< Luka 16 >

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ efie sohwɛfoɔ bi. Ɔdefoɔ yi tetee sɛ ne efie sohwɛfoɔ no resɛe ne nneɛma. 2 Ɔtee saa asɛm yi no, ɔfrɛɛ ne efie sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na metete fa wo ho yi? Bɛbu wʼadwuma ho nkonta kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’ 3 “Efie sohwɛfoɔ no kaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn ni? Ɛnnɛ a wɔrepam me afiri efie ha yi, ɛhe na mɛfa? Menni ahoɔden a mede bɛdɔ, ɛnna mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ. 4 Menim deɛ mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no bɛhunu me mmɔbɔ.’ 5 “Enti, ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Ɔbisaa deɛ ɔdi ɛkan no sɛ, ‘Ɛka ahe na wode me wura?’ 6 “Ɔbuaa sɛ, ‘Mede ngo nhina aduonu ka.’ “Enti, ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛ ntɛm tena ase na twam na twerɛ sɛ, wode ngo nhina edu ka.’ 7 “Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforɔ bi nso bisaa no sɛ, ‘Na wo nso, ɛka ahe na wode me wura?’ “Ɔno nso buaa sɛ, ‘Mede aburoo nkotokuo ɔha ka.’ “Enti, ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Tena ase na twam na twerɛ sɛ, wode nkotokuo aduonum ka!’ 8 “Ɔdefoɔ no hunuu deɛ efie sohwɛfoɔ no yɛeɛ no akyi, nanso ɔnam fɛdie so kamfoo no wɔ nʼanifire no ho. Saa ara nso na ewiase yi mma susu sɛ wɔnim nyansa sene wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ no. (aiōn g165) 9 Na me nso mese mo sɛ, momfa ewiase ahonyadeɛ no bi nyɛ nnamfoɔ, na sɛ ɛsa a, wɔagye mo. (aiōnios g166) 10 “Nanso deɛ ɔdi nokorɛ wɔ kakra bi ho no bɛdi nokorɛ wɔ pii ho; na deɛ ɔnni nokorɛ wɔ kakra bi ho no, rentumi nni nokorɛ wɔ pii ho. 11 Sɛ moantumi anni nokorɛ wɔ ewiase nneɛma ho a, hwan na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa? 12 Sɛ moanni nokorɛ wɔ obi adeɛ bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde deɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo? 13 “Ɔsomfoɔ biara rentumi nsom awuranom baanu, ɛfiri sɛ, ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yie na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyadeɛ.” 14 Farisifoɔ sikaniberefoɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdii ne ho fɛw. 15 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ nnipa a mobu mo ho ateneneefoɔ wɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu. Na deɛ ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyiwadeɛ wɔ Onyankopɔn anim. 16 “Ansa na Yohane Osubɔni bɛba no, na Mose mmara ne adiyifoɔ no nsɛm no na modi so. Na Yohane Osubɔni baeɛ no, ɔbɛkaa Onyankopɔn Ahennie ho nsɛm kyerɛɛ mo, enti, nnipa repere sɛ wɔbɛkɔ saa Ahennie no mu. 17 Ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam sene sɛ mmara no mu nsensaneɛ ketewa baako mpo bɛyera. 18 “Obiara a ɔgyaa ne yere awadeɛ na ɔware ɔfoforɔ no bɔ adwaman; na deɛ ɔware ɔbaa biara a ne kunu agyaa no no nso, bɔ adwaman.” 19 Yesu toaa so kaa sɛ, “Ɔdefoɔ bi tenaa ase a na daa ɔfira ntoma pa na ɔgye nʼani yie nso. 20 Na ɔbarima hiani bi a akuro atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼaboboano. 21 Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a ɔdefoɔ no adi ama aka no bi adi. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na nkraman ba baabi a na ohiani no da hɔ no bɛtaferetafere nʼakuro no mu. 22 “Ohiani no wuiɛ maa abɔfoɔ bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefoɔ no nso wuiɛ ma wɔsiee no. 23 Ɔdefoɔ no wɔ asaman a ne ho yera no no, ɔmaa nʼani so hunuu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. (Hadēs g86) 24 Ɔdefoɔ no teaam sɛ, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo, hunu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so, na me ho yera me.’ 25 “Abraham buaa no sɛ, ‘Me ba, kae sɛ wote ewiase no, wodii dɛ na Lasaro dii yea, nanso afei na ɔredi dɛ ɛnna wo nso woredi yea. 26 Ɛnyɛ yei nko, ɛbɔn kɛseɛ da yɛn ne mo ntam a ɛno enti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’ 27 “Ɔdefoɔ no sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya efie, 28 ɛfiri sɛ, mewɔ nuammarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyera yi mu bi.’ 29 “Abraham buaa no sɛ, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka enti ma wɔntie na wɔnni so.’ 30 “Ɔdefoɔ yi kaa bio sɛ, ‘Agya Abraham, deɛ woreka yi wom deɛ, nanso sɛ obi firi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ deɛ a, wɔbɛnu wɔn ho.’ (questioned) 31 “Abraham buaa sɛ, ‘Sɛ wɔantie deɛ Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka no a, saa ara nso na sɛ obi firi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no ara no no.’” (questioned)

< Luka 16 >