< Mmɛbusɛm 7 >

1 Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu. 2 Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ. 3 Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so. 4 Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,” na frɛ nteaseɛ wo busuani; 5 Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho, afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho. 6 Me fie mpomma ano mede mʼani faa ntokua mu. 7 Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu, mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso, ɔbabunu a ɔnni adwene. 8 Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie 9 ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ, na animu rebiribiri no. 10 Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam. 11 (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena efie koraa; 12 ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem, ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.) 13 Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano wamfɛre, na ɔkaa sɛ, 14 “Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie; ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so. 15 Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahunu wo! 16 Mato me mpa mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim. 17 Mede nnuhwam apete me mpa so: kurobo, pɛperɛ ne sinamon. 18 Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa; 19 Me kunu nni efie; watu kwan na ɔbɛkyɛre. 20 Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.” 21 Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn; ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ. 22 Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ, anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu 23 kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa. 24 Na afei, me mma, montie me; monyɛ aso mma deɛ meka. 25 Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so na mommane mfa nʼakwan so. 26 Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara. 27 Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a ɛkɔ owuo mpia mu. (Sheol h7585)

< Mmɛbusɛm 7 >