< Luka 20 >

1 Ɛda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, asɔfoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanin kɔbisaa no sɛ, 2 “Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nneɛma yi; na hwan nso na ɔmaa wo saa tumi no?” 3 Yesu buaa wɔn sɛ, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me. 4 Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; ɛfiri Onyankopɔn anaa ɛfiri nnipa?” 5 Wɔfaa ho adwene kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ɛfiri Onyankopɔn a, ɔbɛbisa yɛn sɛ, ‘ɛnneɛ, adɛn enti na moannye no anni?’ 6 Sɛ nso yɛka sɛ, ɛfiri onipa a, ɔman mu no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.” 7 Ɛwiee aseɛ no, wɔbuaeɛ sɛ, “Yɛnnim.” 8 Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ.” 9 Yesu buu wɔn ɛbɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi yɛɛ bobefuo de hyɛɛ apaafoɔ bi nsa sɛ wɔnhwɛ so mma no. Yei akyi ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi, kɔtenaa hɔ kyɛree. 10 Bobeteɛ berɛ duruiɛ no, ɔbarima yi somaa ne ɔsomfoɔ sɛ ɔnkɔgye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso, apaafoɔ no boroo no, ma ɔsane kɔɔ nsapan. 11 Ɔsomaa ɔsomfoɔ foforɔ maa ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan. 12 Ɔsane somaa ɔsomfoɔ foforɔ na ɔno mpo deɛ, wɔpirapiraa no pamoo no. 13 “Yei maa bobefuo wura no kaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno deɛ ebia, wɔbɛfɛre no.’ 14 “Nanso, ɛberɛ a apaafoɔ no hunuu no no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no nie, momma yɛnkum no na yɛmfa nʼagyapadeɛ no.’ 15 Wɔtwee no firii afuo no mu kɔkumm no. “Mogye di sɛ ɛdeɛn na afuowura no bɛyɛ saa apaafoɔ yi? 16 Ɔbɛba abɛkum saa apaafoɔ yi na ɔde afuo no ama afoforɔ.” Nnipa a wɔretie Yesu no kaa sɛ, “Ɛmpare yɛn!” 17 Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn sɛ, “Ɛnneɛ na deɛ wɔatwerɛ sɛ, “‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ’ no aseɛ ne sɛn? 18 Obiara a ɔbɛhwe ɛboɔ no so no, ɔbɛbubu na deɛ ɛboɔ no bɛhwe ne so no, ɛbɛpɛkyɛ no.” 19 Esiane sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanin no hunuu sɛ Yesu buu ɛbɛ no tiaa wɔn enti, wɔhwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere no saa ɛberɛ no ara mu, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no enti, na wɔsuro. 20 Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu enti, wɔtetɛɛ no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu. 21 Saa nnipa yi bisaa Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokorɛ kwan a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn. 22 Enti, ɛyɛ sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare aban anaasɛ ɛnyɛ?” 23 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 24 “Momma me sika. Hwan mfoni ne din na ɛwɔ so yi?” Wɔbuaa no sɛ, “Ɛyɛ Kaesare dea.” 25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.” 26 Yesu mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwanwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim. 27 Sadukifoɔ bi a wɔnnye owusɔreɛ nni baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 28 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose mmara no kyerɛ yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi wɔ yere na ɔne no anwo na ɔwu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufoɔ no. 29 Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanin a ɔwɔ mu no waree ɔbaa a ɔne no anwo na ɔwuiɛ. 30 Ne nua a ɔdi nʼakyi no, waree no nanso ɔne no anwo na ɔwuiɛ. 31 Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo, na wɔwuwuiɛ. 32 Akyire no, ɔbaa no nso wuiɛ. 33 Yɛn asɛmmisa ne sɛ, ɛsiane sɛ ɔbaa yi waree anuanom yi nyinaa enti, owusɔreɛ da no, wɔn mu hwan na ɔbaa yi bɛyɛ ne yere?” 34 Yesu buaa sɛ, “Asase yi so na nnipa dwene awadeɛ ho. (aiōn g165) 35 Na wɔn a owusɔreɛ da no wɔbɛnya kwan akɔ Onyankopɔn Ahennie no mu deɛ, awadeɛ ho renhia wɔn. (aiōn g165) 36 Na owuo nso nni hɔ mma wɔn bio, ɛfiri sɛ, wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfoɔ. Esiane sɛ wɔasɔre afiri awufoɔ mu no enti, wɔyɛ Onyankopɔn mma. 37 Afei, mo asɛmmisa a ɛfa owusɔreɛ ho no nso, Mose ma yɛhunuu no pefee sɛ, owusɔreɛ wɔ hɔ. Ɛfiri sɛ, nʼasɛm a ɔtwerɛ faa wira a na ɛrederɛ no ho no ɔbɔɔ Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn din. 38 Yei kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefoɔ Onyankopɔn na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ ɔwu mpo a, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.” 39 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, woabua no yie.” 40 Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio. 41 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na wɔka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?” 42 Ɛfiri sɛ Dawid ka wɔ ne Nnwom no mu sɛ, “Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ. ‘Tena me nifa so 43 kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ so nkonim.’ 44 Sɛ Dawid frɛ Kristo no ‘Me wura’ a, ɛyɛ dɛn na Kristo no ayɛ ne ba?” 45 Ɛberɛ a nnipa no retie no no, Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, 46 “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ho. Ɛberɛ biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn badwa mu a, wɔde obuo kyea wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase a, wɔtena mpanin tenabea. 47 Wɔbɔ mpaeɛ hunu atentene kyerɛ nnipa sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei enti wɔbɛnya asotwe a emu yɛ duru.”

< Luka 20 >