< Luka 14 >

1 Homeda bi, Farisini panin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidie no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ deɛ Yesu bɛyɛ.
安息日,耶穌到一個法利賽人的首領家裏去吃飯,他們就窺探他。
2 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyare ahonhono.
在他面前有一個患水臌的人。
3 Yesu bisaa Farisifoɔ no ne mmaranimfoɔ a na wɔwɔ hɔ no sɛ, “Mmara ma ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa?”
耶穌對律法師和法利賽人說:「安息日治病可以不可以?」
4 Wɔammua no. Enti, Yesu sɔɔ ɔyarefoɔ no mu saa no yadeɛ, gyaa no kwan.
他們卻不言語。耶穌就治好那人,叫他走了;
5 Yesu bisaa wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɛ, “Mo mu hwan na sɛ nʼafunumu tɔ abura mu homeda a ɔrenyi no da no ara?”
便對他們說:「你們中間誰有驢或有牛,在安息日掉在井裏,不立時拉牠上來呢?」
6 Nanso, wɔantumi ammua no.
他們不能對答這話。
7 Afei, Yesu hunuu sɛ, nnipa a wɔfrɛɛ wɔn adidi no ase no mu biara pɛɛ sɛ ɔtena mpanin tenabea no, ɔbuu wɔn bɛ bi sɛ,
耶穌見所請的客揀擇首位,就用比喻對他們說:
8 “Sɛ obi to nsa frɛ wo apontoɔ ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanin tenabea, ɛfiri sɛ, ebia na wato nsa afrɛ onipa titire bi a ɔsene wo.
「你被人請去赴婚姻的筵席,不要坐在首位上,恐怕有比你尊貴的客被他請來;
9 Sɛ ɛba saa a, deɛ ɔtoo nsa frɛɛ wo no bɛtu wo afiri akonnwa a wote so no so de ama deɛ ɔsene wo no na wode aniwuo akɔtena akyire baabi.
那請你們的人前來對你說:『讓座給這一位吧!』你就羞羞慚慚地退到末位上去了。
10 Enti, sɛ obi hyia wo apontoɔ ase a, kɔtena akyire baabi na sɛ deɛ ɔhyiaa wo no bɛhunu wo a, waka akyerɛ wo sɛ, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanin tenabea.’
你被請的時候,就去坐在末位上,好叫那請你的人來對你說:『朋友,請上座。』那時,你在同席的人面前就有光彩了。
11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”
因為,凡自高的,必降為卑;自卑的,必升為高。」
12 Afei, Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no sɛ, “Sɛ woto ɛpono a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafoɔ ne asikafoɔ a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a, wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a, na wonyɛɛ hwee.
耶穌又對請他的人說:「你擺設午飯或晚飯,不要請你的朋友、弟兄、親屬,和富足的鄰舍,恐怕他們也請你,你就得了報答。
13 Na sɛ woto ɛpono a, hyia ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye ne anifirafoɔ.
你擺設筵席,倒要請那貧窮的、殘廢的、瘸腿的、瞎眼的,你就有福了!
14 Esiane sɛ wɔntumi nyɛ saa bi mma wo no enti, ɛda a ateneneefoɔ bɛsɔre afiri awufoɔ mu no, Onyankopɔn bɛhyira wo.”
因為他們沒有甚麼可報答你。到義人復活的時候,你要得着報答。」
15 Wɔn a wɔte adidiiɛ no mu baako tee deɛ Yesu kaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Nhyira nka deɛ ɔbɛdidi wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”
同席的有一人聽見這話,就對耶穌說:「在上帝國裏吃飯的有福了!」
16 Yesu buaa no sɛ, “Ɛda bi ɔbarima bi too ɛpono kɛseɛ hyiaa nnipa bebree.
耶穌對他說:「有一人擺設大筵席,請了許多客。
17 Adidi berɛ duruiɛ no, ɔsomaa ne ɔsomfoɔ bi sɛ ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ wɔmmra.
到了坐席的時候,打發僕人去對所請的人說:『請來吧!樣樣都齊備了。』
18 “Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho wɔn ho ano. Deɛ ɔdi ɛkan no yii ne ho ano sɛ, ‘Matɔ asase a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’
眾人一口同音地推辭。頭一個說:『我買了一塊地,必須去看看。請你准我辭了。』
19 “Na ɔfoforɔ nso yii ne ho ano sɛ, ‘Matɔ anantwie edu a mede wɔn bɛyɛ mʼafuo a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’
又有一個說:『我買了五對牛,要去試一試。請你准我辭了。』
20 “Ɔfoforɔ bi nso yii ne ho ano sɛ, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’
又有一個說:『我才娶了妻,所以不能去。』
21 “Ɔsomfoɔ no sane bɛbɔɔ ne wura no amaneɛ no, ɔde abufuo somaa no bio sɛ, ‘Ka wo ho kɔ mmɔntene so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, anifirafoɔ ne mpakye sɛ wɔmmra.’
那僕人回來,把這事都告訴了主人。家主就動怒,對僕人說:『快出去,到城裏大街小巷,領那貧窮的、殘廢的、瞎眼的、瘸腿的來。』
22 “Ɔsomfoɔ no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no baeɛ, nanso na afa da so wɔ hɔ ara.
僕人說:『主啊,你所吩咐的已經辦了,還有空座。』
23 “Ɛno enti, owura no sane somaa no sɛ, ‘Kɔ akwan so ne mfikyire na frɛ obiara a wobɛhunu no no sɛ, mato ɛpono, enti wɔmmra.
主人對僕人說:『你出去到路上和籬笆那裏,勉強人進來,坐滿我的屋子。
24 Na merema woate aseɛ sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduane yi bi bɛka nʼano da biara da.’”
我告訴你們,先前所請的人沒有一個得嘗我的筵席。』」
25 Ɛda bi a na nkurɔfoɔ akuakuo bi di Yesu akyi no, ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
有極多的人和耶穌同行。他轉過來對他們說:
26 “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sene nʼawofoɔ, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a, ɔrentumi nyɛ me suani.
「人到我這裏來,若不愛我勝過愛自己的父母、妻子、兒女、弟兄、姊妹,和自己的性命,就不能作我的門徒。
27 Obiara a ɔdi mʼakyi na ɔntumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.
凡不背着自己十字架跟從我的,也不能作我的門徒。
28 “Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bɛwie?
你們哪一個要蓋一座樓,不先坐下算計花費,能蓋成不能呢?
29 Anyɛ saa na ɔhyɛ ɛdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wɔhunu no nyinaa bɛsere no,
恐怕安了地基,不能成功,看見的人都笑話他,說:
30 aka sɛ, ‘Onipa yi hyɛɛ aseɛ sɛ ɔresi ɛdan, nanso wantumi anwie’.
『這個人開了工,卻不能完工。』
31 “Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔkura asraafoɔ ɔpedu na ɔrekɔhyia ɔsahene foforɔ a ɔkura asraafoɔ ɔpeduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono?
或是一個王出去和別的王打仗,豈不先坐下酌量,能用一萬兵去敵那領二萬兵來攻打他的嗎?
32 Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforɔ no bɛbɛn no no, ɔtu abɔfoɔ kɔhunu no sɛ, ɔmma wɔnsiesie wɔn ntam na asomdwoeɛ mmra.
若是不能,就趁敵人還遠的時候,派使者去求和息的條款。
33 Ɛno enti, obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.
這樣,你們無論甚麼人,若不撇下一切所有的,就不能作我的門徒。」
34 “Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio?
「鹽本是好的;鹽若失了味,可用甚麼叫它再鹹呢?
35 Ɛho nni mfasoɔ mma biribiara. Wɔbɛto agu. “Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.”
或用在田裏,或堆在糞裏,都不合式,只好丟在外面。有耳可聽的,就應當聽!」

< Luka 14 >