< Luka 21 >

1 Yesu te asɔredan mu hɔ no, ɔhunuu asikafoɔ bi a wɔde wɔn afɔrebɔdeɛ akɛseakɛseɛ regu afɔrebɔ adaka no mu. 2 Ɔhunuu okunafoɔ hiani bi nso sɛ ɔde sika kakra bi too afɔdeɛ adaka no mu. 3 Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no sɛ, “Nokorɛ mu, afɔdeɛ a okunafoɔ hiani yi bɛbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa. 4 Wɔn nyinaa de deɛ wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔdeɛ, na yei deɛ, ɔfiri ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu yi.” 5 Yesu akyidifoɔ no bi kamfoo aboɔ fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinneɛ ahodoɔ a wɔadi agu ɛdan no ho no. Nanso, Yesu kaa sɛ, 6 “Ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛdwiri nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.” 7 Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn na asɛm a woreka yi bɛsi, na ɛho nsɛnkyerɛnneɛ bɛyɛ sɛn?” 8 Yesu buaa sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie na obi annaadaa mo, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛsɔre aka sɛ, ‘Mene Kristo no’ na ɛberɛ no abɛn, nanso monnnye wɔn nni! 9 Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, monnsuro ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di ɛkan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awieeɛ no abɛn.” 10 Ɔkaa bio sɛ, “Aman bɛsɔre aman so na ahennie asɔre ahennie so. 11 Asasewosoɔ a ɛyɛ hu bɛba, ɛkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu bɛfiri ewiem asisi. 12 “Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛsisi no, me din enti, wɔbɛtaa mo akyekye mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfoɔ anim. 13 Yei bɛma moanya ɛkwan adi me ho adanseɛ. 14 Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho; 15 Ɛfiri sɛ, mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode bɛyi mo ho ano a mo atamfoɔ rentumi nnyina mo anim. 16 Mo awofoɔ, mo nuanom, mo abusuafoɔ ne mo nnamfonom bɛyi mo ama na wɔbɛkum mo mu bi. 17 Na me enti, nnipa bɛtan mo. 18 Nanso, mo tirinwi baako pɛ mpo renyera. 19 Na sɛ motumi gyina pintinn a, mobɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.” 20 “Sɛ mohunu sɛ asraafoɔ atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛeɛ abɛn. 21 Saa ɛberɛ no wɔn a wɔte Yudea nnwane nkɔ mmepɔ no so; wɔn a wɔwɔ kuro no mu no nnwane mfiri mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraase ne mfuom no ntena hɔ ara. 22 Saa ɛberɛ yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Atwerɛsɛm no mu no bɛba mu. 23 Wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue. Amanehunu a ɛnni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuhyeɛ nso aba nnipa no so. 24 Ebinom bɛtotɔ wɔ sekan ano na wɔafa ebinom nso nnommum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akɔsi ɛberɛ a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no bɛtwam.” 25 “Nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia, ɔsrane ne nsoromma mu na ɛpo asorɔkye bɛbobom, aworo so ama ne nnyegyeeɛ denden no de ahoyera aba aman nyinaa so. 26 Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no enti, nnipa pii bɛtotɔ bera na abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem nso awoso ahoɔden so. 27 Saa ɛberɛ no na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam a ɛso nam omununkum mu reba. 28 Sɛ saa asɛm yi firi aseɛ sisi a, momfa gyidie nnyina pintinn, ɛfiri sɛ, na mo nkwagyeberɛ abɛn.” 29 Yesu buu wɔn ɛbɛ bi sɛ, “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa. 30 Sɛ ɛyiyi nhahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ osutɔberɛ aduru. 31 Saa ara nso na sɛ mohunu nsɛnkyerɛnneɛ a moreka ho asɛm yi a, monhunu sɛ Onyankopɔn Ahennie no abɛn. 32 “Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 33 Ɔsoro ne asase bɛtwam, nanso me nsɛm deɛ, ɛrentwam da. 34 “Monhwɛ mo ho so yie! Mommma adiditrasoɔ ne nsãborɔ ne asetena mu dadwene nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no bɛfu mo mu. 35 Ɛfiri sɛ, me ba a mɛba no bɛfu nnipa a wɔte asase so nyinaa mu. 36 Monwɛn. Ɛberɛ biara mommɔ mpaeɛ na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano, na Onipa Ba no sane ba bio a, moatumi agyina nʼanim.” 37 Ɛda biara, na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ, na sɛ ɛduru anwummerɛ biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔ no so kɔhome. 38 Na nnipa pii sɔre anɔpahema biara kɔtie no wɔ asɔredan mu.

< Luka 21 >