< 3 Mose 26 >

1 “‘Monnyɛ abosom. Monnsisi ahoni anaa aboɔ mma mo ho. Mommfa aboɔ a wɔatwa nsisi mo asase so sɛ morebɛkoto wɔn. Mene Awurade mo Onyankopɔn.
“‘You shall make for yourselves no idols, and you shall not raise up a carved image or a pillar, and you shall not place any figured stone in your land, to bow down to it; for I am Yahweh your God.
2 “‘Ɛsɛ sɛ modi me Homeda, na mode anidie ma me kronkronbea. Mene Awurade.
“‘You shall keep my Sabbaths, and have reverence for my sanctuary. I am Yahweh.
3 “‘Sɛ modi me mmara no nyinaa so a,
“‘If you walk in my statutes and keep my commandments, and do them,
4 daa mɛtɔ osuo ama mo ama mo nnɔbaeɛ ayɛ yie abu so, na mo nnua nso bɛso aba a ɛbɛkyɛre wɔ nnua no so.
then I will give you your rains in their season, and the land shall yield its increase, and the trees of the field shall yield their fruit.
5 Na sɛ ɛduru odua berɛ so bio koraa a, mo borɔdɔma bɛkɔ so abere. Mobɛdidi amee na moatena asase no so asomdwoeɛ mu,
Your threshing shall continue until the vintage, and the vintage shall continue until the sowing time. You shall eat your bread to the full, and dwell in your land safely.
6 “‘Ɛfiri sɛ, mɛma mo asomdwoeɛ, na mɛma mo ada a monnsuro hwee. Mɛpam mmoa bɔne afiri mo ho.
“‘I will give peace in the land, and you shall lie down, and no one will make you afraid. I will remove evil animals out of the land, neither shall the sword go through your land.
7 Mobɛpam mo atamfoɔ; na wɔbɛwuwu wɔ mo asekan ano.
You shall chase your enemies, and they shall fall before you by the sword.
8 Mo mu baanum bɛka ɔha agu, na mo mu ɔha aka ɔpedu agu! Mo atamfoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano wɔ mo anim.
Five of you shall chase a hundred, and a hundred of you shall chase ten thousand; and your enemies shall fall before you by the sword.
9 “‘Mɛhwɛ mo so na mama mo adɔre, na madi apam a me ne mo pameeɛ no so.
“‘I will have respect for you, make you fruitful, multiply you, and will establish my covenant with you.
10 Mo nnɔbaeɛ bɛbu so a sɛ otwa berɛ foforɔ duru so a, morenhunu deɛ mode bɛyɛ.
You shall eat old supplies long kept, and you shall move out the old because of the new.
11 Na mɛtena mo mu, na meremmu mo animtiaa.
I will set my tent among you, and my soul won’t abhor you.
12 Me ne mo bɛnante, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfoɔ.
I will walk among you, and will be your God, and you will be my people.
13 Mene Awurade mo Onyankopɔn a ɔde mo firi Misraim asase so baeɛ sɛ ɔmpɛ sɛ moyɛ nkoa bio no. Mabubu mo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, na mɛma mo anante animuonyam so.
I am Yahweh your God, who brought you out of the land of Egypt, that you should not be their slaves. I have broken the bars of your yoke, and made you walk upright.
14 “‘Na sɛ moantie me, anni mʼasɛm so,
“‘But if you will not listen to me, and will not do all these commandments,
15 na mopo me mmara a,
and if you shall reject my statutes, and if your soul abhors my ordinances, so that you will not do all my commandments, but break my covenant,
16 deɛ mɛyɛ mo nie: Mɛma mo akoma atutu na mama nsamanwa ayɛ mo, na atiridiinini abɔ mo. Mo ani bɛtutu, na mo nkwa so ahwan. Mobɛdua nnɔbaeɛ agu kwa, ɛfiri sɛ, mo atamfoɔ na wɔbɛdie.
I also will do this to you: I will appoint terror over you, even consumption and fever, that shall consume the eyes, and make the soul to pine away. You will sow your seed in vain, for your enemies will eat it.
17 Mɛyi mʼani afiri mo so, na moadwane afiri mo atamfoɔ anim. Wɔn a wɔtan mo bɛdi mo so. Mobɛdwane ɛberɛ a obiara mpam mo.
I will set my face against you, and you will be struck before your enemies. Those who hate you will rule over you; and you will flee when no one pursues you.
18 “‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, mɛtwe mo aso mmɔho nson a emu yɛ den wɔ mo bɔne no ho.
“‘If you in spite of these things will not listen to me, then I will chastise you seven times more for your sins.
19 Mɛsɛe mo ahantan tumi no na mayɛ mo soro sɛ dadeɛ ne mo fam sɛ kɔbere.
I will break the pride of your power, and I will make your sky like iron, and your soil like bronze.
20 Mobɛsɛe mo ahoɔden kwa, na mo asase nnya nnɔbaeɛ biara, na ɛso nnua nso renso aba.
Your strength will be spent in vain; for your land won’t yield its increase, neither will the trees of the land yield their fruit.
21 “‘Na sɛ tie ara na monntie me a, mo bɔne enti, mede ɔyaredɔm mmɔho nson bɛgu mo so.
“‘If you walk contrary to me, and won’t listen to me, then I will bring seven times more plagues on you according to your sins.
22 Mɛma nkekaboa abɛkunkum mo mma na wɔakunkum mo anantwie, na mate mo dodoɔ so, na mo akwan bɛda mpan a obi mfa so bio.
I will send the wild animals among you, which will rob you of your children, destroy your livestock, and make you few in number. Your roads will become desolate.
23 “‘Na sɛ yei antumi ansesa mo, na mokɔ so tia mʼapɛdeɛ a,
“‘If by these things you won’t be turned back to me, but will walk contrary to me,
24 me nso, mɛtia mo apɛdeɛ, na me ara mʼankasa mɛtwe mo aso mprɛnson wɔ mo bɔne ho.
then I will also walk contrary to you; and I will strike you, even I, seven times for your sins.
25 Menam ɔko so bɛbu mʼapam so ako atia mo de atua mo so ka. Mobɛdwane akɔ mo nkuro mu, na mede nyarewa bɛtoa mo wɔ hɔ. Na mo atamfoɔ bɛdi mo so.
I will bring a sword upon you that will execute the vengeance of the covenant. You will be gathered together within your cities, and I will send the pestilence among you. You will be delivered into the hand of the enemy.
26 Mɛsɛe mo nnuane a mobɛnya nyinaa kɔsi sɛ mpo, fononoo baako burodo a ɛbɛto no na mmusuakuo edu bɛdi. Aduane kakra a mobɛdi no akyi, ɛkɔm bɛde mo.
When I break your staff of bread, ten women shall bake your bread in one oven, and they shall deliver your bread again by weight. You shall eat, and not be satisfied.
27 “‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a,
“‘If you in spite of this won’t listen to me, but walk contrary to me,
28 mo bɔne enti, me bo bɛfu mo na matwe mo aso a emu yɛ den mmɔho nson.
then I will walk contrary to you in wrath. I will also chastise you seven times for your sins.
29 Mobɛwe mo mmammarima ne mo mmammaa ɛnam.
You will eat the flesh of your sons, and you will eat the flesh of your daughters.
30 Mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea. Mɛtwitwa mo aduhwam afɔrebukyia agu, na mahyehyɛ mo afunu wɔ mo ahoni a ɛnni nkwa no so; na mɛpo mo.
I will destroy your high places, and cut down your incense altars, and cast your dead bodies upon the bodies of your idols; and my soul will abhor you.
31 Mɛma mo nkuro ayɛ amamfo na masɛe baabi a mosom nyinaa, na mapo mo ohwam afɔrebɔ no.
I will lay your cities waste, and will bring your sanctuaries to desolation. I will not take delight in the sweet fragrance of your offerings.
32 Ampa ara, mɛma mo asase so ada mpan na mo atamfoɔ atena so, na deɛ mɛyɛ mo no ayɛ mo nwanwa.
I will bring the land into desolation, and your enemies who dwell in it will be astonished at it.
33 Mɛbɔ mo apete aman no a morekɔ so nyinaa, na mede ɔko asɛe mo. Mo asase bɛda mpan na wɔasɛe mo nkuro.
I will scatter you among the nations, and I will draw out the sword after you. Your land will be a desolation, and your cities shall be a waste.
34 Akyire no, asase no bɛda hɔ ahome de asi mfeɛ dodoɔ a moamma anhome no anan; ɛbɛda hɔ wɔ mmerɛ a mowɔ atamfoɔ nsam wɔ wɔn nsase so no nyinaa. Na asase no ahome, na anya ne home nna nso.
Then the land will enjoy its Sabbaths as long as it lies desolate and you are in your enemies’ land. Even then the land will rest and enjoy its Sabbaths.
35 Ɛberɛ a asase no da mpan nyinaa, ɛbɛnya home a moamma annya wɔ Homeda dodoɔ a motenaa soɔ no.
As long as it lies desolate it shall have rest, even the rest which it didn’t have in your Sabbaths when you lived on it.
36 “‘Wɔn a wɔgyaa wɔn hɔ a wɔnwuiɛ no nso, mɛma wɔatwe wɔn akɔ akyirikyiri nsase so sɛ ɔko mu nneduafoɔ ne nkoa. Ɛhɔ na wɔbɛtena daa wɔ ehu mu. Wɔte sɛ mframa rebɔ ahahan koraa a, wɔbɛdwane te sɛ deɛ obi a ɔkura akofena repam wɔn; wɔbɛhwehwe ase wɔ ɛberɛ a obi mpam wɔn.
“‘As for those of you who are left, I will send a faintness into their hearts in the lands of their enemies. The sound of a driven leaf will put them to flight; and they shall flee, as one flees from the sword. They will fall when no one pursues.
37 Obiara rempamo wɔn nanso ehu enti, wɔbɛsuntisunti wɔn ho wɔn ho te sɛ deɛ wɔredwane afiri akono a wɔnni tumi biara a wɔde bɛgyina wɔn atamfoɔ anim no.
They will stumble over one another, as it were before the sword, when no one pursues. You will have no power to stand before your enemies.
38 Mobɛyera wɔ aman mu, na mo atamfoɔ asɛe mo.
You will perish among the nations. The land of your enemies will eat you up.
39 Wɔn a wɔbɛka no, wɔn bɔne enti, wɔn ho bɛyera wɔn wɔ atamfoɔ nsase so, bɔne a wɔn agyanom yɛeɛ no enti.
Those of you who are left will pine away in their iniquity in your enemies’ lands; and also in the iniquities of their fathers they shall pine away with them.
40 “‘Nanso akyire no, me nkurɔfoɔ bɛka wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne. Wɔbɛka sɛdeɛ wɔdii me hwammɔ na wɔtiaa me no.
“‘If they confess their iniquity and the iniquity of their fathers, in their trespass which they trespassed against me; and also that because they walked contrary to me,
41 Sɛ me nso metia wɔn te sɛ deɛ ɛsɛ na mede wɔn kɔ wɔn atamfoɔ asase so a, afei, wɔn akomaden no ano bɛbrɛ ase, na wɔbɛtua wɔn bɔne so ka.
I also walked contrary to them, and brought them into the land of their enemies; if then their uncircumcised heart is humbled, and they then accept the punishment of their iniquity,
42 Afei, mɛkae apam a me ne Yakob, Isak ne Abraham ayɛ, na mɛkae asase no.
then I will remember my covenant with Jacob, my covenant with Isaac, and also my covenant with Abraham; and I will remember the land.
43 Asase no da hɔ dinn no, ɛbɛdi ne homeda. Nanso akyire no, wɔbɛnya wɔn asotwe sɛ wɔanni me nhyehyɛeɛ so na wɔtiaa me mmara.
The land also will be left by them, and will enjoy its Sabbaths while it lies desolate without them; and they will accept the punishment of their iniquity because they rejected my ordinances, and their soul abhorred my statutes.
44 Na deɛ wɔyɛɛ no nyinaa akyi no, merensɛe wɔne mʼapam no korakora, ɛfiri sɛ, mene Awurade wɔn Onyankopɔn.
Yet for all that, when they are in the land of their enemies, I will not reject them, neither will I abhor them, to destroy them utterly and to break my covenant with them; for I am Yahweh their God.
45 Mɛkae tete apam a me ne wɔn agyanom a meyii wɔn firii Misraim, ɛberɛ a amanaman nyinaa rehwɛ no, yɛeɛ no. Me Awurade ne wɔn Onyankopɔn.’”
But I will for their sake remember the covenant of their ancestors, whom I brought out of the land of Egypt in the sight of the nations, that I might be their God. I am Yahweh.’”
46 Yeinom ne mmara ne ahyɛdeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israelfoɔ no wɔ Sinai Bepɔ so no.
These are the statutes, ordinances, and laws, which Yahweh made between him and the children of Israel in Mount Sinai by Moses.

< 3 Mose 26 >