ɔma me dee me ho. 6 Awurade ne me ɔboafoɔ; enti merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me? 7 Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me ɔboafoɔ. Mede nkonimdie bɛhwɛ mʼatamfoɔ. 8 Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta wɔ Awurade mu sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa soɔ. 9 Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta Awurade mu sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so. 10 Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiaaɛ, nanso Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ. 11 Wɔtwaa me ho hyiaeɛ wɔ baabiara, nanso Awurade din mu, metwitwaa wɔn guiɛ. 12 Wɔkyere guu me so sɛ nwowa, nanso wɔhyee ntɛm so sɛ nkasɛɛ a ogya atɔ mu; Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ. 13 Wɔsum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase, nanso Awurade boaa me. 14 Awurade yɛ mʼahoɔden ne me dwom; wayɛ me nkwagyeɛ. 15 Osebɔ ne nkonimdie gyegye wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu sɛ, “Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ! 16 Wɔapagya Awurade nsa nifa so; Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!” 17 Merenwu, mmom mɛtena ase na mapae mu aka deɛ Awurade ayɛ. 18 Awurade atwe mʼaso denden, nanso ɔnnyaa me mmaa owuo. 19 Bue tenenee apono ma me; na mɛhyɛne mu na mede aseda ama Awurade. 20 Awurade ɛpono nie; ɛhɔ na ateneneefoɔ bɛfa ahyɛne mu. 21 Mɛda wo ase ɛfiri sɛ wogyee me so; na woayɛ me nkwagyeɛ. 22 Ɔboɔ a adansifoɔ no poeɛ no, abɛyɛ tweatiboɔ. 23 Awurade na ayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so. 24 Ɛnnɛ yɛ ɛda a Awurade ayɛ. Momma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie. 25 Ao Awurade, gye yɛn nkwa; Ao Awurade, ma yɛn nkɔsoɔ. 26 Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba. Yɛhyira wo firi Awurade fie. 27 Awurade yɛ Onyankopɔn, na wama ne hann ahyerɛn yɛn so. Momfa nnua mman nkura na yɛnto afahyɛ santen nkɔ afɔrebukyia no mmɛn ho. 28 Woyɛ me Onyankopɔn, na meda wo ase; wone me Onyankopɔn, na mɛma wo so. 29 Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

< Nnwom 118 >