< Mika 2 >

1 Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma no ɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ. 2 Wɔn ani bere mfuo na wɔgye. Na afie nso wɔfa. Wɔde nyansa korɔno gye nkurɔfoɔ afie, na ayɔnkofoɔ agyapadeɛ nso wɔgye. 3 Enti, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Meredwene amanehunu a ɛtia saa nkurɔfoɔ yi ho na worentumi nnyi wo ho mfiri mu. Worentumi nnante ahantan so bio, ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ɛberɛ bɔne. 4 Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo. Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yi bɛdi mo ho fɛ sɛ: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu. Ɔgye firi me nsa mu! Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’” 5 Enti morennya obi wɔ Awurade asafo mu a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no. 6 “Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfoɔ no ka. “Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm; animguaseɛ rento yɛn.” 7 Ao, Yakob efie, mma monnka nsɛm a ɛte saa. Awurade Honhom nni boasetɔ? Ɔyɛ nneɛma a ɛte sei anaa? “Ne nsɛm nyɛ deɛ nʼakwan tene no yie anaa? 8 Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔre te sɛ asraafoɔ. Moworɔ ntadeɛ pa firi wɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho, ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono. 9 Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu firi wɔn afie fɛfɛ mu. Mogye me nhyira firi wɔn mma nsam afebɔɔ. 10 Sɔre, firi ha kɔ! Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome, ɛfiri sɛ ɛho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio. 11 Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ, ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’ ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ. 12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob; nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu, te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya. 13 Deɛ ɔbɔ ɛkwan no bɛdi wɔn anim wɔbɛbu apono no na wɔafiri akɔ. Wɔn ɔhene bɛsene adi wɔn anim, Awurade bɛyɛ wɔn ti.”

< Mika 2 >