< Luka 2 >

1 Saa ɛberɛ no mu no, Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma ɔhempɔn hyɛɛ mmara bi sɛ wɔnkan ne ɔman no mu nnipa nyinaa.
About that time an edict was issued by the Emperor Augustus that a census should be taken of the whole Empire.
2 Saa nnipakan yi ne deɛ ɛdi ɛkan a wɔkanee wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no berɛ so.
(This was the first census taken while Quirinius was Governor of Syria).
3 Obiara kɔɔ ne kurom na wɔtwerɛɛ ne din.
And everyone went to his own town to be registered.
4 Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani no enti, na ɛsɛ sɛ ɔfiri Galilea kuro a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea.
Among others Joseph went up from the town of Nazareth in Galilee to Bethlehem, the town of David, in Judea – because he belonged to the family and house of David –
5 Ɔne ne yere Maria a saa ɛberɛ no na ɔnyem no na wɔkɔeɛ.
to be registered with Mary, his engaged wife, who was about to become a mother.
6 Wɔwɔ Betlehem no, awoɔ kaa Maria,
While they were there her time came,
7 na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abɔfra no ho de no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ, wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.
and she gave birth to her first child, a son. And because there was no room for them in the inn, she swathed him around and laid him in a manger.
8 Anadwo no ara, na nnwanhwɛfoɔ bi nso wɔ ɛserɛ no so baabi rewɛn wɔn nnwan.
In that same countryside were shepherds out in the open fields, watching their flocks that night,
9 Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn animuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiaeɛ, na ɛmaa wɔn ho dwirii wɔn.
when an angel of the Lord suddenly stood by them, and the glory of the Lord shone around them; and they were seized with fear.
10 Ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa.
“Have no fear,” the angel said. “For I bring you good news of a great joy in store for all the nation.
11 Ɛnnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom.
This day there has been born to you, in the town of David, a Savior, who is Christ and Lord.
12 Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a mobɛhunu. Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.”
And this will be the sign for you. You will find the infant swathed, and lying in a manger.”
13 Amonom hɔ ara, abɔfokuo bɛkaa ɔbɔfoɔ a ɔwɔ hɔ no ho na wɔtoo ayɛyie dwom sɛ,
Then suddenly there appeared with the angel a multitude of the heavenly Host, praising God, and singing –
14 “Animuonyam nka Ɔsorosoro Onyankopɔn, na asomdwoeɛ mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.”
“glory to God on high, and on earth peace among those in whom he finds pleasure.”
15 Ɛberɛ a abɔfokuo yi sane kɔɔ ɔsoro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwanwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”
Now, when the angels had left them and gone back to heaven, the shepherds said to one another, “Let us go at once to Bethlehem, and see this thing that has happened, of which the Lord has told us.”
16 Wɔde ahoɔherɛ kɔɔ Betlehem kɔhunuu Maria ne Yosef. Na wɔhunuu abɔfra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu.
So they went quickly, and found Mary and Joseph, and the infant lying in a manger;
17 Nnwanhwɛfoɔ no hunuu abɔfra no no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro abɔfoɔ no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia hɔ no.
and, when they saw it, they told of all that had been said to them about this child.
18 Wɔn a wɔtee nnwanhwɛfoɔ yi asɛm no nyinaa ho dwirii wɔn.
All who heard the shepherds were astonished at their story,
19 Nanso Maria deɛ, ɔde saa nsɛm a ɔteeɛ no nyinaa siee ne tirim dwenee ho.
while Mary treasured in her heart all that they said, and thought about it often.
20 Nnwanhwɛfoɔ no kɔhunuu deɛ abɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigyeɛ sane wɔn akyi kɔɔ deɛ wɔn nnwan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.
And the shepherds went back, giving glory and praise to God for all that they had heard and seen. It had all happened as they had been told.
21 Abɔfra no dii nnawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Ɛda no ara na wɔtwaa no twetia.
Eight days after the birth of the child, when it was time to circumcise him, he received the name Jesus – the name given him by the angel before his conception.
22 Ɛberɛ duruu sɛ Yosef ne Maria kɔdwira wɔn ho sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, wɔde abɔfra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa.
When the period of purification of mother and child, required by the Law of Moses, came to an end, his parents took the child up to Jerusalem to present him to the Lord,
23 Sɛdeɛ Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbaa wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a, wɔde no ma Awurade.”
in compliance with the Law of the Lord that every firstborn male will be dedicated to the Lord,
24 Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ nso kɔbɔɔ afɔdeɛ, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no: wɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu na wɔde bɔ afɔdeɛ no.
and also to offer the sacrifice required by the Law of the Lord – a pair of turtle-doves or two young pigeons.
25 Ɛda no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa tenenee, ɔhotefoɔ a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan.
There was at that time in Jerusalem a man named Simeon, a righteous and devout man, who lived in constant expectation of Israel’s consulation, and under the guidance of the Holy Spirit.
26 Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu kɔsi sɛ ɔbɛhunu Agyenkwa a Awurade asra no no.
It had been revealed to him by the Holy Spirit that he should not die until he had seen the Lord’s Christ.
27 Enti ɛberɛ a Maria ne Yosef duruu asɔredan no mu sɛ wɔde abɔfra no rekɔma Awurade sɛdeɛ mmara no te no,
Moved by the Spirit, Simeon came into the Temple Courts, and, when the parents brought in the child Jesus, to do for him what was customary under the Law,
28 wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abɔfra no hyɛɛ Awurade animuonyam sɛ,
Simeon himself took the child in his arms, and blessed God, and said:
29 “Awurade, afei ma wʼakoa nwu asomdwoeɛ mu
“Now, Lord, you will let your servant go, according to your word, in peace,
30 ɛfiri sɛ, mʼani ahunu Agyenkwa
for my eyes have seen the salvation
31 a wohyɛɛ me ne ho bɔ no.
which you have prepared in the sight of all nations –
32 Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn ewiase nyinaa na wahyɛ wo ɔman Israel animuonyam!”
a light to bring light to the Gentiles, and to be the glory of your people Israel.”
33 Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne maame Maria nwanwa.
While the child’s father and mother were wondering at what was said about him,
34 Afei, Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, “Saa abɔfra yi so na Israelfoɔ mu dodoɔ no ara nkwagyeɛ ne wɔn asehweɛ bɛgyina.
Simeon gave them his blessing, and said to Mary, the child’s mother, “This child is appointed to be the cause of the fall and rise of many in Israel, and to be a sign much spoken against –
35 Na ɔbɛma dodoɔ no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria deɛ, wobɛsi apinie wɔ wo mu.”
Yes, the sword will pierce your own heart – and so the thoughts in many minds will be disclosed.”
36 Saa ɛberɛ no, na Fanuel babaa odiyifoɔ Ana a ɔfiri Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyini. Ɔwaree ne mmabaawaberɛ mu ne ne kunu tenaeɛ mfeɛ nson pɛ na ne kunu no wuiɛ.
There was also a prophet named Hannah, a daughter of Phanuel and of the tribe of Asher. She was far advanced in years, having lived with her husband for seven years after marriage,
37 Ne kunu no wuo akyi no, ɔyɛɛ kuna kɔsii sɛ ɔdii mfeɛ aduɔwɔtwe ɛnan, na ɛberɛ biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadie ne mpaeɛbɔ som Onyankopɔn.
and then a widow, until she had reached the age of eighty-four. She never left the Temple Courts, but, fasting and praying, worshiped God night and day.
38 Saa ɛberɛ no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgye a ɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.
At that moment she came up, and began publicly to thank God and to speak about the child to all who were looking for the deliverance of Jerusalem.
39 Wɔwiee amanneɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea,
When the child’s parents had done everything required by the Law of the Lord, they returned to Galilee to their own town of Nazareth.
40 Abɔfra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so.
The child grew and became strong and wise, and the blessing of God was on him.
41 Afe biara na Yesu awofoɔ kɔ Yerusalem kɔdi Twam Afahyɛ no.
Every year the child’s parents used to go to Jerusalem at the Passover Festival.
42 Sɛdeɛ na wɔn amanneɛ te no, Yesu dii mfeɛ dumienu no, nʼawofoɔ de no kɔɔ Yerusalem kɔdii Twam Afahyɛ no.
When Jesus was twelve years old, they went according to custom to Jerusalem,
43 Wɔwiee afahyɛ no di a wɔresane akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofoɔ no nnim.
and had finished their visit; but, when they started to return, the boy Jesus remained behind in Jerusalem, without their knowing it.
44 Wɔtwaa da koro ɛkwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa nʼase firii wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ nkyɛn.
Thinking that he was with their fellow travelers, they went one day’s journey before searching for him among their relatives and acquaintances;
45 Na wɔanhunu no no, wɔsane baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no.
and then, as they did not find him, they returned to Jerusalem, searching everywhere for him.
46 Ne nnansa akyi no, wɔkɔhunuu no Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.
It was not until the third day that they found him in the Temple Courts, sitting among the teachers, now listening to them, now asking them questions.
47 Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuaeɛ nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwanwa.
All who listened to him marveled at his intelligence and his answers.
48 Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Ne maame frɛɛ no bisaa no sɛ, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ.”
His parents were amazed when they saw him, and his mother said to him, “My child, why have you treated us like this? Your father and I have been searching for you in great distress.”
49 Yesu buaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛyɛ mʼasɛdeɛ sɛ metena mʼagya efie som no anaa?”
“What made you search for me?” he answered. “Didn’t you know that I must be in my Father’s house?”
50 Nanso, nʼawofoɔ no ante deɛ ɔkaeɛ no ase.
His parents did not understand what he meant.
51 Yesu ne nʼawofoɔ kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ ɔsetie maa wɔn. Ne maame de nsɛm a ɛsisiiɛ no nyinaa siee ne tirim.
However he went down with them to Nazareth, and submitted himself to their control; and his mother treasured all that was said in her heart.
52 Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na ɔnyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.
And Jesus grew in wisdom as he grew in years, and gained the blessing of God and people.

< Luka 2 >