< Luka 15 >

1 Ɛda bi ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ pii baa Yesu nkyɛn bɛtiee no,
Now all the tax collectors and sinners were coming close to him to hear him.
2 Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfoɔ sane ne wɔn to nsa didi.”
The Pharisees and the scribes murmured, saying, “This man welcomes sinners, and eats with them.”
3 Saa asɛm a wɔkaeɛ no ma ɔbuu wɔn bɛ bi sɛ,
He told them this parable:
4 “Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ nnwan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini ɛserɛ so nhwehwɛ deɛ wayera no kɔsi sɛ ɔbɛhunu no?
“Which of you men, if you had one hundred sheep and lost one of them, wouldn’t leave the ninety-nine in the wilderness and go after the one that was lost, until he found it?
5 Na sɛ ɔhunu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigyeɛ de no aba.
When he has found it, he carries it on his shoulders, rejoicing.
6 Na sɛ ɔduru efie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ, mahunu me odwan a ɔyeraeɛ no.’
When he comes home, he calls together his friends and his neighbors, saying to them, ‘Rejoice with me, for I have found my sheep which was lost!’
7 Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, ɔsorofoɔ nyinaa ani gye sene sɛ ateneneefoɔ aduɔkron nkron wɔ hɔ a ahonu ho nhia wɔn no.
I tell you that even so there will be more joy in heaven over one sinner who repents, than over ninety-nine righteous people who need no repentance.
8 “Anaasɛ ɔbaa bɛn na sɛ ne sika mpɔ edu mu baako yera a, ɔrensɔ kanea, mprapra ne dan mu, nhwehwɛ kɔsi sɛ ɔbɛhunu.
“Or what woman, if she had ten drachma coins, if she lost one drachma coin, wouldn’t light a lamp, sweep the house, and seek diligently until she found it?
9 Na sɛ ɔhunu a, ɔremfrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa nka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛn ani nnye, ɛfiri sɛ, mahunu me sika mpɔ a ɛyeraeɛ no’
When she has found it, she calls together her friends and neighbors, saying, ‘Rejoice with me, for I have found the drachma which I had lost!’
10 Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, Onyankopɔn abɔfoɔ ani gye ara ne no.”
Even so, I tell you, there is joy in the presence of the angels of God over one sinner repenting.”
11 Yesu sane buu wɔn ɔyera ho ɛbɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmammarima baanu.
He said, “A certain man had two sons.
12 Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Me agya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapadeɛ mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapadeɛ mu de ne ba no kyɛfa maa no.
The younger of them said to his father, ‘Father, give me my share of your property.’ So he divided his livelihood between them.
13 “Nna tiawa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahodeɛ nyinaa ano tuu ɛkwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra, hweree nʼahodeɛ nyinaa.
Not many days after, the younger son gathered all of this together and traveled into a far country. There he wasted his property with riotous living.
14 Ɛno akyi no, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so maa ne ho kyeree no.
When he had spent all of it, there arose a severe famine in that country, and he began to be in need.
15 Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdanee kuromani bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so.
He went and joined himself to one of the citizens of that country, and he sent him into his fields to feed pigs.
16 Ɔwɔ hɔ no, ɛkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a mprako no di no bi mpo adi, nanso, wannya.
He wanted to fill his belly with the pods that the pigs ate, but no one gave him any.
17 “Nʼani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ, ‘Apaafoɔ a wɔwɔ mʼagya efie didi mee, ma ebi ka ma wɔto gu. Adɛn na mete ha na ɛkɔm rekum me yi!
But when he came to himself, he said, ‘How many hired servants of my father’s have bread enough to spare, and I’m dying with hunger!
18 Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka makyerɛ no sɛ, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne,
I will get up and go to my father, and will tell him, “Father, I have sinned against heaven and in your sight.
19 na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafoɔ no mu baako.’
I am no more worthy to be called your son. Make me as one of your hired servants.”’
20 Ɔsiim sɛ ɔresane aba nʼagya nkyɛn. “Ɔnam ɛkwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no hunuu no, enti ɔde ayamhyehyeɛ yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.
“He arose and came to his father. But while he was still far off, his father saw him and was moved with compassion, and ran, fell on his neck, and kissed him.
21 “Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’
The son said to him, ‘Father, I have sinned against heaven and in your sight. I am no longer worthy to be called your son.’
22 “Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka mo ho nkɔfa ntoma pa mmɛfira no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ.
“But the father said to his servants, ‘Bring out the best robe and put it on him. Put a ring on his hand and sandals on his feet.
23 Afei, monkɔkum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mfa nyɛ aduane, na yɛnnidi, nnom, nnye yɛn ani,
Bring the fattened calf, kill it, and let’s eat and celebrate;
24 ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ meba yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ Wɔhyɛɛ aseɛ gyee wɔn ani.
for this, my son, was dead and is alive again. He was lost and is found.’ Then they began to celebrate.
25 “Ne ba panin a na ɔfiri afuom reba no duruu afikyire no, ɔtee nnwontoɔ ne ahurisidie wɔ efie hɔ.
“Now his elder son was in the field. As he came near to the house, he heard music and dancing.
26 Ɛno enti ɔfrɛɛ asomfoɔ no mu baako bisaa no deɛ ɛrekɔ so wɔ efie hɔ.
He called one of the servants to him and asked what was going on.
27 Ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no asane aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’
He said to him, ‘Your brother has come, and your father has killed the fattened calf, because he has received him back safe and healthy.’
28 “Ɔtee saa asɛm yi no, ne bo fuiɛ enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ efie hɔ. Nʼagya tee saa asɛm yi no, ɔfirii adi baa ne nkyɛn bɛkorɔkorɔɔ no.
But he was angry and would not go in. Therefore his father came out and begged him.
29 Ne ba no de awerɛhoɔ buaa no sɛ, ‘Agya, masom wo mfeɛ dodoɔ yi nyinaa a deɛ wobɛka biara metie, nanso wommaa me odwan ba mpo da sɛ menkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani.
But he answered his father, ‘Behold, these many years I have served you, and I never disobeyed a commandment of yours, but you never gave me a goat, that I might celebrate with my friends.
30 Nanso, wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwie no baeɛ yi deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’
But when this your son came, who has devoured your living with prostitutes, you killed the fattened calf for him.’
31 “Nʼagya buaa no sɛ, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso yɛ wo dea.
“He said to him, ‘Son, you are always with me, and all that is mine is yours.
32 Ɛsɛ sɛ yɛgye yɛn ani, ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ wo nua yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’”
But it was appropriate to celebrate and be glad, for this, your brother, was dead, and is alive again. He was lost, and is found.’”

< Luka 15 >