< Marko 1 >

1 Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no, ahyɛaseɛ nie.
The beginning of the Good News of Jesus Christ, the Son of God.
2 Wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ, “Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.”
As it is written in the prophets, “Behold, I send my messenger before your face, who will prepare your way before you:
3 “Nne bi reteam firi ɛserɛ so sɛ, ‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade, mommɔ akwan a ɛtene mma no.’”
the voice of one crying in the wilderness, ‘Make ready the way of the Lord! Make his paths straight!’”
4 Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm.
John came baptising in the wilderness and preaching the baptism of repentance for forgiveness of sins.
5 Nnipa fifiri Yerusalem ne Yudea nkuro so kɔhunuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
All the country of Judea and all those of Jerusalem went out to him. They were baptised by him in the Jordan river, confessing their sins.
6 Na Yohane hyɛ atadeɛ a wɔde yoma nhoma na apam a aboa nhoma abɔsoɔ nso bɔ mu. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ.
John was clothed with camel’s hair and a leather belt around his waist. He ate locusts and wild honey.
7 Ne nkyerɛkyerɛ no mu, ɔkaa sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sene me a, ne mpaboa ahoma mpo, mensɛ sɛ mekoto mesane.
He preached, saying, “After me comes he who is mightier than I, the strap of whose sandals I am not worthy to stoop down and loosen.
8 Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”
I baptised you in water, but he will baptise you in the Holy Spirit.”
9 Ɛda bi, Yesu firii Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
In those days, Jesus came from Nazareth of Galilee, and was baptised by John in the Jordan.
10 Yesu firi nsuo no mu sii konkɔn so ara pɛ, ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resiane sɛ aborɔnoma aba ne so. Saa ɛberɛ no ara mu,
Immediately coming up from the water, he saw the heavens parting and the Spirit descending on him like a dove.
11 ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”
A voice came out of the sky, “You are my beloved Son, in whom I am well pleased.”
12 Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ ɛserɛ so.
Immediately the Spirit drove him out into the wilderness.
13 Ɔtenaa hɔ adaduanan a na obiara nka ne ho ka wiram mmoa nko ara. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛeɛ. Akyire yi, abɔfoɔ ba bɛsom no.
He was there in the wilderness forty days, tempted by Satan. He was with the wild animals; and the angels were serving him.
14 Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ.
Now after John was taken into custody, Jesus came into Galilee, preaching the Good News of God’s Kingdom,
15 Ɔkaa sɛ, “Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monnu mo ho na monnye asɛmpa no nni!”
and saying, “The time is fulfilled, and God’s Kingdom is at hand! Repent, and believe in the Good News.”
16 Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau.
Passing along by the sea of Galilee, he saw Simon and Andrew, the brother of Simon, casting a net into the sea, for they were fishermen.
17 Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifoɔ.”
Jesus said to them, “Come after me, and I will make you into fishers for men.”
18 Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu hɔ bɛdii nʼakyi.
Immediately they left their nets, and followed him.
19 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso Yakobo, sɛ wɔte kodoɔ mu reyɛ wɔn asau ho adwuma.
Going on a little further from there, he saw James the son of Zebedee, and John his brother, who were also in the boat mending the nets.
20 Ɔfrɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi. Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafoɔ hɔ wɔ kodoɔ no mu bɛdii nʼakyi.
Immediately he called them, and they left their father, Zebedee, in the boat with the hired servants, and went after him.
21 Yesu ne nʼakyidifoɔ yi bɛduruu Kapernaum. Na Homeda duruiɛ no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no.
They went into Capernaum, and immediately on the Sabbath day he entered into the synagogue and taught.
22 Nnipa no tee asɛm no no, wɔn ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ, ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no.
They were astonished at his teaching, for he taught them as having authority, and not as the scribes.
23 Amonom hɔ ara, ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne teaam mu sɛ,
Immediately there was in their synagogue a man with an unclean spirit, and he cried out,
24 “Ɛdeɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no!”
saying, “Ha! What do we have to do with you, Jesus, you Nazarene? Have you come to destroy us? I know who you are: the Holy One of God!”
25 Yesu teateaa honhommɔne no sɛ, “Mua wʼano! Firi ne mu kɔ!”
Jesus rebuked him, saying, “Be quiet, and come out of him!”
26 Honhommɔne no wosoo saa ɔbarima no, ma ɔteateaam den na ɛtu kɔeɛ.
The unclean spirit, convulsing him and crying with a loud voice, came out of him.
27 Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Nkyerɛkyerɛ foforɔ bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!”
They were all amazed, so that they questioned amongst themselves, saying, “What is this? A new teaching? For with authority he commands even the unclean spirits, and they obey him!”
28 Saa anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi ho nsɛm trɛ faa Galileaman mu nyinaa.
The report of him went out immediately everywhere into all the region of Galilee and its surrounding area.
29 Wɔfirii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea efie.
Immediately, when they had come out of the synagogue, they came into the house of Simon and Andrew, with James and John.
30 Na Simon ase baa ɛda mpa so a huraeɛ akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu.
Now Simon’s wife’s mother lay sick with a fever, and immediately they told him about her.
31 Yesu kɔɔ baabi a ɔda hɔ, kɔsɔɔ ne nsa, ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn.
He came and took her by the hand and raised her up. The fever left her immediately, and she served them.
32 Ɛduruu anwummerɛ no, nnipa no de ayarefoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ.
At evening, when the sun had set, they brought to him all who were sick and those who were possessed by demons.
33 Kuro mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ efie no aboboano,
All the city was gathered together at the door.
34 na Yesu saa ayarefoɔ bebree yadeɛ. Ɔtuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, ɛfiri sɛ, na wɔnim no.
He healed many who were sick with various diseases and cast out many demons. He didn’t allow the demons to speak, because they knew him.
35 Ahemadakye a na ɛnim nteteeɛ no, Yesu sɔre firii efie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ.
Early in the morning, while it was still dark, he rose up and went out, and departed into a deserted place, and prayed there.
36 Simon ne wɔn a wɔka ne ho firii adi kɔhwehwɛɛ no,
Simon and those who were with him searched for him.
37 na wɔhunuu no no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo.”
They found him and told him, “Everyone is looking for you.”
38 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkuro a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ, ɛno enti na mebaeɛ.”
He said to them, “Let’s go elsewhere into the next towns, that I may preach there also, because I came out for this reason.”
39 Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso.
He went into their synagogues throughout all Galilee, preaching and casting out demons.
40 Ɔkwatani bi bɛkotoo no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wobɛtumi ama me ho ate.”
A leper came to him, begging him, kneeling down to him, and saying to him, “If you want to, you can make me clean.”
41 Yesu hunuu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kaa sɛ, “Mepɛ! Wo ho mfi!”
Being moved with compassion, he stretched out his hand, and touched him, and said to him, “I want to. Be made clean.”
42 Amonom hɔ ara, ne ho teeɛ, maa ne ho tɔɔ no!
When he had said this, immediately the leprosy departed from him and he was made clean.
43 Yesu bɔɔ nʼano dendeenden sɛ,
He strictly warned him and immediately sent him out,
44 “Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ. Sɛ worekɔ a, fa wʼafɔrebɔdeɛ a Mose ahyɛ sɛ akwatafoɔ a wɔasa wɔn yadeɛ mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ, sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu sɛ wo ho atɔ wo bio.”
and said to him, “See that you say nothing to anybody, but go show yourself to the priest and offer for your cleansing the things which Moses commanded, for a testimony to them.”
45 Nanso, ɔrekorɔ no nyinaa, na ɔde nteateamu rebɔ nʼayaresa no ho dawuro. Esiane yei enti, sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm bɛtwa ne ho hyia. Ɛno enti, afei baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔnnyi ne ho adi. Enti, ɔtenaa ɛserɛ so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn wɔ hɔ.
But he went out, and began to proclaim it much, and to spread about the matter, so that Jesus could no more openly enter into a city, but was outside in desert places. People came to him from everywhere.

< Marko 1 >