< Mmɛbusɛm 25 >

1 Yeinom yɛ Salomo mmɛbusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufoɔ twerɛeɛ:
These also are proverbs of Solomon, which the men of Hezekiah king of Judah copied out.
2 Ɛyɛ Onyankopɔn animuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie; sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo animuonyam.
It is the glory of God to conceal a thing, but the glory of kings is to search out a matter.
3 Sɛdeɛ ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no, saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo akoma mu.
As the heavens for height, and the earth for depth, so the hearts of kings are unsearchable.
4 Sɛ wɔyi dwetɛ ho a, dwetɛdwumfoɔ tumi de yɛ adeɛ a ɛho wɔ mfasoɔ;
Take away the dross from the silver, and material comes out for the refiner.
5 Yi amumuyɛfoɔ firi ɔhene anim, na tenenee bɛma nʼahennwa atim.
Take away the wicked from the king’s presence, and his throne will be established in righteousness.
6 Mma wo ho so wɔ ɔhene anim, na mpere diberɛ wɔ atitire mu;
Don’t exalt yourself in the presence of the king, or claim a place among great men;
7 Ɛyɛ ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Bra soro ha,” sene sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitire bi anim. Deɛ wode wʼani ahunu no
for it is better that it be said to you, “Come up here,” than that you should be put lower in the presence of the prince, whom your eyes have seen.
8 mpɛ ntɛm mfa nkɔ asɛnniiɛ, na sɛ awieeɛ no wo yɔnko gu wʼanim ase a ɛdeɛn na wobɛyɛ?
Don’t be hasty in bringing charges to court. What will you do in the end when your neighbor shames you?
9 Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm a nna obi foforɔ ahintasɛm adi,
Debate your case with your neighbor, and don’t betray the confidence of another,
10 anyɛ saa a, deɛ ɔbɛte no bɛgu wʼanim ase na edin bɔne a wobɛnya no rempepa da.
lest one who hears it put you to shame, and your bad reputation never depart.
11 Asɛm a wɔka no sɛdeɛ ɛfata no te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛ de atuatua dwetɛ nsiesieɛ mu.
A word fitly spoken is like apples of gold in settings of silver.
12 Sikakɔkɔɔ asomuadeɛ anaa sikakɔkɔɔ amapa ahyehyɛdeɛ te sɛ onyansafoɔ animka a ɔde ma deɛ ɔyɛ aso ma no.
As an earring of gold, and an ornament of fine gold, so is a wise reprover to an obedient ear.
13 Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ wɔ otwa berɛ mu no saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no; na ɔma ne wuranom akomatɔyam.
As the cold of snow in the time of harvest, so is a faithful messenger to those who send him; for he refreshes the soul of his masters.
14 Omununkum ne mframa a ɛmfa osutɔ mma no te sɛ onipa a ɔde akyɛdeɛ a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.
As clouds and wind without rain, so is he who boasts of gifts deceptively.
15 Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da, na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu.
By patience a ruler is persuaded. A soft tongue breaks the bone.
16 Sɛ wonya ɛwoɔ a, enni ntra so, ne bebrebe bɛma woafe.
Have you found honey? Eat as much as is sufficient for you, lest you eat too much, and vomit it.
17 Ntaa nkɔ wo yɔnko fie, wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.
Let your foot be seldom in your neighbor’s house, lest he be weary of you, and hate you.
18 Onipa a ɔdi adansekurumu tia ne yɔnko no te sɛ aporibaa, afena anaa bɛmma a ano yɛ nnam.
A man who gives false testimony against his neighbor is like a club, a sword, or a sharp arrow.
19 Ɛse a ɛyare kaka anaa ɛnan a ɛyɛ apakye te sɛ deɛ wode wo ho to ɔtorofoɔ so hiada mu.
Confidence in someone unfaithful in time of trouble is like a bad tooth or a lame foot.
20 Deɛ ɔto dwom kyere ɔwerɛhoni no te sɛ deɛ ɔpa ntoma gu awɔberɛ mu anaa te sɛ nsã nyinyanyinya a wɔhwie gu afransa soɔ.
As one who takes away a garment in cold weather, or vinegar on soda, so is one who sings songs to a heavy heart.
21 Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni; sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.
If your enemy is hungry, give him food to eat. If he is thirsty, give him water to drink;
22 Sɛ woyɛ saa a, wobɛsoso gyasramma agu nʼatifi, na Awurade bɛma wo akatua.
for you will heap coals of fire on his head, and Yahweh will reward you.
23 Sɛdeɛ atifi fam mframa de osutɔ ba no, saa ara na tɛkrɛma a ɛdi nsekuro de omuna ba.
The north wind produces rain; so a backbiting tongue brings an angry face.
24 Ɛyɛ sɛ wobɛtena suhyɛ ase mantweaa bi, sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.
It is better to dwell in the corner of the housetop than to share a house with a contentious woman.
25 Nsuonwunu a ɔkra a ato baha nya no te sɛ asɛmmɔdɛ a ɛfiri akyirikyiri.
Like cold water to a thirsty soul, so is good news from a far country.
26 Asutire a ahono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ, te sɛ ɔteneneeni a ɔgyaa ne ho ma amumuyɛfoɔ.
Like a muddied spring and a polluted well, so is a righteous man who gives way before the wicked.
27 Ɛnyɛ sɛ wɔdi ɛwoɔ ntrasoɔ, na ɛnyɛ fɛ nso sɛ obi pɛ animuonyam ma ne ho.
It is not good to eat much honey, nor is it honorable to seek one’s own honor.
28 Onipa a ɔnni ahohyɛsoɔ no te sɛ kuropɔn a nʼafasuo abubu agu fam.
Like a city that is broken down and without walls is a man whose spirit is without restraint.

< Mmɛbusɛm 25 >