< Nnwom 116 >

1 Medɔ Awurade ɛfiri sɛ, ɔtee me nne. Ɔtee me mmɔborɔhunu su. 2 Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso maa me enti, mɛfrɛ no wɔ ɛberɛ a mete ase yi. 3 Owuo nhoma kyekyeree me, ɛda ho ahometeɛ baa me so, ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so. (Sheol h7585) 4 Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ, “Ao Awurade, gye me nkwa!” 5 Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni; ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma. 6 Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban; ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me. 7 Nya abotɔyam bio, Ao me kra, ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie. 8 Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu; woamma mʼani amporo nisuo, na woamma me nan ansunti, 9 sɛ mɛnante Awurade anim wɔ ateasefoɔ asase so. 10 Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ, “Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.” 11 Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ, “Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.” 12 Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade ka wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa? 13 Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no so na mabɔ Awurade din. 14 Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim. 15 Nʼahotefoɔ wuo yɛ aboɔden wɔ Awurade ani so. 16 Ao Awurade, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ; meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima; wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu. 17 Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wo na mabɔ Awurade din. 18 Mɛdi me bɔ a mahyɛ Awurade no so wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim, 19 wɔ adihɔ a ɛwɔ Awurade fie wɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem. Monkamfo Awurade.

< Nnwom 116 >