< Nahum 1 >

1 Elkosini Nahum anisoadehunu nwoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho. 2 Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn, Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ na nʼabufuo tena wɔn so. 3 Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so, na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso. Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu, omununkum yɛ ne nan ase mfuturo. 4 Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe; ɔma nsubɔntene nyinaa wewe. Basan ne Karmel twintwam na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa. 5 Mmepɔ woso biribiri nʼanim na nkokoɔ nane. Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa woso nʼanim. 6 Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano? Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu? Nʼabufuo hwie te sɛ ogya; abotan yam wɔ nʼanim. 7 Awurade yɛ, ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea. Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so. 8 Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so bɛma Ninewe aba awieeɛ. Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu. 9 Ɛpɔ biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no, ɔbɛsɛe no; ɔhaw biara remma ne mprenu so. 10 Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho, na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn no wɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano. 11 Ao, Ninewe, wo mu na deɛ ɔbɔ ɛpɔ bɔne tia Awurade na ɔtu fo bɔne no firie. 12 Deɛ Awurade seɛ nie: “Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ, nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so, nanso merenyɛ saa bio. 13 Afei, mɛbubu kɔnnua a ɛda wo kɔn mu na matete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.” 14 Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: “Worennya asefoɔ a wo din bɛda wɔn so. Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wɔasene ne ahoni a wɔaguo a ɛsisi wʼabosonnan mu no. Mɛsiesie wʼadamena ɛfiri sɛ wadane ayɛ atantanneɛ.” 15 Hwɛ mmepɔ no so, deɛ a ɔde asɛmpa no ba no anammɔn ɔno na ɔka asomdwoesɛm! Ao, Yuda di wʼafahyɛ na di wɔ bɔhyɛ so. Nnipa bɔne rentu wo so sa bio; Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

< Nahum 1 >