< Kwadwom 3 >

1 Mene ɔbarima a mahunu amane wɔ nʼabufuo abaa ano. 2 Wapam me afiri ne ho ama manante sum mu na ɛnyɛ hann mu; 3 Ampa ara wama nsa so atia me mpɛn bebree, ɛda mu nyinaa. 4 Wama me wedeɛ ne me nam anyini Na wabubu me nnompe. 5 Waka me ahyɛ mu, ɔde nwononwono ne ahokyere atwa me ho ahyia. 6 Wama matena esum mu sɛ wɔn a wɔawuwu dada no. 7 Wato ɔfasuo atwa me ho ahyia enti mentumi nnwane; wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ baha. 8 Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpaeɛ srɛ mmoa a ɔsi me mpaeɛbɔ ano. 9 Ɔde abotan asi me ɛkwan; wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye. 10 Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn, te sɛ gyata a watɛ, 11 ɔtwee me firi ɛkwan no mu dwerɛɛ me na ɔgyaa me a menni mmoa biara. 12 Ɔkuntunuu ne tadua mu na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so. 13 Ɔde bɛmma a ɛfiri ne kotokuo mu hwiree mʼakoma mu. 14 Meyɛɛ asredeɛ maa me nkurɔfoɔ nyinaa; wɔto akutia nnwom de di me ho fɛ ɛda mu nyinaa. 15 Ɔde nhahan nwononwono ahyɛ me ma. Wama me bɔnwoma anom. 16 Ɔde aboseaa abubu me se; na watiatia me so wɔ mfuturo mu. 17 Wɔama asomdwoeɛ abɔ me; na mewerɛ afiri yiedie. 18 Enti mese, “Mʼanimuonyam asa, deɛ mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.” 19 Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyini mu, nwononwono ne bɔnwoma mu. 20 Mekae yie, na me kra aboto wɔ me mu. 21 Nanso, mekae yei ne saa enti, mewɔ anidasoɔ. 22 Awurade dɔ kɛseɛ enti yɛnnsɛeɛ. Nʼayamhyehyeɛ nni hwammɔ. 23 Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara; wo nokorɛdie yɛ kɛseɛ. 24 Meka kyerɛ me ho sɛ, “Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.” 25 Awurade yɛ ma wɔn a wɔn anidasoɔ wɔ ne mu, onipa a ɔhwehwɛ noɔ no; 26 Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm de twɛn Awurade nkwagyeɛ. 27 Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua no wɔ ne mmeranteɛ ɛberɛ mu. 28 Ma ɔntena ase komm, ɛfiri sɛ Awurade de ato no so. 29 Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfuturo mu, ebia anidasoɔ wɔ hɔ. 30 Ma ɔmfa nʼafono mma deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no na ɔnhyɛ no aniwuo. 31 Na Awurade nto nnipa ntwene koraa. 32 Ɛwom, ɔde awerɛhoɔ ba deɛ, nanso ɔbɛnya ayamhyehyeɛ. Ne dɔ kɛseɛ no to rentwa da. 33 Ɔfiri amemenemfe mu de amanehunu anaa awerɛhoɔ brɛ nnipa mma. 34 Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛ nneduafoɔ a wɔwɔ asase no so a, 35 sɛ wɔtiatia obi ahofadie so wɔ Ɔsorosoroni no anim a, 36 anaa sɛ wɔbu obi ntɛnkyea a, Awurade nhunu saa nneɛma yi anaa? 37 Hwan na ɔbɛtumi aka na wama aba mu wɔ ɛberɛ a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛeɛ? 38 Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom na musuo ne nnepa firi anaa? 39 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔteasefoɔ nwiinwii ɛberɛ a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho? 40 Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ, na yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn. 41 Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so, nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ: 42 “Yɛayɛ bɔne, na yɛate atua na woamfa ankyɛ. 43 “Wode abufuo akata wo ho ataa yɛn; na wakunkum a woannya ahummɔborɔ. 44 Wode wo ho asie omununkum mu enti mpaeɛbɔ biara nnuru wo nkyɛn. 45 Woayɛ yɛn atantanneɛ ne wira wɔ amanaman no mu. 46 “Yɛn atamfoɔ nyinaa abae wɔn anom tɛtrɛɛ de tia yɛn. 47 Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhweaseɛ, mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ.” 48 Me nisuo sene sɛ asutene ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ. 49 Me nisuo bɛsene ara, na ɛrennyae, 50 kɔsi sɛ Awurade bɛhwɛ afiri ɔsoro, na wahu. 51 Deɛ mehunu no ma me kra werɛ ho me kuropɔn no mu mmaa nyinaa enti. 52 Mʼatamfoɔ a menyɛɛ wɔn hwee pampam me sɛ anomaa. 53 Wɔpɛɛ sɛ wɔtwa me nkwa so na wɔsi me aboɔ wɔ amena mu; 54 nsuo bu faa me tiri so, na ɛyɛɛ me sɛdeɛ wɔrewie me. 55 Mebɔɔ wo din, Ao Awurade firi amena no ase tɔnn. 56 Wotee me sufrɛ: “Nsi wʼaso wɔ me gyeɛ sufrɛ ho.” 57 Wotwe bɛnee me ɛberɛ a mefrɛɛ woɔ no, na wokaa sɛ, “Nsuro.” 58 Ao Awurade, wodii mʼasɛm maa me; na wogyee me nkwa. 59 Woahunu bɔne a wɔayɛ me, Ao Awurade. Di mʼasɛm ma me! 60 Woahunu wɔn aweretɔ no mu den, wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa. 61 Ao Awurade, woate wɔn sopa, wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa, 62 deɛ mʼatamfoɔ ka no sɛ asomusɛm na wɔka no brɛoo de tia me da mu nyinaa. 63 Hwɛ wɔn! Sɛ wɔgyinagyina hɔ anaa sɛ wɔtete hɔ, wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw. 64 Fa deɛ ɛfata tua wɔn so ka, Ao Awurade, deɛ wɔn nsa ayɛ enti. 65 Pirim wɔn akoma, na ma wo nnome mmra wɔn so. 66 Fa abufuo taa wɔn, na sɛe wɔn firi Awurade sorosoro ase.

< Kwadwom 3 >