< Mmɛbusɛm 28 >

1 Omumuyɛfoɔ dwane ɛberɛ a obiara ntaa no, nanso teneneefoɔ koko yɛ duru sɛ agyata.
The wicked flee when no one pursues; but the righteous are as bold as a lion.
2 Atuateɛ ɔman nya sodifoɔ pii, nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.
In rebellion, a land has many rulers, but order is maintained by a man of understanding and knowledge.
3 Sodifoɔ a ɔhyɛ ahiafoɔ so no te sɛ brampɔnsuo a ɛsɛe mfudeɛ.
A needy man who oppresses the poor is like a driving rain which leaves no crops.
4 Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ, na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan.
Those who forsake the Law praise the wicked; but those who keep the Law contend with them.
5 Abɔnefoɔ nte atɛntenenee ase, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te aseɛ yie.
Evil men do not understand justice; but those who seek the LORD understand it fully.
6 Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm yɛ sene ɔdefoɔ a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.
Better is the poor who walks in his integrity, than he who is perverse in his ways, and he is rich.
7 Deɛ ɔdi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhunumu, nanso deɛ ɔne adidibradafoɔ bɔ no gu nʼagya anim ase.
Whoever keeps the Law is a wise son; but he who is a companion of gluttons shames his father.
8 Deɛ ɔgye mfɛntom mmorosoɔ de nya ne ho no ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ.
He who increases his wealth by excessive interest gathers it for one who has pity on the poor.
9 Sɛ obi nni mmara so a, ne mpaeɛbɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.
He who turns away his ear from hearing the Law, even his prayer is an abomination.
10 Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no bɛhwe ɔno ankasa afidie mu, nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ.
Whoever causes the upright to go astray in an evil way, he will fall into his own trap; but the blameless will inherit good.
11 Ɔdefoɔ tumi yɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so, nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ.
The rich man is wise in his own eyes; but the poor who has understanding sees through him.
12 Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii; nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta.
When the righteous triumph, there is great glory; but when the wicked rise, men hide themselves.
13 Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ, na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ.
He who conceals his sins doesn't prosper, but whoever confesses and renounces them finds mercy.
14 Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa, nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu.
Blessed is the man who is always reverent; but the one who hardens his heart will fall into evil.
15 Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no te sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ.
As a roaring lion or a charging bear, so is a wicked ruler over helpless people.
16 Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene, na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten.
A prince who lacks understanding is a cruel oppressor, but one who hates ill-gotten gain will prolong his days.
17 Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no, ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da; mma obiara mmɔ ne ho ban.
A man who is tormented by life blood will be a fugitive until death; no one will support him.
18 Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu, nanso deɛ nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.
Whoever walks blamelessly is kept safe; but one with perverse ways will fall suddenly.
19 Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane pii, nanso deɛ ɔdwene nneɛma hunu ho no bɛnya ne so ne ne hia.
One who works his land will have an abundance of food; but one who chases fantasies will have his fill of poverty.
20 Wɔbɛhyira onipa nokwafoɔ pii, na deɛ ɔpere pɛ ahonyadeɛ no remfa ne ho nni.
A faithful man is rich with blessings; but one who is eager to be rich will not go unpunished.
21 Animhwɛ nyɛ, nanso aduane kakra enti nnipa yɛ bɔne.
To show partiality is not good; yet a man will do wrong for a piece of bread.
22 Deɛ ɔyɛ pɛpɛɛ pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefoɔ na ɔnnim sɛ ohia retwɛn no.
A stingy man hurries after riches, and doesn't know that poverty waits for him.
23 Deɛ ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyire asene deɛ ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.
One who rebukes a man will afterward find more favor than one who flatters with the tongue.
24 Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame korɔno na ɔka sɛ, “Ɛnyɛ bɔne” no, ɔne ɔsɛefoɔ na ɛbɔ.
Whoever robs his father or his mother, and says, "It's not wrong." He is a partner with a destroyer.
25 Ɔdifodepɛfoɔ de mpaapaemu ba na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no bɛnya nkɔsoɔ.
One who is greedy stirs up strife; but one who trusts in the LORD will prosper.
26 Deɛ ɔgye ne ho die no yɛ ɔkwasea, na deɛ ɔnante nyansa mu no wɔbɛgye no.
One who trusts in himself is a fool; but one who walks in wisdom is kept safe.
27 Deɛ ɔma ahiafoɔ no, hwee renhia no, nanso deɛ ɔbu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.
One who gives to the poor has no lack; but one who closes his eyes will have many curses.
28 Sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a, nnipa kɔhinta; na sɛ amumuyɛfoɔ ase tɔre a, teneneefoɔ ase dɔre.
When the wicked rise, men hide themselves; but when they perish, the righteous thrive.

< Mmɛbusɛm 28 >