< Mateo 22 >

1 Yesu de mmɛbuo ahodoɔ kyerɛɛ sɛdeɛ Ɔsoro Ahennie no teɛ.
Jésus, prenant la parole, continua à leur parler en paraboles et dit:
2 Ɔse, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforɔ na ɔtoo pon maa no.
Le royaume des cieux est semblable à un roi qui fit les noces de son fils.
3 Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa nʼasomfoɔ sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso, nnipa no amma.
Et il envoya ses serviteurs pour appeler ceux qui avaient été invités aux noces; mais ils ne voulurent point venir.
4 “Ɔsane somaa nʼasomfoɔ foforɔ sɛ, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwie ne me nyɛmmoa de anoa aduane awie. Mommra ayeforɔ no ase mmɛdidi!’
Il envoya encore d'autres serviteurs avec cet ordre: Dites à ceux qui ont été invités: J'ai préparé mon dîner; mes taureaux et mes bêtes grasses sont tués, et tout est prêt; venez aux noces.
5 “Nanso, ne ho yɛɛ wɔn a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no sere. Obiara kɔdii ne dwuma. Obi kɔɔ nʼafuom. Ɔfoforɔ nso kɔdii ne dwa.
Mais eux, n'en tenant compte, s'en allèrent, l'un à sa métairie, et l'autre à son trafic.
6 Afoforɔ nso kyeree nʼasomfoɔ no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkumm ebinom nso.
Et les autres prirent ses serviteurs, et les maltraitèrent, et les tuèrent.
7 Ɔhene no tee deɛ nnipa no ayɛ nʼasomfoɔ no, ne bo fuiɛ. Ɔsomaa nʼasraafoɔ ma wɔkɔkunkum awudifoɔ no, hyee wɔn kuro no pasaa.
Le roi, l'ayant appris, se mit en colère; et ayant envoyé ses troupes, il fit périr ces meurtriers et brûla leur ville.
8 “Ɔsane frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Wɔawie ayeforɔ aduane no. Nanso, wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba apontoɔ no ase.
Alors il dit à ses serviteurs: Les noces sont bien prêtes, mais ceux qui étaient invités n'en étaient pas dignes.
9 Enti, monkɔ mmɔntene so na obiara a mobɛhunu no no, momfrɛ no mmra apontoɔ no ase.’
Allez donc dans les carrefours des chemins, et invitez aux noces tous ceux que vous trouverez.
10 Asomfoɔ no firii adi kɔɔ mmɔntene so kɔfrɛɛ nnipa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɛdan a wɔtoo ɛpono wɔ mu no yɛɛ ma.
Et ses serviteurs, étant allés dans les chemins, rassemblèrent tous ceux qu'ils trouvèrent, tant mauvais que bons, en sorte que la salle des noces fut remplie de gens qui étaient à table.
11 “Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ɔhunuu obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ.
Et le roi, étant entré pour voir ceux qui étaient à table, aperçut un homme qui n'était pas vêtu d'un vêtement de noces.
12 Ɔbisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ, na wotumi baa ha?’ Nanso, damfo no antumi ammua.
Et il lui dit: Mon ami, comment es-tu entré ici sans avoir un habit de noces? Et il eut la bouche fermée.
13 “Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔto no ntwene akyirikyiri esum mu, deɛ esu ne agyaadwoɔ wɔ no.’
Alors le roi dit aux serviteurs: Liez-le pieds et mains, emportez-le, et le jetez dans les ténèbres de dehors; là seront les pleurs et les grincements de dents.
14 “Wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn.”
Car il y a beaucoup d'appelés, mais peu d'élus.
15 Farisifoɔ no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɛkwan bi a wɔnam nʼanom asɛm so bɛnya no akyere no.
Alors les pharisiens, s'étant retirés, consultèrent pour le surprendre dans ses discours.
16 Wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefoɔ aba Yesu nkyɛn abɛbisa no sɛ, “Owura, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wonam nokorɛ kwan so kyerɛ nnipa ɛkwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wonsuro akyire asɛm, ɛfiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim.
Et ils lui envoyèrent de leurs disciples, avec des hérodiens, qui lui dirent: Maître, nous savons que tu es sincère, et que tu enseignes la voie de Dieu selon la vérité, sans avoir égard à qui que ce soit; car tu ne regardes point à l'apparence des hommes.
17 Ka ma yɛntie. Ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?”
Dis-nous donc ce qu'il te semble de ceci: Est-il permis de payer le tribut à César, ou non?
18 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Adɛn enti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ?
Mais Jésus, connaissant leur malice, répondit: Hypocrites, pourquoi me tentez-vous?
19 Momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no.
Montrez-moi la monnaie du tribut. Et ils lui présentèrent un denier.
20 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni na ɛda so, na hwan din nso na ɛwɔ so?”
Et il leur dit: De qui est cette image et cette inscription?
21 Wɔbuaa sɛ, “Kaesare.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ, momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”
Ils lui dirent: De César. Alors il leur dit: Rendez donc à César ce qui est à César, et à Dieu ce qui est à Dieu.
22 Ne mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwirii wɔn ma wɔgyaa no hɔ kɔeɛ.
Et ayant entendu cette réponse, ils l'admirèrent; et le laissant, ils s'en allèrent.
23 Ɛda no ara, Sadukifoɔ a wɔnnye owusɔreɛ nni no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ,
Ce jour-là les sadducéens, qui disent qu'il n'y a point de résurrection, vinrent à Jésus, et lui firent cette question:
24 “Owura, Mose kaa sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma owufoɔ no.
Maître, Moïse a dit: Si quelqu'un meurt sans enfants, son frère épousera sa veuve, et suscitera lignée à son frère.
25 Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanin no wareeɛ a wanwo ba na ɔwuiɛ. Enti, ne nua a ɔtɔ so mmienu no faa ne yere no kunabaa.
Or, il y avait parmi nous sept frères, dont le premier, s'étant marié, mourut; et n'ayant point eu d'enfants, il laissa sa femme à son frère.
26 Deɛ ɔtɔ so mmienu no nso wuiɛ, maa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no faa ɔbaa no kunabaa. Ɔno nso wuiɛ a wanwo ba, maa ɔfoforɔ nso faa ɔbaa no kunabaa. Yei toaa so ara kɔsii sɛ anuanom baason no nyinaa waree ɔbaa no.
De même aussi le second, puis le troisième, jusqu'au septième.
27 Deɛ ɛdi akyire ne sɛ, ɔbaa no nso wuiɛ.
Or, après eux tous, la femme aussi mourut.
28 Ɛno enti, owusɔreberɛ no, nnipa baason yi mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa waree no!’”
Duquel donc des sept sera-t-elle femme à la résurrection, car tous les sept l'ont eue?
29 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moayɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no!
Mais Jésus, répondant, leur dit: Vous êtes dans l'erreur, parce que vous n'entendez pas les Écritures, ni quelle est la puissance de Dieu.
30 Na owusɔreberɛ no, awadeɛ nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no.
Car à la résurrection les hommes ne prendront point de femmes, ni les femmes de maris; mais ils seront comme les anges de Dieu dans le ciel.
31 Afei, ɛfa owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee deɛ Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Monhunu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo ɛberɛ a ɔkaa sɛ,
Et, quant à la résurrection des morts, n'avez-vous point lu ce que Dieu vous a dit:
32 ‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn no?’ Yei kyerɛ sɛ. Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Onyankopɔn na mmom, ateasefoɔ Onyankopɔn.”
Je suis le Dieu d'Abraham, le Dieu d'Isaac et le Dieu de Jacob. Dieu n'est pas le Dieu des morts, mais des vivants.
33 Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa.
Et le peuple entendant cela, admirait sa doctrine.
34 Farisifoɔ no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifoɔ no so no, wɔkɔhyiaa Yesu.
Les pharisiens, ayant appris qu'il avait fermé la bouche aux sadducéens, s'assemblèrent.
35 Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ bisaa Yesu sɛ,
Et l'un d'eux, docteur de la loi, l'interrogea pour l'éprouver, et lui dit:
36 “Owura, Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?”
Maître, quel est le grand commandement de la loi?
37 Yesu buaa no sɛ, “‘Dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, wʼakoma nyinaa mu ne wo ɔkra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’
Jésus lui dit: Tu aimeras le Seigneur ton Dieu de tout ton cour, de toute ton âme et de toute ta pensée.
38 Yei ne mmaransɛm no mu deɛ ɛdi ɛkan na ɛkyɛn ne nyinaa.
C'est là le premier et le grand commandement.
39 Deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’
Et voici le second qui lui est semblable: Tu aimeras ton prochain comme toi-même.
40 Mose mmaransɛm ne adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm mmienu yi so.”
De ces deux commandements dépendent toute la loi et les prophètes.
41 Farisifoɔ no twaa Yesu ho hyiaeɛ no, ɔbisaa wɔn sɛ,
Et les pharisiens étant assemblés, Jésus les interrogea,
42 “Ɛdeɛn na mowɔ ka wɔ Agyenkwa no ho? Hwan ba ne no?” Wɔbuaa no sɛ, “Dawid Ba.”
Et leur dit: Que vous semble-t-il du Christ? De qui est-il fils? Ils lui répondirent: De David.
43 Yesu bisaa wɔn sɛ “Ɛnneɛ, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade’? Ɛfiri sɛ, Dawid kaa sɛ,
Et il leur dit: Comment donc David l'appelle-t-il par l'Esprit son Seigneur, en disant:
44 “‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nifa kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ nyinaa so.”’
Le Seigneur a dit à mon Seigneur: Assieds-toi à ma droite, jusqu'à ce que j'aie fait de tes ennemis le marchepied de tes pieds?
45 Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?”
Si donc David l'appelle son Seigneur, comment est-il son fils?
46 Obiara antumi ammua. Yei akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio.
Et personne ne put lui répondre un mot; et depuis ce jour-là personne n'osa plus l'interroger.

< Mateo 22 >