< Nnwom 114 >

1 Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no, 2 Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea na Israel bɛyɛɛ nʼahemman. 3 Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ, Yordan sanee nʼakyi; 4 Mmepɔ hurihurii sɛ nnwennini nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa. 5 Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ, Ao Yordan, na wosanee wʼakyi, 6 mo mmepɔ, na mohurihuri sɛ nnwennini, na mo nkokoɔ, mohurihuri sɛ nnwammaa? 7 Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim, wɔ Yakob Onyankopɔn anim, 8 ɔno na ɔmaa ɔbotan no danee asubura, na abotan a ɛyɛ den danee nsuwa nsuwa no.

< Nnwom 114 >