< 4 Mose 5 >

1 Yei ne mmara a Awurade sane hyɛ maa Mose: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔpam akwatafoɔ nyinaa firi atenaeɛ hɔ. Wɔn a ekuro atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka efunu enti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn. 3 Mmarima ne mmaa nyinaa ka ho. Yi wɔn nyinaa firi hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na atenaeɛ hɔ a me ne mo bɛtena no ho rengu fi”. 4 Wɔdii Awurade mmara no so. 5 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 6 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ ɔbarima o, ɔbaa o, ɔdi Awurade hwammɔ a, ɛyɛ bɔne. 7 Ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne na adeɛ a ɔwiaeɛ no, ɔtua ho ka nyinaa na ɔsane de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔno no. 8 Na sɛ onipa ko a ɔyɛɛ no bɔne no awu na ɔnni obusuani biara a ɔbɛn no a wɔbɛtua ho ka ama no no a, ɛsɛ sɛ, sɛ ɔtua ka no ma ɔsɔfoɔ a, odwennini ka ho sɛ mpatadeɛ. Ɛyɛ Awurade dea. 9 Akyɛdeɛ kronkron a Israelfoɔ de bɛkyɛ ɔsɔfoɔ no yɛ ne dea. 10 Ɔsɔfoɔ biara bɛfa akyɛdeɛ kronkron biara a ne nsa bɛka.” 11 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 12 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ ɔbarima bi yere kɔbɔ adwaman 13 nanso ɔnhunu asɛm no mu nokorɛ na ɔnnya ɔdanseni 14 na ɔtwe ho ninkunu na ɔnte ne ho ase a, 15 ɔbarima no de ne yere no bɛkɔ ɔsɔfoɔ anim a ɔbaa no ho afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ atokosiam a wɔmfaa ohwam ngo mfraeɛ lita mmienu ka ho. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ ninkuntwe afɔrebɔ. Ɛno na ɛbɛma nokorɛ ada adie ama wɔahunu sɛ ɔbaa no di fɔ anaa ɔdi bem. 16 “Ɔsɔfoɔ no de ɔbaa no bɛba Awurade anim, 17 na wasa Ahyiaeɛ Ntomadan no mu mfuturo de afra nsuo kronkron a ɛgu asansuo kɛseɛ bi mu no. 18 Ɔbɛsane ne ti a wakyekyere no na ɔde ninkunu afɔrebɔdeɛ no agu ne nsam de ahwɛ sɛ ɔbarima no nsusuiɛ no yɛ nokorɛ ampa ara anaasɛ ɛnyɛ nokorɛ. Ɔsɔfoɔ no bɛgyina nʼanim a ɔkura nsuo nwononwono a ɛde mmusuo ba no. 19 Ɔbɛma no aka ntam sɛ ɔnnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no sɛ, sɛ wo ne ɔbarima biara nnaeɛ ka wo kunu nko ara ho deɛ a, ɛnneɛ, wo ho nte mfiri nsuo nwononwono a ɛde mmusuo ba yi ho. Na sɛ woabɔ adwaman a, ɛnneɛ, Awurade bɛdome wo wɔ wo nkurɔfoɔ mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔ na wo yafunu ahono. Na ɔbaa no bɛka sɛ, ‘Aane, saa na ɛsɛ sɛ ɛba.’ 20 21 22 23 “Ɔsɔfoɔ no bɛtwerɛ nnome yi nyinaa agu nwoma bi mu na wahohoro agu nsuo nwononwono no mu. 24 Sɛ ɛsɛ sɛ ɔbaa no nom nsuo no na sɛ ɔnom wɔ ɛberɛ a wayɛ bɔne a, ɛyɛ nwononwononwono wɔ ne mu. 25 Afei, ɔsɔfoɔ no bɛgye ninkunu afɔrebɔdeɛ no afiri ɔbaa no nsam na wahinhim no Awurade anim na ɔde akɔ afɔrebukyia no so. 26 Ɔbɛsa ne nsabuo ma de asi ne nyinaa anan na wahye no wɔ afɔrebukyia no so na wama ɔbaa no anom nsuo no. 27 Sɛ ne ho agu fi na wabɔ adwaman no atia ne kunu a, nsuo a wanom no bɛyɛ nwononwononwono wɔ ne mu na ne yafunu ahono na ne srɛ aporɔ na wayɛ nnome wɔ ne nkurɔfoɔ mu. 28 Sɛ ɔyɛ kronn a ɔmmɔɔ adwaman a, wɔrenha no, na ɛrenkyɛre, ɔbɛnyinsɛn. 29 “Yei ne mmara a ɛfa ɔbaa a ne bra nyɛ na ne kunu twe ne ho ninkunu 30 de hwehwɛ mu hunu sɛ ɔdi ne kunu nokorɛ anaa ɔnni no nokorɛ no ho. Ɔde no bɛba Awurade anim na ɔsɔfoɔ no adi dwuma a wɔabobɔ so no nyinaa. 31 Wɔrenni ne kunu no asɛm wɔ baabiara sɛ wama yare bɔne bi aba ne yere so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɔno ara na ɔma ɛbaa saa.”

< 4 Mose 5 >