< Luka 18 >

1 Ɛda bi Yesu nam abɛbuo so kyerɛɛ nʼasuafoɔ no hia a ɛhia sɛ wɔbɔ mpaeɛ daa a wɔmpa aba. 2 Yesu kaa sɛ, “Ɔtemmufoɔ bi tenaa kuro bi mu a na ɔnsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara. 3 Na ɔbaa kunafoɔ bi te saa kuro yi mu, a ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafoɔ yi kɔ ɔtemmufoɔ no nkyɛn kɔsrɛ no sɛ ɔnni nʼasɛm no mma no. 4 “Mfitiaseɛ no, ɔtemmufoɔ no ammua no. Nanso, akyire no ɔkaa sɛ, ‘Ɛwom sɛ mensuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara deɛ, 5 nanso ɛsiane sɛ daa ɔbaa yi ha me enti, mɛhwɛ adi asɛm no yie ama no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔremmɛha me bio!’” 6 Awurade toaa so sɛ, “Moate asɛm a ɔtemmufoɔ yi a ɔntene no kaeɛ. 7 Monnnye nni sɛ Onyankopɔn bɛdi ama ne mma a daa wɔsu frɛ no awia ne anadwo no no anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase? 8 Merema moate aseɛ sɛ, ɔbɛyɛ wɔn apɛdeɛ ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no sane ba a, nnipa dodoɔ ahe na ɔbɛhunu sɛ wɔwɔ ne mu gyidie?” 9 Yesu sane buu ɛbɛ bi faa nnipa a wɔbu wɔn ho sɛ ateneneefoɔ na ɛno enti wɔbu afoforɔ animtia no ho sɛ, 10 “Ɛda bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpaeɛ. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a ɔbu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ ɔtogyeni. 11 Farisini yi kɔgyinaa baabi a obiara bɛhunu no bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te sɛ apoobɔfoɔ nkontompofoɔ, adwamanfoɔ ne saa ɔtogyeni a ɔgyina hɔ yi. 12 Nnawɔtwe biara mu, medi mmuada mprenu na deɛ menya biara nso, meyi mu nkyɛmu edu mu baako de ma.’ 13 “Saa ɛberɛ no na ɔtogyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, hunu me ɔdebɔneyɛfoɔ mmɔbɔ!’ 14 “Mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɔtogyeni no yɛeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani sene deɛ Farisini no yɛeɛ no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.” 15 Ɛda bi, awofoɔ bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn, nhyira wɔn. Asuafoɔ no hunuu awofoɔ no, wɔkaa wɔn anim. 16 Yesu frɛɛ mmɔfra no awofoɔ no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma mmɔfra nketewa no mmra me nkyɛn na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea. 17 Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu.” 18 Ɛda bi Yudani sikani bi bisaa Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” (aiōnios g166) 19 Yesu buaa no sɛ, “Adɛn enti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa, gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 20 Wonim Mose mmara no: ‘Mmɔ adwaman! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di wʼagya ne wo maame ni!’” 21 Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Madi saa mmara yi nyinaa so firi me mmɔfraase.” 22 Yesu tee deɛ osikani no kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahodeɛ nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafoɔ na wobɛnya agyapadeɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu, na afei, bra bɛdi mʼakyi.” 23 Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahodeɛ pii. 24 Yesu hunuu sɛ ne werɛ ahoɔ no, ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ den ma ahonyafoɔ sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu! 25 Mereka akyerɛ mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔhonyafoɔ bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.” 26 Na wɔn a wɔtee deɛ Yesu kaeɛ no bisaa sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?” 27 Yesu buaa sɛ, “Biribiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nyɛ.” 28 Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Yɛagya deɛ yɛwɔ nyinaa hɔ abɛdi wʼakyi.” 29 Yesu buaa Petro sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obiara nni hɔ a, ɛsiane Onyankopɔn Ahennie no enti, wagya ne fie anaa ne nuanom anaa nʼawofoɔ anaa ne mma 30 na ɔrennya mma ɛmmoro deɛ wahwere no so saa ɛberɛ yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a ɛnni awieeɛ.” (aiōn g165, aiōnios g166) 31 Yesu frɛɛ asuafoɔ dumienu no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a nkɔmhyɛfoɔ no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu. 32 Wɔbɛyi no ama amanamanmufoɔ ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasuo agu ne so, 33 aka no mpire, akum no na ne nnansa so no, wasɔre.” 34 Asuafoɔ no ante deɛ Yesu kaaeɛ no biara ase, ɛfiri sɛ, na asɛm no boro wɔn adwene so. 35 Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yeriko no, wɔhunuu onifirani bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. 36 Onifirani no tee sɛ nkurɔfokuo bi retwam no, ɔbisaa asɛm a asi. 37 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yesu Nasareni no na ɔretwam!” 38 Ɔtee saa no, ɔteateam sɛ, “Yesu, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ!” 39 Wɔn a wɔdi anim no trantram no sɛ ɔmmua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teateaam dendeenden sɛ, “Yesu Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ!” 40 Yesu duruu baabi a onifirani no te no, ɔmaa wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duruu Yesu nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, 41 “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifirani no buaa sɛ, “Awurade, ma menhunu adeɛ.” 42 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hunu adeɛ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den.” 43 Amonom hɔ ara, onifirani yi hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi, yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wɔhunuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.

< Luka 18 >