< Nnwom 10 >

1 Adɛn enti, Ao Awurade, na wogyina akyirikyiri saa? Adɛn enti na wode wo ho ahinta wɔ amanehunu mmerɛ mu yi?
Why do you stand far off, Yahweh? Why do you hide yourself in times of trouble?
2 Ɔmumuyɛfoɔ de ahantan taataa mmɔborɔfoɔ, wɔn a mfidie a wɔasunsum yi wɔn.
In arrogance, the wicked hunt down the weak. They are caught in the schemes that they devise.
3 Ɔde deɛ nʼakoma hwehwɛ hoahoa ne ho; ɔhyira ɔdifodepɛfoɔ, na ɔyi Awurade ahi.
For the wicked boasts of his heart’s cravings. He blesses the greedy and condemns Yahweh.
4 Ahantan enti, omumuyɛfoɔ nhwehwɛ Awurade; na Onyankopɔn nni ne nsusuiɛ nyinaa mu.
The wicked, in the pride of his face, has no room in his thoughts for God.
5 Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie; ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho; na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw.
His ways are prosperous at all times. He is arrogant, and your laws are far from his sight. As for all his adversaries, he sneers at them.
6 Ɔka kyerɛ ne ho sɛ: “Biribiara mma me nhinhim; mʼani bɛgye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”
He says in his heart, “I shall not be shaken. For generations I shall have no trouble.”
7 Nnome, atorɔ ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; Ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkrɛma ase.
His mouth is full of cursing, deceit, and oppression. Under his tongue is mischief and iniquity.
8 Ɔtɛ wɔ nkuraase; ɔfiri atɛeɛ kum deɛ ɔnnim hwee, na ɔhwɛ wɔn a ɔrepɛ wɔn akum wɔn.
He lies in wait near the villages. From ambushes, he murders the innocent. His eyes are secretly set against the helpless.
9 Ɔte sɛ gyata a wahinta; ɔtɛ sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni; ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bɔn mu.
He lurks in secret as a lion in his ambush. He lies in wait to catch the helpless. He catches the helpless when he draws him in his net.
10 Ɔdwerɛ wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ baha; na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.
The helpless are crushed. They collapse. They fall under his strength.
11 Ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Onyankopɔn werɛ afi; wayi nʼani afiri so na ɔnhunu.”
He says in his heart, “God has forgotten. He hides his face. He will never see it.”
12 Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Ao Onyankopɔn. Mma wo werɛ mfiri wɔn a wɔnni aboafoɔ.
Arise, Yahweh! God, lift up your hand! Don’t forget the helpless.
13 Adɛn enti na omumuyɛfoɔ yi Onyankopɔn ahi? Adɛn enti na ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Ɔremfrɛ me akontabuo so?”
Why does the wicked person condemn God, and say in his heart, “God won’t call me into account”?
14 Nanso wo, Ao Onyankopɔn, wohunu amanehunu ne ɔhaw; na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. Mmɔborɔni de ne ho ma wo; wo na woyɛ awisiaa ɔboafoɔ.
But you do see trouble and grief. You consider it to take it into your hand. You help the victim and the fatherless.
15 Bubu omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ aprɛ; frɛ no na ɔmmɛbu nʼamumuyɛ ho nkontaa, amumuyɛ a anka wɔrenhunu no.
Break the arm of the wicked. As for the evil man, seek out his wickedness until you find none.
16 Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa; amanaman no bɛyera nʼasase so.
Yahweh is King forever and ever! The nations will perish out of his land.
17 Ao Awurade, wotie awiɛmfoɔ adesrɛ; wohyɛ wɔn nkuran, na wotie wɔn sufrɛ,
Yahweh, you have heard the desire of the humble. You will prepare their heart. You will cause your ear to hear,
18 na wodi ma awisiaa ne deɛ wɔhyɛ ne soɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdasani a ɔfiri asase so renhunahuna obiara bio.
to judge the fatherless and the oppressed, that man who is of the earth may terrify no more.

< Nnwom 10 >