< Luka 9 >

1 Ɛda bi Yesu frɛɛ Dumienu no hyiaeɛ maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde bɛtu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso. 2 Afei, ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm na wɔnsa nyarewa. 3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo akwantuo yi mu, mommfa biribiara nkɔ, sɛ ɛyɛ poma anaa akwantubɔtɔ, anaa aduane biara, anaa sika, anaa ntadeɛ mmienu mmienu. 4 Na sɛ mokɔ kuro bi mu a, efie biara a mobɛsoɛ mu no, ɛhɔ ara na montena kɔsi sɛ mobɛfiri kuro no mu. 5 Sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔannye mo, na morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nkyerɛ sɛ, mo ne wɔn nni hwee yɛ bio.” 6 Wɔfirii hɔ no, wɔkɔɔ nkuraaseɛ nkuraaseɛ kɔkaa asɛmpa no, saa nyarewa pii nso. 7 Ɔmansinihene Herode tee deɛ Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaa no yie, ɛfiri sɛ, na ebinom keka sɛ Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu, 8 na afoforɔ nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifoɔ no mu baako na wasɔre afiri awufoɔ mu aba. 9 Herode kaa sɛ, “Yohane deɛ, matwa ne ti, na hwan koraa ne saa onipa yi a mete anwanwasɛm a ɛte sɛɛ yi fa ne ho yi?” Yei enti, ɔpɛɛ sɛ ɔhu no. 10 Asomafoɔ no firii wɔn akwantuo mu baeɛ no, wɔbɔɔ nsɛm a ɛsisii hɔ nyinaa ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu. Yei akyi, Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida. 11 Nnipakuo no hunuu deɛ Yesu ne nʼasomafoɔ no wɔ no, wɔtii wɔn ma ɔgyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefoɔ yadeɛ. 12 Anim rebiribiri no, dumienu no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ deɛ wɔbɛdi ne deɛ wɔbɛda ɛfiri sɛ, baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so.” 13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ. Ɛno enti, gye sɛ yɛkɔtɔ aduane brɛ wɔn nyinaa.” 14 Na nnipa bɛyɛ mpemnum na wɔahyia wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum.” 15 Wɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no. 16 Afei, Yesu faa burodo enum no ne mpataa mmienu no na ɔhwɛɛ soro, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. 17 Obiara didi meeɛ. Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu. 18 Ɛda bi Yesu nko ara kɔhyɛɛ baabi bɔɔ mpaeɛ. Yei akyi no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?” 19 Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom ka sɛ, woyɛ Yohane Osubɔni, ebinom nso ka sɛ Elia, na afoforɔ nso sɛ, woyɛ tete adiyifoɔ no baako a wasɔre afiri awufoɔ mu aba.” 20 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose mene hwan?” Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo, deɛ Onyankopɔn asoma no no.” 21 Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara. 22 Ɔtoaa so sɛ, “Ɛsɛ sɛ Kristo no hunu amane pii; Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nso bɛpo no. Akyire no, wɔbɛkum no, na ne nnansa so wasɔre.” 23 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasɛnnua na ɔnni mʼakyi. 24 Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sene me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na deɛ me enti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka. 25 Na sɛ onipa nya ewiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, ɛdeɛn mfasoɔ na ɔbɛnya? 26 Na deɛ nʼani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, da a me, Kristo bɛba wɔ me ne Agya no ne abɔfoɔ kronkron no animuonyam mu no, mʼani bɛwu ne ho. 27 “Na mereka akyerɛ mo sɛ, mo a mogyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onyankopɔn Ahennie no.” 28 Yesu kaa ne nsɛm yi wieeɛ no, ɛbɛyɛ nnawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔ bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpaeɛ. 29 Na Yesu gu so rebɔ mpaeɛ no, nʼanimdua sesaeɛ, na nʼatadeɛ nso hyerɛneeɛ. 30 Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasaeɛ. 31 Saa nnipa baanu yi bɛpuee hɔ animuonyam mu kaa ne wuo a ɔbɛwu wɔ Yerusalem no ho asɛm kyerɛɛ no. 32 Saa ɛberɛ no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wɔnyanenyanee a wɔn ani so tetee wɔn no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanimuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho. 33 Na ɛbaa sɛ nnipa no refiri Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, ɛyɛ sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa; wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia nso deɛ baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no. 34 Ɔgu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wɔsuroeɛ. 35 Na nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba a mayi no. Montie no!” 36 Kasa yi akyi no, wohunuu sɛ aka Yesu nko ara na ɔgyina hɔ. Na mmerɛ no mu, wɔanka deɛ wɔhunuiɛ no ankyerɛ obiara. 37 Adeɛ kyeeɛ a wɔsiane firii bepɔ no so baeɛ no, nnipakuo bi bɛhyiaa Yesu. 38 Ɔbarima bi firi nnipakuo no mu teaam sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a medi no ba korɔ ma me; 39 sɛ honhommɔne ba ne so a, amonom, ɔteaam, ɔtwa hwe, ɔsensene, nʼano pu ahuro, na ɔbu fa so, na ɛkyɛ ansa na afiri ne so. 40 Na mesrɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔntu honhommɔne no, nanso wɔantumi.” 41 Yesu kaa sɛ, “Ao! Mo a monni gyidie, mentena mo nkyɛn na mennya mo ho boasetɔ nkɔsi da bɛn!” Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Fa wo ba no bra ha.” 42 Ɔde abɔfra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma ɔsenseneeɛ. Nanso, Yesu teateaa honhommɔne no maa abɔfra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya. 43 Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwirii wɔn. Na wɔredwennwene deɛ asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, 44 “Montie asɛm a merebɛka yi yie. Wɔrebɛyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a wɔwɔ tumi no nsa.” 45 Deɛ ɔkaeɛ yi na ɛyɛ ahintasɛm enti, asuafoɔ no ante aseɛ. Nanso, na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ. 46 Asuafoɔ no gyee akyinnyeɛ a ɛfa wɔn mu deɛ ɔbɛyɛ kɛse Onyankopɔn Ahennie mu no ho. 47 Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔsɔɔ abɔfra bi mu de no bɛgyinaa ne nkyɛn pɛɛ, 48 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔbɛgye saa abɔfra yi wɔ me din mu no, gye me; na deɛ ɔgye me no nso, gye deɛ ɔsomaa me no. Deɛ ɔyɛ aketewa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛseɛ.” 49 Yohane nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, yɛhunuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no.” 50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ anka mobra no, ɛfiri sɛ, deɛ ɔntia mo no, na ɔwɔ mo afa.” 51 Na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ Yesu sane kɔ ɔsoro no rebɛn no, ɔsii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52 Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii ɛkan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. 53 Nanso, Samariafoɔ no annye Yesu, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ na ɔrekɔ Yerusalem. 54 Asuafoɔ no tee deɛ aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu sɛ, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya firi ɔsoro bɛhye wɔn pasaa anaa?” 55 Yesu danee nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim, 56 na wɔfirii hɔ kɔɔ akuraa foforɔ bi ase. 57 Ɛberɛ a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi.” 58 Yesu buaa no sɛ, “Sakraman wɔ abɔn, ewiem nnomaa nso wɔ mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!” 59 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforɔ bi nso sɛ, “Bɛdi mʼakyiri.” Nanso, ɔbarima no kaa sɛ, “Awurade, ma me ɛkwan na menkɔsie mʼagya ansa.” 60 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo deɛ, kɔka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.” 61 Na ɔfoforɔ nso kaa sɛ, “Awurade, mɛdi wʼakyi; nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafoɔ nkɔdi nkra ansa.” 62 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta wɔ dwumadie bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, mfata Onyankopɔn Ahennie no.”

< Luka 9 >