< Luka 14 >

1 Homeda bi, Farisini panin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidie no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ deɛ Yesu bɛyɛ. 2 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyare ahonhono. 3 Yesu bisaa Farisifoɔ no ne mmaranimfoɔ a na wɔwɔ hɔ no sɛ, “Mmara ma ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa?” 4 Wɔammua no. Enti, Yesu sɔɔ ɔyarefoɔ no mu saa no yadeɛ, gyaa no kwan. 5 Yesu bisaa wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɛ, “Mo mu hwan na sɛ nʼafunumu tɔ abura mu homeda a ɔrenyi no da no ara?” 6 Nanso, wɔantumi ammua no. 7 Afei, Yesu hunuu sɛ, nnipa a wɔfrɛɛ wɔn adidi no ase no mu biara pɛɛ sɛ ɔtena mpanin tenabea no, ɔbuu wɔn bɛ bi sɛ, 8 “Sɛ obi to nsa frɛ wo apontoɔ ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanin tenabea, ɛfiri sɛ, ebia na wato nsa afrɛ onipa titire bi a ɔsene wo. 9 Sɛ ɛba saa a, deɛ ɔtoo nsa frɛɛ wo no bɛtu wo afiri akonnwa a wote so no so de ama deɛ ɔsene wo no na wode aniwuo akɔtena akyire baabi. 10 Enti, sɛ obi hyia wo apontoɔ ase a, kɔtena akyire baabi na sɛ deɛ ɔhyiaa wo no bɛhunu wo a, waka akyerɛ wo sɛ, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanin tenabea.’ 11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.” 12 Afei, Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no sɛ, “Sɛ woto ɛpono a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafoɔ ne asikafoɔ a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a, wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a, na wonyɛɛ hwee. 13 Na sɛ woto ɛpono a, hyia ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye ne anifirafoɔ. 14 Esiane sɛ wɔntumi nyɛ saa bi mma wo no enti, ɛda a ateneneefoɔ bɛsɔre afiri awufoɔ mu no, Onyankopɔn bɛhyira wo.” 15 Wɔn a wɔte adidiiɛ no mu baako tee deɛ Yesu kaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Nhyira nka deɛ ɔbɛdidi wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.” 16 Yesu buaa no sɛ, “Ɛda bi ɔbarima bi too ɛpono kɛseɛ hyiaa nnipa bebree. 17 Adidi berɛ duruiɛ no, ɔsomaa ne ɔsomfoɔ bi sɛ ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ wɔmmra. 18 “Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho wɔn ho ano. Deɛ ɔdi ɛkan no yii ne ho ano sɛ, ‘Matɔ asase a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’ 19 “Na ɔfoforɔ nso yii ne ho ano sɛ, ‘Matɔ anantwie edu a mede wɔn bɛyɛ mʼafuo a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’ 20 “Ɔfoforɔ bi nso yii ne ho ano sɛ, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’ 21 “Ɔsomfoɔ no sane bɛbɔɔ ne wura no amaneɛ no, ɔde abufuo somaa no bio sɛ, ‘Ka wo ho kɔ mmɔntene so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, anifirafoɔ ne mpakye sɛ wɔmmra.’ 22 “Ɔsomfoɔ no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no baeɛ, nanso na afa da so wɔ hɔ ara. 23 “Ɛno enti, owura no sane somaa no sɛ, ‘Kɔ akwan so ne mfikyire na frɛ obiara a wobɛhunu no no sɛ, mato ɛpono, enti wɔmmra. 24 Na merema woate aseɛ sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduane yi bi bɛka nʼano da biara da.’” 25 Ɛda bi a na nkurɔfoɔ akuakuo bi di Yesu akyi no, ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 26 “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sene nʼawofoɔ, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a, ɔrentumi nyɛ me suani. 27 Obiara a ɔdi mʼakyi na ɔntumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani. 28 “Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bɛwie? 29 Anyɛ saa na ɔhyɛ ɛdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wɔhunu no nyinaa bɛsere no, 30 aka sɛ, ‘Onipa yi hyɛɛ aseɛ sɛ ɔresi ɛdan, nanso wantumi anwie’. 31 “Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔkura asraafoɔ ɔpedu na ɔrekɔhyia ɔsahene foforɔ a ɔkura asraafoɔ ɔpeduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono? 32 Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforɔ no bɛbɛn no no, ɔtu abɔfoɔ kɔhunu no sɛ, ɔmma wɔnsiesie wɔn ntam na asomdwoeɛ mmra. 33 Ɛno enti, obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani. 34 “Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio? 35 Ɛho nni mfasoɔ mma biribiara. Wɔbɛto agu. “Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.”

< Luka 14 >