< Luka 17 >

1 Ɛda bi Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ dɛn ara a sɔhwɛ a ɛde onipa kɔ bɔne mu no bɛba, nanso onipa a ɛnam ne so bɛba no, ɔnnue. 2 Ɛyɛ ma saa onipa no sɛ wɔde ɛboɔ a emu yɛ duru bi bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako suntidua ama wayɛ bɔne. 3 Enti, monhwɛ mo ho so yie. “Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ ɔnu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no. 4 Sɛ nso ɔfom wo mprɛnson da koro na mpɛn dodoɔ a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a, fa kyɛ no.” 5 Ɛda bi, asomafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, hyɛ yɛn gyidie mu den.” 6 Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ mowɔ gyidie te sɛ onyina aba a, anka mobɛtumi aka akyerɛ akyee yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu,’ na ɛbɛba mu saa. 7 “Mo mu hwan na ɔwɔ ɔsomfoɔ a ɔyɛ nʼafuom adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ɔfiri afuom ba a, ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Wʼaduane si hɔ na kɔdidi?’ 8 Na mmom ɔrenka nkyerɛ no sɛ, ‘Noa aduane ma me na sɛ modidi wie a, wo nso woakɔdidi?’ 9 Sɛ ɔsomfoɔ yi yɛ nʼasɛdeɛ yi a, ne wura no bɛda no ase anaa? 10 Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛdeɛ a, ɛsɛ sɛ moka sɛ, ‘Yɛyɛ asomfoɔ a ayɛyie mfata yɛn, yɛn asɛdeɛ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’” 11 Ɛberɛ bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hyeɛ so. 12 Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafoɔ edu bi a na wɔgyinagyina kurotia no hunuu no 13 teateaam sɛ, “Yesu, yɛn wura, hunu yɛn mmɔbɔ.” 14 Yesu hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ!” Ɛberɛ a akwatafoɔ no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den. 15 Wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsanee nʼakyi de ahurisie yii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!” 16 Ɔbɛkotoo Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani. 17 Yesu bisaa sɛ, “Ɛnyɛ nnipa edu na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he? 18 Adɛn enti na ɔmamfrani yi nko na wasane aba sɛ ɔrebɛyi Onyankopɔn ayɛ?” 19 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre kɔ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den.” 20 Ɛda bi Farisifoɔ bi bisaa Yesu sɛ, “Ɛberɛ bɛn na Onyankopɔn Ahennie no bɛba?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no nnam nsɛnkyerɛnneɛ bi a mobɛhunu so na ɛbɛba, 21 na obi rentumi nkyerɛ mo sɛ, ‘Ɛwɔ ha anaa ɛhɔ!’ Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ahennie no te mo mu.” 22 Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mmerɛ bi bɛba a mo ani bɛgyina sɛ mobɛhunu Onipa Ba no wɔ mo nkyɛn, nanso morenhunu no. 23 Sɛ nnipa ka kyerɛ mo sɛ mewɔ ha anaa baabi foforɔ a, monnni wɔn akyi. 24 Sɛdeɛ anyinam pa ogya wɔ ewiem ma nnipa nyinaa hunu no, saa ara nso na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ. 25 Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mehunu amane na me nkurɔfoɔ nso po me. 26 “Sɛdeɛ Noa ɛberɛ so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ Onipa Ba no ba a, ɛbɛyɛ no no. 27 Saa ɛberɛ no, nnipa didi nomee, warewaree kɔsii sɛ Noa kɔhyɛɛ ɛhyɛn no mu na nsuyire bɛfaa saa nnipa no nyinaa. 28 “Saa ara nso na Lot berɛ so no, na ɛte. Nnipa didi nomee, dii dwa, yɛɛ mfuo, sisii adan, 29 kɔsii sɛ Lot firii Sodom na ogya ne sɔfe firi ɔsoro bɛhyee saa nnipa no nyinaa. 30 “Saa ara nso na da a Onipa Ba no bɛsane aba no, ɛbɛyɛ. 31 Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuo mu anaa edwa so sane nʼakyi ba efie sɛ ɔrebɛsesa nʼahodeɛ. 32 Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere. 33 Obiara a ɔdɔ ne ɔkra no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ ɔbɛhwere ne ɔkra no, bɛnya. 34 Ɛda no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agya ɔbaako. 35 Saa ara nso na wɔbɛfa mmaa baanu a wɔrenoa aduane no mu baako agya ɔbaako. 36 Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuom no nso, wɔbɛfa ɔbaako agya ɔbaako.” 37 Asuafoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Baabi a efunu wɔ no, apete mpa hɔ!”

< Luka 17 >