< Luka 9 >

1 Ɛda bi Yesu frɛɛ Dumienu no hyiaeɛ maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde bɛtu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso.
Jesus called the twelve disciples together. He gave them power and authority over all demons, and the ability to heal diseases.
2 Afei, ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm na wɔnsa nyarewa.
Then he sent them out to proclaim God's kingdom and to heal the sick.
3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo akwantuo yi mu, mommfa biribiara nkɔ, sɛ ɛyɛ poma anaa akwantubɔtɔ, anaa aduane biara, anaa sika, anaa ntadeɛ mmienu mmienu.
“Take nothing with you for the journey,” he told them. “No staff, no bag, no bread, no money, not even any extra clothes.
4 Na sɛ mokɔ kuro bi mu a, efie biara a mobɛsoɛ mu no, ɛhɔ ara na montena kɔsi sɛ mobɛfiri kuro no mu.
Whatever house you enter, stay there, and when you leave, leave from there.
5 Sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔannye mo, na morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nkyerɛ sɛ, mo ne wɔn nni hwee yɛ bio.”
If people refuse to accept you, shake the dust off your feet when you leave town as a warning against them.”
6 Wɔfirii hɔ no, wɔkɔɔ nkuraaseɛ nkuraaseɛ kɔkaa asɛmpa no, saa nyarewa pii nso.
They left and went around the villages, announcing the good news and healing everywhere they went.
7 Ɔmansinihene Herode tee deɛ Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaa no yie, ɛfiri sɛ, na ebinom keka sɛ Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu,
Herod the tetrarch had heard about all that was happening, and he was very puzzled. Some were saying that John had been raised from the dead;
8 na afoforɔ nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifoɔ no mu baako na wasɔre afiri awufoɔ mu aba.
others that Elijah had appeared; still others that one of the ancient prophets had come back to life.
9 Herode kaa sɛ, “Yohane deɛ, matwa ne ti, na hwan koraa ne saa onipa yi a mete anwanwasɛm a ɛte sɛɛ yi fa ne ho yi?” Yei enti, ɔpɛɛ sɛ ɔhu no.
Herod said, “There's no question I beheaded John. So who is this man? I'm hearing all these things about him.” And he tried to find a way to meet Jesus.
10 Asomafoɔ no firii wɔn akwantuo mu baeɛ no, wɔbɔɔ nsɛm a ɛsisii hɔ nyinaa ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu. Yei akyi, Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida.
When the apostles returned they reported to Jesus what they had done. Then he left with them and went to a town called Bethsaida.
11 Nnipakuo no hunuu deɛ Yesu ne nʼasomafoɔ no wɔ no, wɔtii wɔn ma ɔgyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefoɔ yadeɛ.
However, the crowds found out where he was going and followed him there. He welcomed them and explained the kingdom of God to them, and healed those who needed healing.
12 Anim rebiribiri no, dumienu no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ deɛ wɔbɛdi ne deɛ wɔbɛda ɛfiri sɛ, baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so.”
Late in the day, the twelve disciples came to him and said, “You should send the crowd away now so they can go to the villages and farms nearby and find a place to stay and food to eat—there's nothing here where we are.”
13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ. Ɛno enti, gye sɛ yɛkɔtɔ aduane brɛ wɔn nyinaa.”
“You give them something to eat!” said Jesus. “All we have here are five loaves and two fish—unless you want us to go and buy food for everyone,” they said.
14 Na nnipa bɛyɛ mpemnum na wɔahyia wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum.”
There were about five thousand men present. “Sit them down in groups of about fifty,” he told his disciples.
15 Wɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no.
The disciples did so, and everybody sat down.
16 Afei, Yesu faa burodo enum no ne mpataa mmienu no na ɔhwɛɛ soro, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no.
Jesus picked up the five loaves and the two fish, and looking up to heaven, he blessed the food and broke it into pieces. He kept on giving the food to the disciples to share with the people.
17 Obiara didi meeɛ. Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
Everybody ate until they were full, and then twelve baskets of leftovers were collected.
18 Ɛda bi Yesu nko ara kɔhyɛɛ baabi bɔɔ mpaeɛ. Yei akyi no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?”
At another time, when Jesus was praying in private with just his disciples with him, he asked them, “All these crowds of people—who do they say I am?”
19 Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom ka sɛ, woyɛ Yohane Osubɔni, ebinom nso ka sɛ Elia, na afoforɔ nso sɛ, woyɛ tete adiyifoɔ no baako a wasɔre afiri awufoɔ mu aba.”
“Some say John the Baptist, others say Elijah, and still others say one of the ancient prophets risen from the dead,” they replied.
20 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose mene hwan?” Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo, deɛ Onyankopɔn asoma no no.”
“But what about you?” he asked. “Who do you say I am?” “God's Messiah,” Peter replied.
21 Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara.
Jesus gave them strict orders not to tell anybody about this.
22 Ɔtoaa so sɛ, “Ɛsɛ sɛ Kristo no hunu amane pii; Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nso bɛpo no. Akyire no, wɔbɛkum no, na ne nnansa so wasɔre.”
“The Son of man must experience terrible sufferings,” he said. “He will be rejected by the elders, the chief priests, and the religious teachers. He will be killed, but on the third day he will rise again.”
23 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasɛnnua na ɔnni mʼakyi.
“If any one of you wants to follow me, you must deny yourself, pick up your cross daily, and follow me,” Jesus told all of them.
24 Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sene me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na deɛ me enti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka.
“For if you want to save your life, you will lose it; and if you lose your life for my sake, you will save it.
25 Na sɛ onipa nya ewiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, ɛdeɛn mfasoɔ na ɔbɛnya?
What do you benefit by gaining the whole world if you end up lost or destroyed?
26 Na deɛ nʼani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, da a me, Kristo bɛba wɔ me ne Agya no ne abɔfoɔ kronkron no animuonyam mu no, mʼani bɛwu ne ho.
If you are ashamed of me and my message, the Son of man will be ashamed of you when he comes in his glory, and in the glory of the Father and the holy angels.
27 “Na mereka akyerɛ mo sɛ, mo a mogyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onyankopɔn Ahennie no.”
I tell you the truth, some standing here won't taste death until they see the kingdom of God.”
28 Yesu kaa ne nsɛm yi wieeɛ no, ɛbɛyɛ nnawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔ bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpaeɛ.
About eight days later, after he had told them this, Jesus took Peter, John, and James with him and went up a mountain to pray.
29 Na Yesu gu so rebɔ mpaeɛ no, nʼanimdua sesaeɛ, na nʼatadeɛ nso hyerɛneeɛ.
While he was praying, his face changed in appearance, and his clothing became a dazzling white.
30 Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasaeɛ.
Two men appeared in brilliant glory. They were Moses and Elijah, and they began to talk with Jesus.
31 Saa nnipa baanu yi bɛpuee hɔ animuonyam mu kaa ne wuo a ɔbɛwu wɔ Yerusalem no ho asɛm kyerɛɛ no.
They spoke about his death, which would soon happen in Jerusalem.
32 Saa ɛberɛ no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wɔnyanenyanee a wɔn ani so tetee wɔn no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanimuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho.
Peter and the others were asleep. When they woke up they saw Jesus in his glory, and the two men standing next to him.
33 Na ɛbaa sɛ nnipa no refiri Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, ɛyɛ sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa; wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia nso deɛ baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no.
As the two men were about to leave, Peter said to Jesus, “Master, it's great to be here. Let's make some shelters: one for you, one for Moses, and one for Elijah.” He really didn't know what he was saying.
34 Ɔgu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wɔsuroeɛ.
While he was speaking a cloud came and spread over them. They were terrified as they entered the cloud.
35 Na nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba a mayi no. Montie no!”
A voice spoke from the cloud, saying, “This is my Son, the Chosen One. Listen to him!”
36 Kasa yi akyi no, wohunuu sɛ aka Yesu nko ara na ɔgyina hɔ. Na mmerɛ no mu, wɔanka deɛ wɔhunuiɛ no ankyerɛ obiara.
When the voice finished speaking, Jesus was there alone. They kept this to themselves, and didn't tell anyone at that time what they'd seen.
37 Adeɛ kyeeɛ a wɔsiane firii bepɔ no so baeɛ no, nnipakuo bi bɛhyiaa Yesu.
The next day, when they had come down the mountain, a huge crowd was waiting to meet Jesus.
38 Ɔbarima bi firi nnipakuo no mu teaam sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a medi no ba korɔ ma me;
A man in the crowd called out, “Teacher, please look at my son. He's my only child.
39 sɛ honhommɔne ba ne so a, amonom, ɔteaam, ɔtwa hwe, ɔsensene, nʼano pu ahuro, na ɔbu fa so, na ɛkyɛ ansa na afiri ne so.
A spirit possesses him and he screams immediately. It sends him into convulsions and makes him foam at the mouth. It hardly ever leaves him alone and it causes him a lot of pain.
40 Na mesrɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔntu honhommɔne no, nanso wɔantumi.”
I begged your disciples to drive it out, but they couldn't.”
41 Yesu kaa sɛ, “Ao! Mo a monni gyidie, mentena mo nkyɛn na mennya mo ho boasetɔ nkɔsi da bɛn!” Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Fa wo ba no bra ha.”
“What an unbelieving and corrupt people you are! How long do I have to remain here with you, and put up with you?” said Jesus. “Bring your son here.”
42 Ɔde abɔfra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma ɔsenseneeɛ. Nanso, Yesu teateaa honhommɔne no maa abɔfra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya.
Even as the boy came over, the demon sent him into convulsions, throwing him to the ground. But Jesus intervened, rebuking the evil spirit and healing the boy, and then gave him back to his father.
43 Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwirii wɔn. Na wɔredwennwene deɛ asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,
Everyone was amazed at this demonstration of God's power. However, even though everyone was amazed by all he did, Jesus warned his disciples,
44 “Montie asɛm a merebɛka yi yie. Wɔrebɛyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a wɔwɔ tumi no nsa.”
“Listen carefully to what I'm telling you: the Son of man is about to be betrayed into the hands of men.”
45 Deɛ ɔkaeɛ yi na ɛyɛ ahintasɛm enti, asuafoɔ no ante aseɛ. Nanso, na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ.
But they didn't understand what this meant. Its meaning was hidden from them so they didn't realize its implications, and they were afraid to ask him about it.
46 Asuafoɔ no gyee akyinnyeɛ a ɛfa wɔn mu deɛ ɔbɛyɛ kɛse Onyankopɔn Ahennie mu no ho.
Then an argument started among the disciples about which of them was the greatest.
47 Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔsɔɔ abɔfra bi mu de no bɛgyinaa ne nkyɛn pɛɛ,
But Jesus, knowing what they were arguing about, picked up and placed a small child next to him.
48 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔbɛgye saa abɔfra yi wɔ me din mu no, gye me; na deɛ ɔgye me no nso, gye deɛ ɔsomaa me no. Deɛ ɔyɛ aketewa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛseɛ.”
Then he said to them, “Anyone who accepts this little child in my name accepts me, and anyone who accepts me accepts the one who sent me. Whoever is least among you all is the greatest.”
49 Yohane nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, yɛhunuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no.”
John spoke up, saying, “Master, we saw someone driving out demons in your name and we tried to stop him because he wasn't one of us.”
50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ anka mobra no, ɛfiri sɛ, deɛ ɔntia mo no, na ɔwɔ mo afa.”
“Don't stop him,” Jesus replied. “Anyone who isn't against you is for you.”
51 Na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ Yesu sane kɔ ɔsoro no rebɛn no, ɔsii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem.
As the time approached for him to ascend to heaven, Jesus was determined to go to Jerusalem.
52 Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii ɛkan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no.
He sent messengers on ahead to a Samaritan village to get things ready for him.
53 Nanso, Samariafoɔ no annye Yesu, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ na ɔrekɔ Yerusalem.
But the people would not welcome him because he was determined to press on to Jerusalem.
54 Asuafoɔ no tee deɛ aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu sɛ, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya firi ɔsoro bɛhye wɔn pasaa anaa?”
When James and John saw this, they asked Jesus, “Master, do you want us to call fire down from heaven to burn them up?”
55 Yesu danee nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim,
But Jesus turned, and reprimanded them.
56 na wɔfirii hɔ kɔɔ akuraa foforɔ bi ase.
Then they proceeded to another village.
57 Ɛberɛ a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi.”
While they were walking, one man told Jesus, “I will follow you wherever you go!”
58 Yesu buaa no sɛ, “Sakraman wɔ abɔn, ewiem nnomaa nso wɔ mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!”
Jesus told the man, “Foxes have their dens, and wild birds have their nests, but the Son of man doesn't even have a place to rest his head.”
59 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforɔ bi nso sɛ, “Bɛdi mʼakyiri.” Nanso, ɔbarima no kaa sɛ, “Awurade, ma me ɛkwan na menkɔsie mʼagya ansa.”
He told another man, “Follow me.” But the man replied, “Master, first let me go home and bury my father.”
60 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo deɛ, kɔka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.”
“Let the dead bury their own dead,” Jesus replied. “You go and proclaim God's kingdom.”
61 Na ɔfoforɔ nso kaa sɛ, “Awurade, mɛdi wʼakyi; nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafoɔ nkɔdi nkra ansa.”
Another man said, “Lord, I will follow you! But first let me go home and say goodbye to my family.”
62 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta wɔ dwumadie bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, mfata Onyankopɔn Ahennie no.”
But Jesus told him, “Nobody once they've started plowing and then looks back is fit for God's kingdom.”

< Luka 9 >