< Luka 5 >

1 Ɛda bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret ɔtadeɛ ho no, nnipakuo bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛtie Onyankopɔn asɛm.
One day, as Jesus was standing beside the Sea of Galilee, people crowded around him to hear the word of God.
2 Ɔhunuu akodoɔ mmienu a afarefoɔ bi a wɔrehohoro wɔn asau wɔ mu no agya wɔ ɔtadeɛ no ho.
Jesus noticed two boats lying on the shore, left there by fishermen who were washing their nets.
3 Yesu kɔtenaa kodoɔ no baako a na ɛyɛ Simon dea no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon sɛ ɔmpia nkɔ nsuo no mu kakra sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi afiri hɔ akasa akyerɛ nnipa no.
Jesus got into a boat, the one that belonged to Simon, and asked him to push it out into the water, just offshore. Then Jesus sat down in the boat and taught the people from there.
4 Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ, “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na monkɔgu mo asau no na mobɛyi nam bebree.”
After he'd finished speaking, he told Simon, “Go out into deeper water, and let down your nets for a catch.”
5 Simon kaa sɛ, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm enti, yɛbɛgu yɛn asau no.”
“Lord, we worked hard all night, and didn't catch anything. But if you say so, I'll let down the nets,” Simon replied.
6 Wɔguu asau no na wɔyii nam bebree maa anka mpo asau no retete.
Having done this, a large shoal of fish filled the nets full to breaking point.
7 Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Ɛnam no yɛɛ akodoɔ mmienu no nyinaa ma ma a anka ɛreyɛ amemem mpo.
They waved to their partners in the other boat, asking them to come over and help. The others came over and together they filled both of the boats with fish. The boats were so full that they began to sink.
8 Simon Petro hunuu deɛ aba no, ɔbuu Yesu nkotodwe kaa sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, firi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a mensɛ sɛ wobɛn me.”
When Simon Peter saw what had happened, he dropped to his knees before Jesus. “Lord, please stay away from me, for I am a sinful man!” he exclaimed.
9 Ɛnam dodoɔ a wɔyiiɛ no yɛɛ Petro ne nʼahokafoɔ no nwanwa.
For he and everybody with him were completely amazed by the catch of fish that they had landed.
10 Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwanwa. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Nsuro, ɛfiri ɛnnɛ, wobɛyɛ nnipayifoɔ.”
James and John, the sons of Zebedee, Simon's partners, felt the same way. “Don't be afraid,” Jesus told Simon. “From now on you'll be fishing for people!”
11 Wɔde akodoɔ no bɛduruu nsuo no ano hɔ no, wɔgyaa wɔn nneɛma nyinaa hɔ bɛdii nʼakyi.
So they dragged the boats onto the shore, left everything, and followed Jesus.
12 Ɛda bi a Yesu wɔ kuro bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotoo nʼanim srɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.”
Once when Jesus was visiting one of the towns, he met a man there who had a very bad case of leprosy. The man fell with his face to the ground and begged Jesus, “Please Lord, if you're willing, you can make me clean.”
13 Ɛhɔ ara Yesu tenee ne nsa de kaa no kaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me pɛ. Wo ho mfi.” Amonom hɔ ara, ne ho teeɛ.
Jesus reached out and touched the man. “I am willing,” he said. “Be clean!” Immediately the leprosy disappeared.
14 Yesu hyɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ akwatafoɔ a wɔn ho ate no mmɔ sɛ adansedie no.”
“Say nothing to anyone,” Jesus instructed him. “Go and show yourself to the priest and make the ceremonial offerings as required by the law of Moses as proof that you've been healed.”
15 Yesu anwanwadwuma a ɔyɛeɛ yi maa ne ho asɛm trɛɛ mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree bɛtiee no pɛɛ sɛ ɔsa wɔn yadeɛ nso.
Yet the news about Jesus spread more and more. Large crowds came to hear Jesus and to be healed from their diseases.
16 Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ ɛserɛ so kɔbɔ mpaeɛ.
But Jesus often used to retreat to quiet places and pray.
17 Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuro ahodoɔ so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa ɛberɛ no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma.
One day when Jesus was teaching, the Pharisees and religious teachers who had come from all over Galilee, Judea, and Jerusalem were sitting there. The power of the Lord to heal was with him so he could heal.
18 Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafoɔ bi.
Some men arrived carrying a paralyzed man on a mat. They tried to take him in and lay him in front of Jesus.
19 Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipakuo no mu nkɔ Yesu nkyɛn enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no kɔtuu atifi tokuro, de obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.
But they couldn't find any way through the crowd, so they went up on the roof and made a hole in the roof tiles. Then they lowered the man down on the mat, right into the crowd in front of Jesus.
20 Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”
When Jesus saw the trust they had in him, he said to the man, “Your sins are forgiven.”
21 Farisifoɔ no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hwan na ɔtumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?”
The religious teachers and the Pharisees began to argue with that. “Who is this who's speaking blasphemies?” they asked. “Who can forgive sins? Only God can do that!”
22 Esiane sɛ Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene enti, ɔbuaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene sɛ asɛm a mekaeɛ yi yɛ abususɛm?”
Jesus knew what they were arguing about, so he asked them, “Why are you thinking to question this?
23 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi sɛ, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka sɛ, sɔre na nante?
What is easier? To say your sins are forgiven, or to say get up and walk?
24 Na sɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so enti.” Mereka akyerɛ wo sɛ, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ efie!”
However, I will prove to you that the Son of man has the authority here on earth to forgive sins.” Then he said to the paralyzed man, “I tell you: Get up, pick up your mat, and go home.”
25 Amonom hɔ ara, ɔsɔreeɛ, yii ne kɛtɛ kɔɔ efie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ.
Immediately the man stood up in front of them. He picked up the mat he'd been lying on, and went home, praising God as he went.
26 Wɔn a wɔgyina hɔ no ho dwirii wɔn. Ehu kaa wɔn. Wɔyii Onyankopɔn ayɛ kaa sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ.”
Everyone was completely astonished at what had happened, and in great awe they praised God, saying, “What we saw today was amazing!”
27 Yei akyi no, Yesu firii hɔ kɔhunuu ɔtogyeni Lewi sɛ ɔte atogyeɛ. Ɔhunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.”
Later, as Jesus was leaving the town, he saw a tax collector called Levi sitting at his tax booth. “Follow me,” Jesus told him.
28 Ɛhɔ ara, Lewi sɔre, gyaa ne nneɛma nyinaa hɔ dii nʼakyi.
Levi stood up, left everything, and followed Jesus.
29 Akyire yi, Lewi too ɛpono wɔ ne fie maa Yesu. Togyefoɔ ne nnipa ahodoɔ bebree kɔɔ apontoɔ no ase.
Levi organized a large banquet at his home in Jesus' honor. Many tax collectors and others were in the crowd that sat down to eat with them. But the Pharisees and the religious teachers complained to Jesus' disciples, asking,
30 Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hunuu sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wɔnwiinwii bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wo ne ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidi?”
“Why do you eat and drink with tax collectors and sinners?”
31 Yesu buaa wɔn sɛ, “Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn na ɛnyɛ wɔn a wɔnyare.
“Healthy people don't need a doctor—but sick people do,” Jesus replied.
32 Mamma sɛ merebɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.”
“I didn't come to call those who are living right to repentance—I came to call sinners.”
33 Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio sɛ, “Adɛn enti na Yohane Osubɔni asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ no deɛ wɔtaa di mmuada, na wʼasuafoɔ deɛ daa wɔdidi na wɔnom?”
“Well, John's disciples often fast and pray, and the Pharisees' disciples do so as well. But your disciples don't—they go on eating and drinking,” they told him.
34 Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforɔ ase no di mmuada, wɔ ɛberɛ a ayeforɔ kunu no wɔ wɔn nkyɛn anaa?
“Should the groomsmen fast while the bridegroom is with them?” Jesus asked.
35 Nanso, da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn; saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.”
“No—but the time is coming when the bridegroom will be taken away from them. Then they can fast.”
36 Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Obi mmfa ntoma foforɔ ntare ntoma dada mu. Ɔyɛ saa a foforɔ no bɛma dada no asuane. Afei, ɛbɛma nsonsonoeɛ ada foforɔ no ne dada no ntam.
Then he gave them an illustration: “You don't tear out a patch from new clothes to mend old clothes. Otherwise you'd ruin new clothes, and the patch from the new wouldn't match the old.
37 Obiara nso mmfa nsã foforɔ ngu mmoa nwoma nsã nkotokuo dada mu. Ɔyɛ saa a, nsã no bɛpaapae nkotokuo no na ahwie agu na nkotokuo no nso asɛe.
You don't put new wine into old wineskins, because if you did the new wine would burst the wineskins. Then both wine and wineskins would be wasted.
38 Yei enti, nsã nkotokuo foforɔ mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsã foforɔ gugu.
You put new wine in new wineskins.
39 Obi nnnom nsã dada nnwie mmisa nsã foforɔ ase. Deɛ ɔnom no ka sɛ, ‘dada no na ɛyɛ.’”
And nobody after drinking old wine wants new wine, for they say, ‘the old tastes good.’”

< Luka 5 >