< Nnwom 111 >

1 Monkamfo Awurade! Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama Awurade so wɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu. 2 Awurade nnwuma yɛ kɛseɛ; wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho. 3 Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam, na ne tenenee wɔ hɔ daa. 4 Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ; Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ. 5 Ɔma wɔn a wosuro no no aduane; ɔkae nʼapam no daa. 6 Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu, sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn. 7 Ne nsa ano nnwuma yɛ nokorɛ na ɛtene; nʼahyɛdeɛ nyinaa mu wɔ ahotosoɔ. 8 Ɛtim hɔ daa daa, nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ. 9 Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ; ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ, ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu. 10 Awurade suro yɛ nyansa mfitiaseɛ; wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa. Ɔno na daa ayɛyie wɔ no.

< Nnwom 111 >