< 4 Mose 1 >

1 Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ Sinai anweatam so. Yei siiɛ wɔ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no akyi, ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no no ɛda a ɛdi ɛkan. Ɔkaa sɛ: 2 “Gyina Israelfoɔ no mmusuakuo ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Twerɛ ɔbarima biara din. 3 Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu no ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa. 4 Ɔbarima a ɔfiri abusuakuo biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɔbɛboa mo. 5 “Mmarima a wɔbɛboa mo no edin nie: “Ruben abusuakuo no ntuanoni yɛ Sedeur babarima Elisur; 6 Simeon abusuakuo no ntuanoni yɛ Surisadai babarima Selumiel; 7 Yuda abusuakuo no ntuanoni yɛ Aminadab babarima Nahson; 8 Isakar abusuakuo no ntuanoni yɛ Suar babarima Netanel; 9 Sebulon abusuakuo no ntuanoni yɛ Helon babarima Eliab; 10 Yosef mmammarima no: Efraim abusuakuo no ntuanoni yɛ Amihud babarima Elisama; Manase abusuakuo no ntuanoni yɛ Pedahsur babarima Gamaliel; 11 Benyamin abusuakuo ntuanoni yɛ Gideoni babarima Abidan; 12 Dan abusuakuo ntuanoni yɛ Amisadai babarima Ahieser; 13 Aser abusuakuo ntuanoni yɛ Okran babarima Pagiel; 14 Gad abusuakuo ntuanoni yɛ Deguel babarima Eliasaf; 15 Naftali abusuakuo ntuanoni yɛ Enan babarima Ahira.” 16 Yeinom ne mmarima a wɔyii wɔn firii nnipa no mu, a wɔyɛ ntuanofoɔ ma wɔn agyanom mmusua no. 17 Mose ne Aaron faa saa nnipa yi a wɔabobɔ wɔn edin yi, 18 na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn mmusuadua na wɔtwerɛɛ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa no edin mmaako mmaako 19 sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai ɛserɛ so. 20 Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 21 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum. 22 Simeon asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 23 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa. 24 Gad asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 25 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Gad abusuakuo mu yɛ mpem aduanan enum ahansia ne aduonum. 26 Yuda asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 27 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu yɛ mpem aduɔson ɛnan ne ahansia. 28 Isakar asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 29 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo no yɛ mpem aduonum ɛnan ne ahanan. 30 Sebulon asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 31 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Sebulon abusuakuo no mu yɛ mpem aduonum nson ne ahanan. 32 Yosef mmammarima no: Efraim asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 33 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Efraim abusuakuo no mu yɛ mpem aduanan ne ahanum. 34 Manase asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 35 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo no mu yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanu. 36 Benyamin asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 37 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo no mu yɛ mpem aduasa enum ne ahanan. 38 Dan asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 39 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo no mu yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson. 40 Aser asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 41 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Aser abusuakuo no mu yɛ mpem aduanan baako ne ahanum. 42 Naftali asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 43 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Naftali abusuakuo no mu yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan. 44 Yeinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuo dumienu no ntuanofoɔ kan wɔn. 45 Israelfoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu anaa deɛ ɛboro saa no a wɔbɛtumi adɔm Israel akodɔm no nso, wɔgyinaa wɔn mmusua so kan wɔn. 46 Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem ahansia ne mmiɛnsa ne ahanum aduonum. 47 Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuo no deɛ, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho. 48 Na Awurade aka akyerɛ Mose sɛ, 49 “Nkan Lewifoɔ abusuakuo no, na mfa wɔn nka Israelfoɔ a wɔaka no ho. 50 Fa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwumadie hyɛ Lewifoɔ no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne deɛ ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho. 51 Ɛberɛ biara a ɛsɛ sɛ wɔtu Ahyiaeɛ Ntomadan no, Lewifoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔtutu, na baabiara a wɔde bɛsi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn ho no, wɔbɛkum no. 52 Israel abusuakuo biara bɛnya nʼatenaeɛ ne ne frankaa. 53 Lewifoɔ no bɛsisi wɔn ntomadan atwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ahyia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ remma Israelfoɔ no so. Lewifoɔ no na wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no so.” 54 Israelfoɔ no yɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

< 4 Mose 1 >