< Nehemia 5 >

1 Saa ɛberɛ yi mu mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfoɔ Yudafoɔ.
Then there arose a great cry of the people and of their wives against their brothers the Jews.
2 Wɔkaa sɛ, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yɛhia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduane adi anya ahoɔden.”
For there were some who said, “We, our sons and our daughters, are many. Let us get grain, that we may eat and live.”
3 Afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛde yɛn mfuo, bobe nturo ne yɛn afie asisi awowa sɛdeɛ yɛbɛnya aduane wɔ ɛkɔm ɛberɛ mu.”
There were also some who said, “We are mortgaging our fields, our vineyards, and our houses. Let us get grain, because of the famine.”
4 Afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛabɔ bosea a ɛne yɛn mfuo ne bobefuo ano boɔ yɛ pɛ, de atua yɛn apeatoɔ.
There were also some who said, “We have borrowed money for the king’s tribute using our fields and our vineyards as collateral.
5 Yɛfiri abusua korɔ mu, na yɛn mma te sɛ wɔn deɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yɛanya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmammaa bi dada, na yɛrentumi nyɛ ho hwee, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn mfuo ne bobefuo asisi awowa ama afoforɔ.”
Yet now our flesh is as the flesh of our brothers, our children as their children. Behold, we bring our sons and our daughters into bondage to be servants, and some of our daughters have been brought into bondage. It is also not in our power to help it, because other men have our fields and our vineyards.”
6 Metee wɔn anwiinwii no, me bo fuu yie.
I was very angry when I heard their cry and these words.
7 Medwenee saa asɛm yi ho, na mekasa tiaa atitire ne adwumayɛfoɔ no. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monam nsiho a mogye firi mo ara mo nkurɔfoɔ bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfoɔ nhyiamu kaa ho asɛm.
Then I consulted with myself, and contended with the nobles and the rulers, and said to them, “You exact usury, everyone of his brother.” I held a great assembly against them.
8 Nhyiamu no ase, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛbɛtumi agye yɛn abusuafoɔ Yudafoɔ a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔhoɔ abosonsomfoɔ. Nanso, moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Ɛda biara na ɛsɛ sɛ yɛgye wɔn anaa?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano.
I said to them, “We, after our ability, have redeemed our brothers the Jews that were sold to the nations; and would you even sell your brothers, and should they be sold to us?” Then they held their peace, and found not a word to say.
9 Afei, mekɔɔ so kaa sɛ, “Deɛ moreyɛ no nyɛ. Ɛsɛ sɛ monante Onyamesuro mu, sɛdeɛ atamfoɔ aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aseredeɛ.
Also I said, “The thing that you do is not good. Shouldn’t you walk in the fear of our God because of the reproach of the nations, our enemies?
10 Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfoɔ bɔ ɔmanfoɔ no sika ne atokoɔ bosea, nanso, afei momma yɛnnyae boseabɔ no.
I likewise, my brothers and my servants, lend them money and grain. Please let us stop this usury.
11 Ɛnnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuo, bobeturo, ngo dua mfuo ne wɔn afie ma wɔn. Montua nsiho a mogyee wɔn wɔ sika, atokoɔ, nsã ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no ho mma wɔn.”
Please restore to them, even today, their fields, their vineyards, their olive groves, and their houses, also the hundredth part of the money, and of the grain, the new wine, and the oil, that you are charging them.”
12 Na wɔbuaa sɛ, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfiri nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ deɛ woka no.” Afei, mefrɛɛ asɔfoɔ no, na memaa atitire no ne adwumayɛfoɔ no kaa ntam sɛ, wɔbɛdi wɔn bɔhyɛ so.
Then they said, “We will restore them, and will require nothing of them. We will do so, even as you say.” Then I called the priests, and took an oath of them, that they would do according to this promise.
13 Meporoo mʼabɔɔmu mu kaa sɛ, “Sɛ mobu ɛbɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporo mo mfiri mo afie mu ne mo agyapadeɛ ho!” Badwa no gyee so sɛ, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.
Also I shook out my lap, and said, “So may God shake out every man from his house, and from his labor, that doesn’t perform this promise; even may he be shaken out and emptied like this.” All the assembly said, “Amen,” and praised Yahweh. The people did according to this promise.
14 Na mepɛ sɛ meka sɛ, mfeɛ dumienu a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduasa mmienu so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfoɔ nnyee yɛn akɔnhomabɔdeɛ da.
Moreover from the time that I was appointed to be their governor in the land of Judah, from the twentieth year even to the thirty-second year of Artaxerxes the king, that is, twelve years, I and my brothers have not eaten the bread of the governor.
15 Yei ne nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛda yɛne amradofoɔ a wɔdii ɛkan no ntam, ɛfiri sɛ, wɔde asodie kɛseɛ too ɔmanfoɔ no so. Na daa wɔgye nnuane ne nsã ka a ɛkari gram ahanan ne aduosia ho firi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafoɔ faa ho didii ɔmanfoɔ no ho. Nanso, ɛsiane suro a na mesuro Onyankopɔn no enti, mamfa saa ɛkwan no so.
But the former governors who were before me were supported by the people, and took bread and wine from them, plus forty shekels of silver; yes, even their servants ruled over the people, but I didn’t do so, because of the fear of God.
16 Mekum me ho maa ɔfasuo no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ mɛnya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfoɔ nyinaa de wɔn berɛ bɛyɛ adwuma wɔ ɔfasuo no ho.
Yes, I also continued in the work of this wall. We didn’t buy any land. All my servants were gathered there to the work.
17 Mammisa hwee, nso na ɛberɛ biara mema Yudafoɔ adwumayɛfoɔ ɔha aduonum didi wɔ me didipono so a, ahɔhoɔ a wɔfifiri nsase foforɔ so nka ho.
Moreover there were at my table, of the Jews and the rulers, one hundred fifty men, in addition to those who came to us from among the nations that were around us.
18 Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwie baako, nnwan akɛseɛ nsia ne nkokɔ bebree. Na dadu biara, na ɛsɛ sɛ yɛnya nsã ahodoɔ nyinaa bi. Nanso, mannye amrado akɔnhomabɔdeɛ biara, ɛfiri sɛ, na ɔmanfoɔ no wɔ ahokyere mu dada.
Now that which was prepared for one day was one ox and six choice sheep. Also fowls were prepared for me, and once in ten days a store of all sorts of wine. Yet for all this, I didn’t demand the governor’s pay, because the bondage was heavy on this people.
19 Ao me Onyankopɔn, kae deɛ mayɛ ama nnipa yi, na hyira me.
Remember me, my God, for all the good that I have done for this people.

< Nehemia 5 >