< Luka 15 >

1 Ɛda bi ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ pii baa Yesu nkyɛn bɛtiee no, 2 Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfoɔ sane ne wɔn to nsa didi.” 3 Saa asɛm a wɔkaeɛ no ma ɔbuu wɔn bɛ bi sɛ, 4 “Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ nnwan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini ɛserɛ so nhwehwɛ deɛ wayera no kɔsi sɛ ɔbɛhunu no? 5 Na sɛ ɔhunu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigyeɛ de no aba. 6 Na sɛ ɔduru efie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ, mahunu me odwan a ɔyeraeɛ no.’ 7 Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, ɔsorofoɔ nyinaa ani gye sene sɛ ateneneefoɔ aduɔkron nkron wɔ hɔ a ahonu ho nhia wɔn no. 8 “Anaasɛ ɔbaa bɛn na sɛ ne sika mpɔ edu mu baako yera a, ɔrensɔ kanea, mprapra ne dan mu, nhwehwɛ kɔsi sɛ ɔbɛhunu. 9 Na sɛ ɔhunu a, ɔremfrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa nka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛn ani nnye, ɛfiri sɛ, mahunu me sika mpɔ a ɛyeraeɛ no’ 10 Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, Onyankopɔn abɔfoɔ ani gye ara ne no.” 11 Yesu sane buu wɔn ɔyera ho ɛbɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmammarima baanu. 12 Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Me agya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapadeɛ mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapadeɛ mu de ne ba no kyɛfa maa no. 13 “Nna tiawa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahodeɛ nyinaa ano tuu ɛkwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra, hweree nʼahodeɛ nyinaa. 14 Ɛno akyi no, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so maa ne ho kyeree no. 15 Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdanee kuromani bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so. 16 Ɔwɔ hɔ no, ɛkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a mprako no di no bi mpo adi, nanso, wannya. 17 “Nʼani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ, ‘Apaafoɔ a wɔwɔ mʼagya efie didi mee, ma ebi ka ma wɔto gu. Adɛn na mete ha na ɛkɔm rekum me yi! 18 Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka makyerɛ no sɛ, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, 19 na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafoɔ no mu baako.’ 20 Ɔsiim sɛ ɔresane aba nʼagya nkyɛn. “Ɔnam ɛkwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no hunuu no, enti ɔde ayamhyehyeɛ yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu. 21 “Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’ 22 “Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka mo ho nkɔfa ntoma pa mmɛfira no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ. 23 Afei, monkɔkum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mfa nyɛ aduane, na yɛnnidi, nnom, nnye yɛn ani, 24 ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ meba yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ Wɔhyɛɛ aseɛ gyee wɔn ani. 25 “Ne ba panin a na ɔfiri afuom reba no duruu afikyire no, ɔtee nnwontoɔ ne ahurisidie wɔ efie hɔ. 26 Ɛno enti ɔfrɛɛ asomfoɔ no mu baako bisaa no deɛ ɛrekɔ so wɔ efie hɔ. 27 Ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no asane aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’ 28 “Ɔtee saa asɛm yi no, ne bo fuiɛ enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ efie hɔ. Nʼagya tee saa asɛm yi no, ɔfirii adi baa ne nkyɛn bɛkorɔkorɔɔ no. 29 Ne ba no de awerɛhoɔ buaa no sɛ, ‘Agya, masom wo mfeɛ dodoɔ yi nyinaa a deɛ wobɛka biara metie, nanso wommaa me odwan ba mpo da sɛ menkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. 30 Nanso, wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwie no baeɛ yi deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’ 31 “Nʼagya buaa no sɛ, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso yɛ wo dea. 32 Ɛsɛ sɛ yɛgye yɛn ani, ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ wo nua yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’”

< Luka 15 >