< Luka 24 >

1 Kwasiada anɔpahema, mmaa no de nnuhwam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so. 2 Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ wɔapire ɛboɔ a wɔde hinii ɔboda no ano no afiri hɔ. 3 Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no, na Yesu amu no nna hɔ. 4 Wɔde ahodwirie gyina hɔ no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ani hyerɛn bɛgyinagyinaa wɔn nkyɛn. 5 Mmaa yi akoma tuiɛ na wɔkotokotoo wɔn na mmarima no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na morehwehwɛ ɔteasefoɔ wɔ awufoɔ mu? 6 Ɔnni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo ɛberɛ a na ɔwɔ Galilea no sɛ, 7 ‘Ɛtwa sɛ wɔde Kristo no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa na wɔbɔ no asɛnnua mu na ne nnansa so wasɔre bio no?’” 8 Mmaa no kaee asɛm no no, 9 wɔde ahoɔherɛ firii ɔboda no so bɛkaa deɛ wɔhunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ asuafoɔ dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa. 10 Mmaa a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi no ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo maame Maria ne afoforɔ bi. 11 Wɔn nsɛm a wɔbɛkaeɛ no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi enti, wɔannye anni. 12 Ɛwom sɛ nnipa no annye asɛm no anni deɛ, nanso Petro deɛ, ɔtuu mmirika kɔɔ ɔboda no so, koto hwɛɛ mu, hunuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsane baa efie a na ɔnte deɛ ɔhunuiɛ no ase. 13 Ɛda no ara asuafoɔ no mu baanu siim sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansini nson. 14 Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi. 15 Wɔgu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnyeɛ no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔeɛ. 16 Wɔhunuu sɛ obi ka wɔn ho deɛ, nanso wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ Yesu. 17 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ aho mo ho yi?” 18 Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no sɛ, “Wo nko ara ne ɔhɔhoɔ a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi hɔ nnansa yi no?” 19 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nsɛm bɛn?” Wɔbuaa no sɛ, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛeɛ ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho, 20 ne sɛdeɛ asɔfoɔ mpanin ne yɛn mpanimfoɔ kyeree no de no kɔɔ aban mu sɛ wɔmmu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho. 21 Yɛn deɛ, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebɛgye Israel, na bio nnansa ni a saa asɛm yi siiɛ. 22 Na mmaa bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifoɔ sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiri yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara, 23 nanso wɔanhunu nʼamu no. Wɔsane bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ, wɔahunu ɔsoro abɔfoɔ ma wɔaka akyerɛ wɔn sɛ, Yesu te ase. 24 Yɛn mu binom tuu mmirika kɔhwɛeɛ na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛdeɛ mmaa no kaeɛ no ara pɛ.” 25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adwenemherɛfoɔ a monni gyidie; ɛyɛ mo den sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka no nyinaa adi. 26 Wɔanhyɛ ho nkɔm sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no bɛhunu amane ansa na wakɔ nʼanimuonyam mu anaa?” 27 Na ɔfirii Mose ne adiyifoɔ no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Atwerɛsɛm no mu no nyinaa ase. 28 Wɔduruu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantuo no so. 29 Nanso, wɔsrɛɛ no, sanee no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, na adeɛ reyɛ asa enti, ɔsane ne wɔn kɔɔ efie. 30 Ɛberɛ a wɔte adidiiɛ no, Yesu bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase, faa burodo bubuu mu de maa wɔn. 31 Amonom, wɔn ani so tetee wɔn maa afei wɔhunuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara, ɔtu yeraeɛ. 32 Na afei, wɔsesee wɔn ho wɔn ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn ɛberɛ a na wɔnam ɛkwan so no si fa kaa wɔn akoma no. 33 Ntɛm ara, wɔsane wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafoɔ dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia. 34 Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ, “Ampa ara, Awurade asɔre afiri awufoɔ mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.” 35 Baanu a wɔfiri Emaus baeɛ no nso bɔɔ wɔn amaneɛ, sɛdeɛ Yesu bɛtoo wɔn Emaus ɛkwan so na wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno kɔsii ɛberɛ a ɔbubuu burodo mu de maa wɔn no ansa. 36 Wɔgu so rebɔ amaneɛ no, prɛko pɛ, Yesu bɛpuee hɔ, kyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo!” 37 Wɔn nyinaa bobɔɔ birim, suroeɛ ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. 38 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na mo akoma atutu na monnye nni nso sɛ ɛyɛ me a? 39 Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me a! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; ɛfiri sɛ, ɔsaman nni honam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ bi yi.” 40 Ɔkasa wieeɛ no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. 41 Anigyetrasoɔ ne ahodwirie enti, amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mowɔ biribi wɔ ha a mobɛdi anaa?” 42 Wɔmaa no apataa sini bi a wɔatoto 43 ma ɔgye wee wɔ wɔn anim hɔ ara. 44 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo ɛberɛ a na me ne mo wɔ hɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifoɔ nwoma ne Nnwom mu no ba mu.” 45 Afei, ɔbuee wɔn adwene mu ma wɔtee Atwerɛsɛm a ɛfa ne ho no ase. 46 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no hunu amane na ɔwu na ne nnansa so, wasɔre afiri awufoɔ mu. 47 Na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakyera ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan. 48 Mone yeinom nyinaa ho adansefoɔ. 49 Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛdeɛ mʼAgya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkɔsi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a ɛfiri ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.” 50 Yesu ne asuafoɔ no bɔɔ anan kɔduruu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. 51 Ɔgu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro. 52 Na wɔsɔree no de anigyeɛ sane kɔɔ Yerusalem. 53 Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.

< Luka 24 >