< Mmɛbusɛm 30 >

1 Yake babarima Agur nsɛm a ɔkaeɛ a ɛyɛ nkɔmhyɛ: Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal sɛ:
Słowa Agura, syna Jake, proroctwo tego człowieka do Itiela, do Itiela i Ukala.
2 “Me na mennim hwee koraa wɔ nnipa mu, menni onipa nteaseɛ.
Zaprawdę jestem najgłupszym z ludzi i nie mam ludzkiego rozumu.
3 Mensuaa nyansa, na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.
Ani nie nauczyłem się mądrości, ani nie mam wiedzy o tym, co święty.
4 Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam? Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu? Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa? Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi? Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn? Sɛ wonim a ka kyerɛ me!
Któż wstąpił do nieba i zstąpił? Któż zebrał wiatr w swoje garście? Któż zgarnął wody do [swej] szaty? Któż utwierdził wszystkie krańce ziemi? Jakie [jest] jego imię? A jakie [jest] imię jego syna? Czy wiesz?
5 “Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokorɛ; ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no.
Każde słowo Boga jest czyste; on [jest] tarczą dla tych, którzy mu ufają.
6 Mfa biribi nka nʼasɛm ho, anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ.
Nie dodawaj nic do jego słów, aby cię nie strofował i abyś nie okazał się kłamcą.
7 “Ao Awurade, nneɛma mmienu na mehwehwɛ firi wo nkyɛn; mfa nkame me ansa na mawu:
Proszę cię o dwie rzeczy; nie odmawiaj mi [ich], zanim umrę.
8 Yi atorɔ ne ahohwisɛm firi me mu; mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefoɔ; nanso ma me deɛ medi daa.
Oddal ode mnie marność i słowo kłamliwe; nie dawaj mi ani ubóstwa, ani bogactwa; żyw mnie odpowiednim dla mnie pokarmem;
9 Anyɛ saa a, ebia menya me ho pii ama mapa wo na maka sɛ, ‘Hwan ne Awurade?’ Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔno, na ama magu me Onyankopɔn din ho fi.
Abym będąc syty, nie zaparł się [ciebie] i nie mówił: Kim jest PAN? Albo zubożawszy, nie kradł i nie brał imienia mego Boga [nadaremnie].
10 “Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura; sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka.
Nie oczerniaj sługi przed jego panem, aby ci nie złorzeczył i byś nie okazał się winny.
11 “Nnipa bi dome wɔn agyanom, na wɔnnhyira wɔn maamenom nso;
[Jest] pokolenie, które złorzeczy swemu ojcu i nie błogosławi swojej matce.
12 Wɔn a wɔtene wɔ wɔn ankasa ani so a ɛnso wɔnhohoroo wɔn ho fi;
[Jest] pokolenie, które we własnych oczach jest czyste, lecz nie jest obmyte ze swego plugastwa.
13 wɔn a wɔn ani tra ntɔn, na wɔbu animtiaa;
[Jest] pokolenie, którego oczy są wyniosłe i powieki wzniesione.
14 wɔn a wɔn se yɛ akofena na sekammoa hyehyɛ wɔn apantan wɔn na wɔbɛtɔre ahiafoɔ ase afiri asase so, na woayi onibie afiri adasamma mu.
[Jest] pokolenie, którego zęby [są jak] miecze, a zęby trzonowe [jak] noże, by pożreć ubogich na ziemi i nędzarzy spośród ludzi.
15 “Amemem wɔ mmammaa mmienu a wɔteam sɛ, ‘Fa ma me! Fa ma me.’ “Nneɛma mmiɛnsa na ɛmmee da. Dabi, nneɛma ɛnan wɔ hɔ a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’
Pijawka ma dwie córki, [które mówią]: Daj, daj. Trzy są rzeczy, które nie mogą się nasycić; cztery, które nie mówią: Dość.
16 Damena, obonini awotwaa, asase a ɛyɛ wesee daa, ne ogya a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’ (Sheol h7585)
Grób, niepłodne łono, ziemia niesyta wody i ogień, [który] nie mówi: Dość. (Sheol h7585)
17 “Ani a ɛyi agya ahi, na ɛbu ɛna animtia no, bɔnhwa ho anene bɛtutu, na apete abɛdi.
Oko, [które] wyśmiewa ojca i gardzi posłuszeństwem matce, wydziobią kruki [nad] potokami i wyjedzą orlęta.
18 “Nneɛma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa, ɛnan na mente aseɛ:
Trzy [są] rzeczy dla mnie zbyt zdumiewające, czterech nie znam:
19 Ɛkwan a ɔkɔdeɛ nam so wɔ ewiem, sɛdeɛ ɔwɔ nante ɔbotan so, ɛkwan a ɛhyɛn nam so wɔ ɛpo hahanaa so, ne sɛdeɛ ɔbarima dɔ ababaawa.
Drogi orła w powietrzu, drogi węża na skale, drogi okrętu na środku morza i drogi mężczyzny z młodą kobietą.
20 “Ɔbaa waresɛefoɔ ɛkwan nie: Ɔdidi, ɔpepa nʼano na ɔka sɛ, ‘Menyɛɛ mfomsoɔ biara.’
Taka [jest] droga kobiety cudzołożnej: je i obciera swoje usta, i mówi: Nie zrobiłam nic złego.
21 “Nneɛma mmiɛnsa na ɛma asase woso, ɛnan na asase ɛntumi nnyina ano:
Pod trzema rzeczami drży ziemia, czterech nie może znieść:
22 akoa a wabɛyɛ ɔhene, ɔkwasea a wadidi amee,
Sługi, kiedy panuje, głupca, kiedy syci się chlebem;
23 ɔbaa a wɔmmpɛ no na wawareɛ, afenaa a ɔtu nʼawurakwaa tena nʼanan mu.
Obmierzłej [kobiety], kiedy wychodzi za mąż, [i] służącej, kiedy dziedziczy po swojej pani.
24 “Nneɛma nketenkete ɛnan na ɛwɔ asase so, nanso wɔyɛ anyansafoɔ ankasa:
Cztery są rzeczy najmniejsze na ziemi, jednak mędrsze nad mędrców:
25 Ntɛtea yɛ abɔdeɛ nketewa a wɔnni ahoɔden, nanso wɔboaboa wɔn aduane ano ahuhuro berɛ mu;
Mrówki, lud słaby, a jednak w lecie przygotowują pokarm;
26 Nkukuban—yɛ abɔdeɛ a wɔnni ahoɔden, nanso wɔyɛ wɔn afie wɔ abotan mu,
Króliki, lud słaby, a jednak budują swój dom w skale;
27 ntutummɛ nni ɔhene, nanso wɔsa so akuakuo, kɔ wɔn anim;
Szarańcze nie mają króla, a jednak wszystkie wyruszają chmarą;
28 wɔtumi de nsa kyere ɔkoterɛ, nanso wɔhunu no aberempɔn ahemfie.
Pająk pracuje rękoma, a bywa w pałacach królewskich.
29 “Nneɛma mmiɛnsa na wɔwɔ aberempɔn nanteɛ, ɛnan na wɔkeka wɔn ho te sɛ aberempɔn:
Trzy są rzeczy, które poruszają się wspaniale, cztery kroczą dostojnie:
30 gyata, mmoadoma ɔhene a, biribiara mmɔ no hu;
Lew, najsilniejszy wśród zwierząt, który przed nikim nie ustępuje;
31 akokɔnini a ɔretutu taataa, ɔpapo, ne ɔhene a nʼasraafoɔ atwa ne ho ahyia.
Chart i kozioł, i król, przeciw któremu nikt nie powstaje.
32 “Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so, anaa woadwene bɔne a, ma wʼani nwu na mua wʼano!
Jeśli głupio postąpiłeś, wynosząc się, albo jeśli pomyślałeś źle, [połóż] rękę na ustach.
33 Sɛdeɛ wɔka nufosuo nu mu a sradeɛ firi mu ba na wɔkyinkyim hwene a ɛtu mogya no, saa ara na abufuo de akasakasa ba.”
Jak ubijanie mleka daje masło i wycieranie nosa wywołuje krew, tak kto wzbudza gniew, wszczyna kłótnię.

< Mmɛbusɛm 30 >