< Luka 4 >

1 Afei, Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no firii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea ɛserɛ so. 2 Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛɛ adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɛkɔm dee no. 3 Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane.” 4 Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu.’” 5 Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ bi so kyerɛɛ no ewiase ahennie nyinaa ɛberɛ tiawa bi mu. 6 Na ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, 7 “Sɛ wobɛkoto, asom me a, mede ahennie ahodoɔ yi ne emu tumi ne animuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo.” 8 Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’” 9 Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho firi deɛ wogyina hɔ to fam! 10 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfoɔ abɛbɔ wo ho ban; 11 na wɔabɛsɔ wo na woammɛhwe abotan no so.’” 12 Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Nsɔ Awurade, wo Onyankopɔn, nhwɛ.’” 13 Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ɔgyaa no hɔ kɔeɛ ansa. 14 Yesu sane baa Galilea a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ankyɛre koraa ne din trɛɛ ɔman no mu nyinaa. 15 Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyiadan mu maa obiara kamfoo no. 16 Yesu baa Nasaret, kuro a ne mmɔfraase wɔtetee no wɔ mu no mu. Na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Atwerɛsɛm. 17 Wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa na ɔbuee baabi a wɔatwerɛ sɛ, 18 “Awurade Honhom wɔ me so, na wɔayi me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ. Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu sɛ, wɔbɛnya ahofadie, na anifirafoɔ ahunu adeɛ ama wɔn a wɔbu wɔn animtiaa nso anya animuonyam. 19 Honhom no asoma me sɛ memmɛka sɛ, Awurade adom no aba.” 20 Ɔtoo nwoma no mu de maa ɔhwɛfoɔ no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no dinn. 21 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnnɛ na Atwerɛsɛm no aba mu.” 22 Na kasa pa ne adom nsɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa ma wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?” 23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ mode bɛ yi bɛbu me sɛ, ‘Ɔyaresafoɔ, sa wo ho yadeɛ. Deɛ yɛate afa wo ho sɛ woyɛɛ wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.’ 24 “Nanso, mereka ama moate aseɛ sɛ, Odiyifoɔ biara nni animuonyam wɔ ne kurom. 25 Nokorɛ mu, Elia ɛberɛ so no, na mmaa akunafoɔ bebree wɔ Israelman mu. Saa ɛberɛ no osuo antɔ mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia enti ɛmaa ɛkɔm kɛseɛ baa ɔman no nyinaa mu. 26 Nanso, Onyankopɔn ansoma Odiyifoɔ Elia ankɔ obiara nkyɛn sɛ ɔbaa kunafoɔ a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn. 27 Bio, saa ɛberɛ no na akwatafoɔ bebree wɔ Israelman mu, nanso Odiyifoɔ Elisa ansa obiara yadeɛ sɛ ɔsahene Naaman a ɔfiri Siriaman mu no nko ara.” 28 Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkaeɛ no, wɔn bo fuu papaapa. 29 Wɔde abufuo piapiaa no firii kuro no mu de no kɔɔ bepɔ a wɔn kuro da so no ano sɛ wɔrekɔwɔ nʼatikɔ ama wakɔhwe bepɔ no ase. 30 Nanso, ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi. 31 Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara. 32 Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfoɔ no nwanwa ɛfiri sɛ, ɔkasaa wɔ tumi so. 33 Na ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu hɔ a honhommɔne ahyɛ no ma. Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam sɛ, 34 “Yesu Nasareni, mmɛha yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.” 35 Yesu hyɛɛ honhommɔne no sɛ, “Tu firi ne mu kɔ!” Honhommɔne no de ɔbarima no hwee fam na ɛtu firii ne mu kɔeɛ a hwee anyɛ no. 36 Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden tea ahonhommɔne ma wɔtie yi?” 37 Deɛ ɔyɛeɛ yi ho asɛm trɛɛ ɔman no mu nyinaa. 38 Yesu firii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon efie kɔtoo sɛ huraeɛnini abɔ Simon ase baa. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ. 39 Ɔkɔɔ deɛ ɔda hɔ kɔgyinaa ne nkyɛn, teaa yadeɛ no ma ɛgyaeɛ amonom hɔ ara ma ɔsɔre maa wɔn aduane diiɛ. 40 Onwunu dwoeɛ no, wɔde ayarefoɔ pii baa sɛ, Yesu nsa wɔn yadeɛ. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yadeɛ. 41 Ahohommɔne firii nnipa no pii mu firiiɛ a na wɔreteateam sɛ, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso, Yesu kaa wɔn anim, hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, ɛfiri sɛ, na ahonhommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no. 42 Adeɛ kyeeɛ no, Yesu tee ne ho kɔɔ ɛserɛ so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfoɔ no kyini hwehwɛɛ no na wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ. 43 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ meka Asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahennie ho no mekyerɛ afoforɔ nso, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔsomaa me.” 44 Yesu kyinkyinii Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahodoɔ mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.

< Luka 4 >