< Luka 13 >

1 Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ, Pilato akum Galileafoɔ bi a wɔrebɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn, de wɔn mogya fraa afɔrebɔ no.
Now there were some present at the same time who told him about the Galileans, whose blood Pilate had mixed with their sacrifices.
2 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ saa Galileafoɔ no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene wɔn a aka no nyinaa enti na wɔkumm wɔn no?
And he answered and said to them, "Do you think that these Galileans were worse sinners than all the other Galileans, because they suffered these things?
3 Dabi, sɛ mo nso moannu mo ho a, wɔbɛkunkum mo saa ara.
I tell you, no, but unless you repent, you will all perish in the same way.
4 Anaasɛ mosusu sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kumm wɔn no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a na wɔte Yerusalem no?
Or those eighteen, on whom the tower in Siloam fell, and killed them; do you think that they were worse offenders than all the others who dwell in Jerusalem?
5 Dabi, mo nso moannu mo ho a, mobɛwuwu saa ara.”
I tell you, no, but, unless you repent, you will all perish in the same way."
6 Afei, Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Ɛda bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔte ɛso aba no bi nanso wannya bi.
He spoke this parable. "A certain man had a fig tree planted in his vineyard, and he came seeking fruit on it, and found none.
7 Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mfeɛ mmiɛnsa ni, ɛberɛ biara a mɛba sɛ merebɛte borɔdɔma no bi no, mennya bi. Adɛn enti na ɛresɛe kwa yi? Twa twene.’
He said to the vine dresser, 'Look, these three years I have come looking for fruit on this fig tree, and found none. Cut it down. Why does it waste the soil?'
8 “Turo no sohwɛfoɔ no srɛɛ no sɛ, ‘Me wura, ma ɛnsi hɔ afeɛ yi nso na mengugu aseɛ sumina nhwɛ
He answered, 'Lord, leave it alone this year also, until I dig around it, and fertilize it.
9 sɛ ebia, ɛbɛso aba bi anaa, na sɛ antumi anso a, ɛnneɛ mɛtwa atwene.’”
And if it bears fruit next time, [fine]; but if not, you can cut it down.'"
10 Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no,
He was teaching in one of the synagogues on the Sabbath day.
11 na ɔbaa bi wɔ hɔ a honhommɔne mu yadeɛ bi akyere no mfeɛ dunwɔtwe ama ne mu akoa a ɔntumi ntene ne mu koraa.
And look, a woman who had a spirit of infirmity eighteen years, and she was bent over, and could in no way straighten herself up.
12 Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no firii nnipa no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbaa, wo ho nyɛ wo den.”
When Jesus saw her, he called her, and said to her, "Woman, you are freed from your infirmity."
13 Ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtumi tenee ne mu. Na ɔbaa no yii Onyankopɔn ayɛ.
He laid his hands on her, and immediately she stood up straight, and glorified God.
14 Hyiadan no so panin a ɔhunuu ɔbaa no ayaresa no de abufuo kaa sɛ, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yadeɛ, na ɛnyɛ homeda.”
The ruler of the synagogue, being indignant because Jesus had healed on the Sabbath, said to the crowd, "There are six days when work should be done Therefore come on those days and be healed, and not on the Sabbath day."
15 Na Awurade buaa no sɛ, “Nyaatwomfoɔ! Mo mu hwan na ɔnsane ne nantwie anaa nʼafunumu na ɔnka no nkɔnom nsuo homeda?
Therefore the Lord answered him, "You hypocrites. Does not each one of you free his ox or his donkey from the stall on the Sabbath, and lead him away to water?
16 Adɛn enti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no dommum mfeɛ dunwɔtwe ni no, ɛnsɛ sɛ mesa no yadeɛ homeda?”
Ought not this woman, being a daughter of Abraham, whom Satan had bound, look, eighteen years, be freed from this bondage on the Sabbath day?"
17 Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wuiɛ. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwanwadeɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ no nyinaa ho.
As he said these things, all his adversaries were disappointed, and all the crowd rejoiced for all the glorious things that were done by him.
18 Afei, Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm, na ɔbisaa wɔn sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no te sɛn? Na ɛdeɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ aseɛ?
Then he said, "What is the Kingdom of God like? And to what can I compare it?
19 Onyankopɔn Ahennie no te sɛ onyina aba ketewa bi a obi dua wɔ nʼafuo mu na ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ ma ewiem nnomaa kɔnwono wɔn mpirebuo wɔ so.”
It is like a grain of mustard seed, which a man took, and put in his own garden. It grew, and became a tree, and the birds of the sky lodged in its branches."
20 Ɔbisaa bio sɛ, “Ɛdeɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ aseɛ?
And again he said, "To what can I compare the Kingdom of God?
21 Ɛte sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.”
It is like yeast, which a woman took and hid in three measures of flour, until it was all leavened."
22 Ɛberɛ a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkuro so ne nkuraa ase ansa na ɔreduru hɔ.
He went on his way through cities and villages, teaching, and traveling on to Jerusalem.
23 Ne nkyerɛkyerɛ no mu no, obi bisaa no sɛ, “Awurade, nnipa kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa anaa?” Ɔbuaa no sɛ,
One said to him, "Lord, are they few who are saved?" He said to them,
24 “Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛpere sɛ wɔbɛwura mu, nanso wɔrentumi.
"Strive to enter in by the narrow door, for many, I tell you, will seek to enter in, and will not be able.
25 Sɛ ɛba sɛ efiewura no ato ɛpono no mu a, mobɛba abɛgyina akyire abɔ mu, aka sɛ, ‘Owura, yɛsrɛ wo, bue yɛn.’ “Na ɔno nso abisa mo sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo?’
When once the master of the house has risen up, and has shut the door, and you begin to stand outside, and to knock at the door, saying, 'Lord, open to us.' then he will answer and tell you, 'I do not know you or where you come from.'
26 “Na mo nso moaka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔno so.’
Then you will begin to say, 'We ate and drank in your presence, and you taught in our streets.'
27 “Na efiewura no nso bɛbisa mo bio sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo. Momfiri mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ!’
But he will reply, 'I do not know where you come from. Depart from me, all you workers of iniquity.'
28 “Na sɛ mohunu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Ahennie no mu na montumi nkɔ hɔ bi a, mode mo nsa bɛgu mo ti atwa agyaadwoɔ.
There will be weeping and grinding of teeth, when you see Abraham, Isaac, Jacob, and all the prophets, in the Kingdom of God, and yourselves being thrown outside.
29 Nnipa firi apueeɛ ne atɔeɛ bɛhyia wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu ato nsa adidi.
They will come from the east, west, north, and south, and will sit down in the Kingdom of God.
30 Na monkae sɛ akyikafoɔ bi wɔ hɔ a, wɔbɛdi ɛkan, na adikanfoɔ bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.”
And look, there are some who are last who will be first, and there are some who are first who will be last."
31 Saa ɛberɛ no ara mu Farisifoɔ bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ, ɛfiri sɛ, Herode rehwehwɛ wo akum wo.”
In that same hour some Pharisees came, saying to him, "Get out of here, and go away, for Herod wants to kill you."
32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ, ‘metu ahonhommɔne, na masa nyarewa ɛnnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, mɛduru Yerusalem.’
And he said to them, "Go and tell that fox, 'Look, I cast out demons and perform cures today and tomorrow, and the third day I complete my mission.
33 Nanso, ɛsɛ sɛ menante ɛnnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyeeɛ, na ɛtwa ara na ɛtwa sɛ odiyifoɔ bɛwu wɔ Yerusalem!
Nevertheless I must go on my way today and tomorrow and the next day, for it cannot be that a prophet perish outside of Jerusalem.'
34 “Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ na wosi wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampene so.
"Jerusalem, Jerusalem, that kills the prophets, and stones those who are sent to her. How often I wanted to gather your children together, like a hen gathers her own brood under her wings, and you refused.
35 Na mo afie bɛdane afituo na morenhunu me kɔsi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no!’”
Look, your house is abandoned to you. And I tell you, you will not see me until you say, 'Blessed is he who comes in the name of the Lord.'"

< Luka 13 >