< Nnwom 111 >

1 Monkamfo Awurade! Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama Awurade so wɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu.
Praise the LORD. I will give thanks to the LORD with my whole heart, in the council of the upright, and in the congregation.
2 Awurade nnwuma yɛ kɛseɛ; wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho.
The LORD's works are great, pondered by all those who delight in them.
3 Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam, na ne tenenee wɔ hɔ daa.
His work is honor and majesty. His righteousness endures forever.
4 Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ; Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.
He has caused his wonderful works to be remembered. The LORD is gracious and merciful.
5 Ɔma wɔn a wosuro no no aduane; ɔkae nʼapam no daa.
He has given food to those who fear him. He always remembers his covenant.
6 Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu, sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn.
He has shown his people the power of his works, in giving them the heritage of the nations.
7 Ne nsa ano nnwuma yɛ nokorɛ na ɛtene; nʼahyɛdeɛ nyinaa mu wɔ ahotosoɔ.
The works of his hands are truth and justice. All his precepts are sure.
8 Ɛtim hɔ daa daa, nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ.
They are established forever and ever. They are done in truth and uprightness.
9 Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ; ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ, ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.
He has sent redemption to his people. He has ordained his covenant forever. His name is holy and awesome.
10 Awurade suro yɛ nyansa mfitiaseɛ; wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa. Ɔno na daa ayɛyie wɔ no.
The fear of the LORD is the beginning of wisdom. All those who do his work have a good understanding. His praise endures forever.

< Nnwom 111 >