< Luka 1 >

1 Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden atwerɛ Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no.
Seeing that many have taken it in hand to draw up an account of those matters which have been fully established among us,
2 Wɔtwerɛɛ sɛdeɛ nnipa a wɔhunuu saa nneɛma yi firi ahyɛaseɛ no daa no adi kyerɛɛ wɔn.
just as they reported them to us, who were from beginning eye- witnesses and ministers of the word,
3 Nanso, menyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ deɛ wɔatwerɛ no nyinaa mu yie na metwerɛ brɛ wo a, ɛyɛ.
it seemed good to me also accurately, from the very beginning, to write them to you in order, most excellent Theophilus,
4 Yei bɛboa wo ma woahunu nokorɛ a ɛwɔ deɛ woasua no nyinaa mu.
so that you may know the certainty of the story which you have been taught by the word of mouth.
5 Mede mʼasɛm no bɛfiri Yudafoɔ ɔsɔfoɔ Sakaria a ɔtenaa ase Yudeahene Herode berɛ so a na ɔfiri Abia asɔfokuo mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni.
In the reign of Herod, King of Judea, there was a certain priest, named Zachariah, belonging to the class of Abijah. He had a wife named Elizabeth,
6 Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokorɛm a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim.
who was a descendant of Aaron. They were both righteous in the sight of the Lord, walking in all the commandments and ordinances of the law, blameless.
7 Na wɔnni ba, ɛfiri sɛ, na Elisabet yɛ obonini. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyini.
Now they had no child, for Elizabeth was barren, and both were far advanced in years.
8 Ɛda bi a ɛduruu Sakaria asɔfokuo so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no,
Now while Zachariah was acting as priest before God in the due course of his class, it fell to his lot, according to the custom of priesthood,
9 wɔtoo aba yii no sɛ, ɔnkɔhye aduhwam wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so.
to enter into the sanctuary of the Lord and to burn incense.
10 Saa ɛberɛ yi ara nso na asafo no rebɔ mpaeɛ wɔ adihɔ hɔ sɛdeɛ wɔtaa yɛ no.
And the whole multitude of the people were without, praying at the hour of incense.
11 Sakaria gu so rehye aduhwam no, prɛko pɛ, Awurade ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afɔrebukyia no nkyɛn mu wɔ nifa so.
Then there appeared to him an angel of the Lord, standing on the right side of the altar of incense.
12 Sakaria hunuu no no, ɔbɔɔ birim na ne ho popoeɛ.
And as he saw him Zachariah was troubled, and fear fell upon him.
13 Nanso, ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakaria, nsuro, Awurade Onyankopɔn ate wo mpaeɛbɔ. Wo yere Elisabet bɛwo babarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.
But the Angel said to him. "Do not be afraid, Zachariah, because your petition has been heard, and your wife Elizabeth will bear you a son, and you are to call him John.
14 Nʼawoɔ bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛ wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye.
"And he shall be to you a joy and an exultation, and many shall rejoice over his birth.
15 Ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim. Ɔrennom nsã biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afiri ne maame yam.
"For he shall be great in the sight of the Lord, "He shall drink neither wine nor strong drink, "He shall be filled with the Holy Spirit from the hour of his birth,
16 Israelfoɔ pii nam nʼasɛnka so bɛnya adwensakyera asane aba Awurade, wɔn Onyankopɔn, nkyɛn.
"And shall win many of the sons of Israel to the Lord, their God.
17 Ɔbɛnya Odiyifoɔ Elia honhom ahoɔden no bi, na ɔbɛdi Agyenkwa no ba no anim abɛsiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma nteaseɛ aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdane Awurade asɛm no ho asoɔdenfoɔ adwene akɔ Awurade pɛ ho.”
"He shall go before Him in the wisdom and power of Elijah to turn the hearts of the fathers to their children and the disobedient to the wisdom of the righteous, and so to make ready for the Lord a people prepared for him."
18 Sakaria buaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu? Mabɔ akɔkoraa na me yere nso abɔ aberewa.”
"How shall I be sure of this?" said Zachariah to the Angel. "For I am an old man and my wife is advanced in years."
19 Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mene Gabriel a megyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo.
"I am Gabriel," answered the angel, "who stand in the presence of God; and I have been sent to speak to you and to bring and to bring you this good news.
20 Esiane sɛ woagye akyinnyeɛ enti, wobɛtɔ mumu kɔsi sɛ wɔbɛwo abɔfra no. Na deɛ maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne berɛ a ɛsɛ mu.”
"And now you shall be silent and unable to speak until the day the day when this has taken place; because you did not believe my words - Words which will be fulfilled at their appointed time."
21 Saa ɛberɛ yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba. Na ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛ saa.
Meanwhile the people were waiting for Zachariah and wondering why he stayed so long in the sanctuary.
22 Ɛberɛ a ɔbaeɛ no, wantumi ankasa ankyerɛ asafo mma no. Wɔhunu firii ne nneyɛeɛ mu sɛ wahunu nʼani so adeɛ wɔ asɔredan mu hɔ.
And when he came out he could not speak to them, and then they knew that he had seen a vision in the sanctuary. He kept making signs to them and remained dumb.
23 Ɔwiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ efie.
As soon as his term of priestly service was ended he went home;
24 Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee na ɔde ne ho siee abosome enum.
and after those days Elizabeth, his wife, Conceived, and she hid herself five months, saying.
25 Ɔde anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade ayɛ me adɔeɛ. Wayi animguaseɛ a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afiri me so.”
"This has the Lord done for me. He has now deigned to take the away my reproach among men."
26 Elisabet nyinsɛnee abosome nsia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase
Six months later the angel Gabriel was sent by God to a town in Galilee, called Nazareth,
27 sɛ, ɔnkɔ ɔbaa kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ɔfiri Ɔhene Dawid abusua mu no awadeɛ no nkyɛn.
to a maiden betrothed to a man named Joseph, a descendant of David. Her name was Mary.
28 Gabriel hunuu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Asomdwoeɛ nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”
The angel went in and said to her. "Joy to you, highly favored one! "The Lord is with you."
29 Ɔbɔfoɔ no asɛm no maa Maria adwenem yɛɛ no nnaa ma ɔbisaa ne ho sɛ, “Na saa nkyea yi, ase ne sɛn?”
Mary was greatly agitated at his word, and was revolving in her mind what this salutation could mean.
30 Ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Maria bio sɛ, “Maria, nsuro, ɛfiri sɛ, Awurade adom wo.
when the angel said to her. "Fear not Mary, for you have found grace with God.
31 Tie! Ɛrenkyɛre biara wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu.
"And behold, you shall conceive in your womb and bear a son; and you shall call his name Jesus.
32 Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nana Dawid ahennwa no bɛma no.
"He shall be great, and shall be called the Son of the Most High. "And the Lord God will give him the throne of his forefather David,
33 Na ɔbɛdi Yakob efie so ɔhene daa; na nʼahennie to rentwa da.” (aiōn g165)
"and he shall reign over the House of Jacob forever; and of his kingdom there shall be no end." (aiōn g165)
34 Maria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ ɛberɛ a ɔbarima nhunuu me da?”
And Mary said to the angel. "How can this be? For I have no husband?"
35 Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Onyankopɔn tumi abɛkata wo so, yei enti abɔfra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.
"The Holy Spirit shall come upon you," said the angel, "and the power of the most High shall overshadow you, and therefore the holy offspring which is born, shall be called the son of God.
36 Ɛbɛyɛ abosome nsia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonini anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewaberɛ mu.
"And behold your kinswoman, Elizabeth, she also has conceived a son in her old age, and this was the sixth month with her that was called barren.
37 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn deɛ, biribiara nso no yɛ.”
"For no word of God shall be void of power."
38 Maria kaa sɛ, “Me deɛ, meyɛ Awurade afenaa. Deɛ Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Ɛno akyi, ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔeɛ.
Then Mary said. "Behold I am Lord’s slave. Let it be to me as you have said." Then the angel departed from her.
39 Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔ so kuro bi mu.
Soon after this Mary set out and hastened unto the hill-country to a town in Judah;
40 Saa kuro no mu na Sakaria te. Ɔduruu kuro no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria efie kɔsraa Elisabet. Ɔkyeaa no.
and there she came into the house of Zachariah, and greeted Elizabeth.
41 Elisabet tee Maria nkyea no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amonom hɔ ara, Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma.
And when Elizabeth heard her salutation, the babe leaped in her womb, and Elizabeth herself was filled with the Holy Spirit,
42 Elisabet de ahosɛpɛ teaam sɛ, “Maria, wɔahyira wo sene mmaa nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛseɛ.
and called out with a loud cry. "Blessed are you among women, and blessed is your unborn child!
43 Animuonyam bɛn na ɛsene yei. Me sɛɛ ne hwan a anka mʼAwurade na bɛba abɛsra me?
"But why is this honor done me, that the mother of my Lord should come me?
44 Wokyeaa me pɛ, na abɔfra no de anigyeɛ kekaa ne ho.
"For behold when the sound of your salutation reached my ears, the babe leaped with joy within my womb.
45 Nhyira nka wo sɛ wogye dii sɛ, deɛ Onyankopɔn aka no, ɔbɛyɛ; ɛno enti na wɔadom wo yi.”
"And blessed is she who believed that the Lord’s words spoken to her would be fulfilled."
46 Maria kaa sɛ, “Me ɔkra kamfo Awurade.
And Mary said. "My soul doth magnify the Lord,
47 Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Onyankopɔn mu;
"My spirit exults in the God, who is my Saviour,
48 ɛfiri sɛ, wahunu nʼafenawa mmɔborɔni mmɔbɔ, na ɛfiri ɛnnɛ, awontoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me deɛ Onyankopɔn ahyira no.
"For he has regarded the humiliation of his slave, And from this hour all ages will count me blessed.
49 Ɛfiri sɛ, Ɔkronkronni Otumfoɔ no ayɛ ade kɛseɛ ama me;
"For he who is mighty has done great things for me; And holy is his name.
50 nʼahummɔborɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ ma wɔn a wɔsuro no na wɔdi no ni no nyinaa.
"His mercy is unto generations and generations on those who reverence him.
51 Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofoɔ ne ahantanfoɔ ne wɔn nsusuiɛ apete.
"He has showed strength with his arm. "He has scattered proud in the imagination of their hearts;
52 Watu aberempɔn adeɛ so ama ahobrɛasefoɔ so.
"he has put down princes from their thrones, and has exalted those of low degree.
53 Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa na wagya ahonyafoɔ kwan nsapan.
"The hungry he has filled with good things, But the rich he has sent empty away.
54 Waboa nʼakoa Israel na ne werɛ amfiri ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ
"He has helped Israel, his servant, that he might remember mercy,
55 a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefoɔ no da.” (aiōn g165)
"As he spoke to our forefathers, to Abraham and his offspring forever." (aiōn g165)
56 Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa ansa na ɔresane akɔ ne kurom.
So Mary stayed with Elizabeth about three months and returned home.
57 Elisabet awoɔ duruu so no, ɔwoo ɔbabarima.
Now when the time of Elizabeth’s delivery was come, she gave birth to a son;
58 Nʼafipamfoɔ ne nʼabusuafoɔ tee adɔeɛ a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigyeɛ dii ahurisie.
and her neighbors and kinsfolk heard that the Lord had magnified his mercy toward her; and they rejoiced with her,
59 Ɛduruu nnawɔtwe no, abusuafoɔ ne adɔfoɔ bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abɔfra no to nʼagya Sakaria.
and came on the eighth day to circumcise the child. They were about to call him "Zachariah," after his father,
60 Nanso, ne maame kaa sɛ, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”
when his mother said, "No, he is to be called John."
61 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.”
Said they, "You have no relatives of that name!"
62 Yei maa wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bisaa nʼagya din a wɔmfa nto abɔfra no.
Then they asked his father by signs what he wished to call the child.
63 Sakaria maa wɔde krataa brɛɛ no na ɔtwerɛɛ so sɛ, “Ne din de Yohane.” Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.
So he asked for a writing tablet and wrote down, "His name is John."
64 Amonom hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ɔhyɛɛ aseɛ yii Onyankopɔn ayɛ.
Every one was surprised, and at once his mouth was opened and his tongue loosed, and he spoke, blessing God.
65 Wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na saa asɛm yi trɛ faa Yudea mmepɔ so hɔ nyinaa.
And there came a great fear upon all in the neighborhood; and throughout the hill country of Judea all these sayings were much talked about.
66 Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na abɔfra yi bɛnyini ayɛ daakye? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”
All the story laid it up in their hearts, saying "What, then, will this child be?" For the Lord’s hands was with him.
67 Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm sɛ,
And his father, Zachariah, was filled with the Holy Spirit and prophesied, saying.
68 “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, sɛ waba abɛgye ne manfoɔ.
"Blessed be the Lord, the God of Israel, For he has visited and redeemed his people,
69 Ɔde Agyenkwa Otumfoɔ a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ Dawid aseni rebrɛ yɛn,
"And has raised up a mighty Deliverer for us In the house of his servant David,
70 sɛdeɛ ɔnam nʼadiyifoɔ kronkron so firi teteete hyɛɛ bɔ (aiōn g165)
"As he spake by the mouth of his holy Prophets Which have been since the world began (aiōn g165)
71 sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn no nsam no.
To deliver us from our enemies, and from the power Of all who hate us.
72 Na wama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom wɔ nʼahummɔborɔ ho no aba mu na wakae nʼapam kronkron no,
"He showed mercy to our forefathers, He remembered his holy covenant,
73 na wakae nʼapam kronkron a ɔne Abraham pameeɛ no;
"The oath which he swore to Abraham, our forefather,
74 sɛ ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam no, na yɛasom no a osuro biara nni mu.
"That he we should be delivered out of the Hand of our enemies, And should serve him without fear,
75 Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne ateneneefoɔ wɔ nʼanim.
"In holiness and righteousness before him All our days.
76 “Na wo, akɔkoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifoɔ, ɛfiri sɛ, wo na wobɛsiesie ɛkwan ama Agyenkwa no,
"And thou, child, shalt be called the Prophet of the Most High, For thou shalt go before the Lord to prepare the way
77 na wobɛkyerɛ ne manfoɔ kwan a wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a ɛnni awieeɛ;
"To give to his people a knowledge of salvation Through the remission of their sins,
78 na yeinom nyinaa bɛba mu ɛfiri sɛ, Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,
"Through the heart of mercy of our God, Whereby the Dayspring from on high shall visit us,
79 na ɛbɛma hann a ɛfiri ɔsoro abɛpue yɛn so ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owuo sum mu no so, na akyerɛ yɛn ɛkwan akɔ asomdwoeɛ mu.”
"To give light to those who sit in darkness and in the shadow of death, And to guide our feet into the paths of peace."
80 Abɔfra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa ɛserɛ so kɔsii ɛberɛ a ɔfirii nʼasɛnka adwuma ase.
And the child grew, and became strong in the Spirit, and remained in the desert till the day of his showing to Israel.

< Luka 1 >