< 3 Mose 23 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
Yahweh spoke to Moses, saying,
2 “Ma Israelfoɔ nte sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wɔdi Awurade afahyɛ ahodoɔ no mmerɛ a Israelfoɔ nyinaa bɛhyia asom me no.
“Speak to the children of Israel, and tell them, ‘The set feasts of Yahweh, which you shall proclaim to be holy convocations, even these are my set feasts.
3 “‘Mowɔ nna nsia a mode yɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ Homeda a mode home, ɛda a moyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara wɔ baabi a moteɛ. Ɛyɛ Homeda ma Awurade.
“‘Six days shall work be done, but on the seventh day is a Sabbath of solemn rest, a holy convocation; you shall do no kind of work. It is a Sabbath to Yahweh in all your dwellings.
4 “‘Yeinom ne Awurade apontoɔ, nhyiamu kronkron a ɛsɛ sɛ mobɔ ho dawuro wɔ ɛberɛ a wɔahyɛ:
“‘These are the set feasts of Yahweh, even holy convocations, which you shall proclaim in their appointed season.
5 Wɔfiri Awurade Twam Afahyɛ no ase wɔ ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda ɛtɔ so dunan no anwummerɛ.
In the first month, on the fourteenth day of the month in the evening, is Yahweh’s Passover.
6 Awurade Apiti Afahyɛ nso, wɔfiri aseɛ saa ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so dunum; na mobɛdi apiti nnanson.
On the fifteenth day of the same month is the feast of unleavened bread to Yahweh. Seven days you shall eat unleavened bread.
7 Ɛda a ɛdi saa afahyɛ yi ɛkan no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron, na monnyɛ adwuma biara.
In the first day you shall have a holy convocation. You shall do no regular work.
8 Nnanson no mu no, mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade ɛda biara. Na ɛda a ɛtɔ so nson no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron a obiara renyɛ adwuma.’”
But you shall offer an offering made by fire to Yahweh seven days. In the seventh day is a holy convocation. You shall do no regular work.’”
9 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
Yahweh spoke to Moses, saying,
10 “Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede bɛma mo no so na motwa mo nnɔbaeɛ a, momfa nnɔbaeɛ afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfoɔ.
“Speak to the children of Israel, and tell them, ‘When you have come into the land which I give to you, and shall reap its harvest, then you shall bring the sheaf of the first fruits of your harvest to the priest.
11 Ɔbɛhim no wɔ Awurade anim de akyerɛ sɛ ɔde rema no na Awurade bɛgye sɛ mo akyɛdeɛ.
He shall wave the sheaf before Yahweh, to be accepted for you. On the next day after the Sabbath the priest shall wave it.
12 Ɛda no ara, mode odwennini a wadi afe a ɔnnii dɛm bɛbɔ Awurade ɔhyeɛ afɔdeɛ,
On the day when you wave the sheaf, you shall offer a male lamb without defect a year old for a burnt offering to Yahweh.
13 ne nʼaduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmiɛnsa a wɔde ngo afra. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa dɛɛdɛ ma Awurade. Wɔde nsã lita ɛnan ne fa afɔrebɔdeɛ bɛka ho.
The meal offering with it shall be two tenths of an ephah of fine flour mixed with oil, an offering made by fire to Yahweh for a pleasant aroma; and the drink offering with it shall be of wine, the fourth part of a hin.
14 Ɛnsɛ sɛ modi burodo biara, sɛ ɛyɛ aduane a wɔato anaa ɛyɛ foforɔ, kɔsi ɛda a mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛbrɛ mo Onyankopɔn. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.
You must not eat bread, or roasted grain, or fresh grain, until this same day, until you have brought the offering of your God. This is a statute forever throughout your generations in all your dwellings.
15 “‘Homeda no akyi ɛda a ɛdi ɛkan a wɔmaa atokoɔ afiafi mu baako so him no Awurade anim sɛ afɔrebɔdeɛ no, mobɛfiti aseɛ abubu nnawɔtwe nson.
“‘You shall count from the next day after the Sabbath, from the day that you brought the sheaf of the wave offering: seven Sabbaths shall be completed.
16 Monkan adaduonum a ɛkɔsi homeda a ɛtɔ so nson no akyi ɛda koro na momfa atokoɔ foforɔ mmɛbɔ afɔdeɛ mma Awurade.
The next day after the seventh Sabbath you shall count fifty days; and you shall offer a new meal offering to Yahweh.
17 Yei bɛyɛ burodo mmienu a mode bɛfiri mo afie mu bɛba. Na wɔbɛhim no wɔ Awurade anim sɛ afɔrebɔ no. Momfa asikyiresiam lita ɛnan a wɔde mmɔreka afra nto saa burodo yi. Ɛyɛ mo aduane a ɛdi ɛkan afɔrebɔdeɛ a mode rema Awurade.
You shall bring out of your habitations two loaves of bread for a wave offering made of two tenths of an ephah of fine flour. They shall be baked with yeast, for first fruits to Yahweh.
18 Mode burodo ne nsã bɛka nnwan mma nson a wɔadi afe a ɛdɛm biara nni wɔn ho ne nantwie ba baako ne nnwennini mmienu ho abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade. Yeinom nyinaa yɛ ogya afɔrebɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani yie.
You shall present with the bread seven lambs without defect a year old, one young bull, and two rams. They shall be a burnt offering to Yahweh, with their meal offering and their drink offerings, even an offering made by fire, of a sweet aroma to Yahweh.
19 Mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ. Na mode nnwammaa mmienu a wɔn mu biara adi afe no abɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
You shall offer one male goat for a sin offering, and two male lambs a year old for a sacrifice of peace offerings.
20 Asɔfoɔ no bɛhim saa afɔrebɔdeɛ yi ne burodo mmienu a ɛsi mo mfudeɛ a ɛdi akyire no ananmu no wɔ Awurade anim. Ɛyɛ kronkron ma Awurade na wɔde bɛma asɔfoɔ no sɛ wɔn aduane.
The priest shall wave them with the bread of the first fruits for a wave offering before Yahweh, with the two lambs. They shall be holy to Yahweh for the priest.
21 Ɛda no, ɛsɛ sɛ mobɔ nhyiamu kronkron ho dawuro, na monnyɛ adwuma biara. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.
You shall make proclamation on the same day that there shall be a holy convocation to you. You shall do no regular work. This is a statute forever in all your dwellings throughout your generations.
22 “‘Sɛ motwa mo mfuo mu nnɔbaeɛ a, monntwa ntu aseɛ nnɔbaeɛ no, na deɛ aporo agu fam no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔnni asase bi a wɔdidi so no. Mene Awurade mo Onyankopɔn!’”
“‘When you reap the harvest of your land, you must not wholly reap into the corners of your field. You must not gather the gleanings of your harvest. You must leave them for the poor and for the foreigner. I am Yahweh your God.’”
23 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
Yahweh spoke to Moses, saying,
24 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: ‘Ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mohome ɛda no, na moyɛ nhyiamu kronkron na mohyɛn totorobɛnto dendeenden de kae.
“Speak to the children of Israel, saying, ‘In the seventh month, on the first day of the month, there shall be a solemn rest for you, a memorial of blowing of trumpets, a holy convocation.
25 Saa ɛda no, obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔyɛ adwuma, na mmom, mommɔ ogya so afɔdeɛ mma Awurade.’”
You shall do no regular work. You shall offer an offering made by fire to Yahweh.’”
26 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
Yahweh spoke to Moses, saying,
27 “Saa bosome a ɛtɔ so nson yi ɛda a ɛtɔ so edu ne Mpata Ɛda no. Monyɛ nhyiamu kronkron, monni abuada na mommɔ ogya so afɔdeɛ mma Awurade
“However on the tenth day of this seventh month is the day of atonement. It shall be a holy convocation to you. You shall afflict yourselves and you shall offer an offering made by fire to Yahweh.
28 Monnyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Mpata Ɛda, ɛberɛ a wɔpata ma mo wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim.
You shall do no kind of work in that same day, for it is a day of atonement, to make atonement for you before Yahweh your God.
29 Obiara a wanni ɛda no ahonu ne awerɛhoɔ so wɔ ne bɔne ho no, wɔbɛyi no afiri ne nkurɔfoɔ mu.
For whoever it is who shall not deny himself in that same day shall be cut off from his people.
30 Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no, mɛsɛe no.
Whoever does any kind of work in that same day, I will destroy that person from among his people.
31 Monnyɛ adwuma biara koraa. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no, wɔ baabiara a mobɛtena.
You shall do no kind of work: it is a statute forever throughout your generations in all your dwellings.
32 Ɛyɛ Homeda a wɔde home ma mo. Ɛsɛ sɛ mobrɛ mo kra ase. Ɛfiri ɛda a ɛtɔ so nkron kɔsi ɛda edu no anwummerɛ no, ɛsɛ sɛ modi mo Homeda.”
It shall be a Sabbath of solemn rest for you, and you shall deny yourselves. In the ninth day of the month at evening, from evening to evening, you shall keep your Sabbath.”
33 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
Yahweh spoke to Moses, saying,
34 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, wɔnhyɛ Awurade Asese Afahyɛ no ase, na mode nnanson na ɛbɛdi.
“Speak to the children of Israel, and say, ‘On the fifteenth day of this seventh month is the feast of booths for seven days to Yahweh.
35 Ɛda a ɛdi ɛkan no yɛ nhyiamu kronkron ɛda; monnyɛ adwuma biara.
On the first day shall be a holy convocation. You shall do no regular work.
36 Ɛda biara wɔ nnanson no mu, ɛsɛ sɛ mobɔ ogya so afɔdeɛ ma Awurade. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron na moabɔ ogya so afɔdeɛ ama Awurade. Ɛyɛ nhyiamu a ɛtwa toɔ. Monnyɛ adwuma biara.
Seven days you shall offer an offering made by fire to Yahweh. On the eighth day shall be a holy convocation to you. You shall offer an offering made by fire to Yahweh. It is a solemn assembly; you shall do no regular work.
37 “‘Yeinom ne afahyɛ ahodoɔ a Awurade ahyehyɛ sɛ mommɔ ho dawuro sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔde afɔrebɔdeɛ a wɔhye no ogya so ma Awurade no ba: ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, afɔrebɔdeɛ ahodoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ a ɛho hia ɛda biara.
“‘These are the appointed feasts of Yahweh which you shall proclaim to be holy convocations, to offer an offering made by fire to Yahweh, a burnt offering, a meal offering, a sacrifice, and drink offerings, each on its own day—
38 Monni saa afahyɛ yi nka Awurade Homeda no ho. Na mode saa afɔrebɔdeɛ nso bɛka mo ankasa ayɛyɛdeɛ, ɛbɔ a moahyɛ ne deɛ mofiri mo pɛ mu de ma Awurade ho.
in addition to the Sabbaths of Yahweh, and in addition to your gifts, and in addition to all your vows, and in addition to all your free will offerings, which you give to Yahweh.
39 “‘Enti ɛfiri bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɔtɔ so dunum no a moatwa asase no so nnɔbaeɛ no, momfa nnanson nni afahyɛ mma Awurade. Ɛda a ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so nnwɔtwe yɛ ahomegyeɛ nna.
“‘So on the fifteenth day of the seventh month, when you have gathered in the fruits of the land, you shall keep the feast of Yahweh seven days. On the first day shall be a solemn rest, and on the eighth day shall be a solemn rest.
40 Ɛda a ɛdi ɛkan no, montwitwa nnuaba mman a aba wɔ so, ne mmerɛnkɛnsono ne mman a nhahan wɔ so na momfa mmɔ asese na momma mo ani nnye wɔ mo Awurade Onyankopɔn anim nnanson.
You shall take on the first day the fruit of majestic trees, branches of palm trees, and boughs of thick trees, and willows of the brook; and you shall rejoice before Yahweh your God seven days.
41 Ɛsɛ sɛ saa afe biara mu nnanson adidie mmara yi tena hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
You shall keep it as a feast to Yahweh seven days in the year. It is a statute forever throughout your generations. You shall keep it in the seventh month.
42 Saa nnanson no mu, mo a moyɛ Israelfoɔ mma no, ɛsɛ sɛ motena asese no ase.
You shall dwell in temporary shelters for seven days. All who are native-born in Israel shall dwell in temporary shelters,
43 Nkyerɛaseɛ a ɛwɔ mu ara ne sɛ, ɛkae Israelfoɔ no firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so sɛ, me na megyee mo firii Misraim ma mobɛtenaa asese ase. Mene Awurade mo Onyankopɔn.’”
that your generations may know that I made the children of Israel to dwell in temporary shelters when I brought them out of the land of Egypt. I am Yahweh your God.’”
44 Yeinom ne Awurade afahyɛ ahodoɔ a wahyehyɛ a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no. Enti, Mose kyerɛɛ afahyɛ ahodoɔ a Israelfoɔ no bɛbɔ ama Awurade.
So Moses declared to the children of Israel the appointed feasts of Yahweh.

< 3 Mose 23 >