< Yosua 18 >

1 Afei a asase no abɛdi Israelfoɔ nsam no, Israelfoɔ nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo na wɔsii hyiadan.
The whole congregation of the children of Israel assembled themselves together at Shiloh, and set up the Tent of Meeting there. The land was subdued before them.
2 Nanso, na aka mmusuakuo nson a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn.
Seven tribes remained among the children of Israel, which had not yet divided their inheritance.
3 Enti, Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moretwɛn akɔsi da bɛn ansa na moafa asase no nkaeɛ a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn de ama mo no?
Joshua said to the children of Israel, “How long will you neglect to go in to possess the land, which Yahweh, the God of your fathers, has given you?
4 Monyi nnipa baasa mfiri abusuakuo biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wɔnnii hɔ soɔ no. Wɔsane ba a, wɔbɛtwerɛ deɛ wɔhunuiɛ agu krataa so akyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛkyekyɛ agyapadeɛ no.
Appoint for yourselves three men from each tribe. I will send them, and they shall arise, walk through the land, and describe it according to their inheritance; then they shall come to me.
5 Akwansrafoɔ no bɛkyekyɛ asase no mu nson, na wɔremfa Yuda asase a ɛda anafoɔ fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho.
They shall divide it into seven portions. Judah shall live in his borders on the south, and the house of Joseph shall live in their borders on the north.
6 Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho te wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuo biara.
You shall survey the land into seven parts, and bring the description here to me; and I will cast lots for you here before Yahweh our God.
7 Nanso, Lewifoɔ no rennya asase biara. Wɔn dwumadie sɛ Awurade asɔfoɔ no bɛyɛ wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nso renya asase no bi bio, ɛfiri sɛ, wɔanya wɔn agyapadeɛ a Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ de maa wɔn wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no dada.”
However, the Levites have no portion among you; for the priesthood of Yahweh is their inheritance. Gad, Reuben, and the half-tribe of Manasseh have received their inheritance east of the Jordan, which Moses the servant of Yahweh gave them.”
8 Mmarima a wɔrekɔsusu asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsane mfa deɛ mohunuiɛ ho nsɛm a moatwerɛ agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuo no.”
The men arose and went. Joshua commanded those who went to survey the land, saying, “Go walk through the land, survey it, and come again to me. I will cast lots for you here before Yahweh in Shiloh.”
9 Mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu nson, twerɛɛ nkuro a ɛwɔ asase no nkyekyɛmu biara so. Wɔsane kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Silo atenaeɛ hɔ.
The men went and passed through the land, and surveyed it by cities into seven portions in a book. They came to Joshua to the camp at Shiloh.
10 Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ Awurade anim de pɛɛ asaseta a ɛsɛ sɛ abusuakuo biara fa.
Joshua cast lots for them in Shiloh before Yahweh. There Joshua divided the land to the children of Israel according to their divisions.
11 Asase no nkyekyɛmu a ɛdi ɛkan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuo no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuo no.
The lot of the tribe of the children of Benjamin came up according to their families. The border of their lot went out between the children of Judah and the children of Joseph.
12 Atifi fam ɛhyeɛ no firi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsianeɛ no atifi, na afei, afa bepɔ mantam ne Bet-Awen ɛserɛ so akɔ atɔeɛ fam.
Their border on the north quarter was from the Jordan. The border went up to the side of Jericho on the north, and went up through the hill country westward. It ended at the wilderness of Beth Aven.
13 Ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ Lus (a ɛyɛ Bet-El) wɔ anafoɔ fam, na ɛtoa so kɔ Atarot-Adar ne bepɔ atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafoɔ wɔ anafoɔ fam.
The border passed along from there to Luz, to the side of Luz (also called Bethel), southward. The border went down to Ataroth Addar, by the mountain that lies on the south of Beth Horon the lower.
14 Afei ɛhyeɛ no fa anafoɔ fam, nam bepɔ a anim hwɛ Bet-Horon wɔ atɔeɛ fam no ntentenesoɔ, kɔsi Kiriat-Baal akuraa (a ɛyɛ Kiriat-Yearim), Yuda abusuakuo no nkuro no mu baako. Yei ne atɔeɛ fam ɛhyeɛ.
The border extended, and turned around on the west quarter southward, from the mountain that lies before Beth Horon southward; and ended at Kiriath Baal (also called Kiriath Jearim), a city of the children of Judah. This was the west quarter.
15 Anafoɔ fam ɛhyeɛ no, firi Kiriat-Yearim mfikyire. Ɛfiri hɔ fa atɔeɛ fam kɔ Neftoa nsuwansuwa asutire ho,
The south quarter was from the farthest part of Kiriath Jearim. The border went out westward, and went out to the spring of the waters of Nephtoah.
16 na ɛsiane akɔ bepɔ a ɛwɔ Hinom bɔnhwa a ɛwɔ Refaim bɔnhwa no atifi fam no ase. Ɛtoa so kɔ Hinom wɔ anafoɔ fam, na atwam wɔ nsianeɛ a na Yebusifoɔ teɛ no anafoɔ fam na akɔduru En-Rogel.
The border went down to the farthest part of the mountain that lies before the valley of the son of Hinnom, which is in the valley of Rephaim northward. It went down to the valley of Hinnom, to the side of the Jebusite southward, and went down to En Rogel.
17 Ɛhyeɛ no firi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kɔsi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanimu na afei ɛsiane akɔ Bohan boɔ ho (Na Bohan yɛ Ruben babarima).
It extended northward, went out at En Shemesh, and went out to Geliloth, which is opposite the ascent of Adummim. It went down to the stone of Bohan the son of Reuben.
18 Ɛtoa so fa nsianeɛ a ɛhwɛ Yordan Bɔnhwa no atifi fam. Afei ɛhyeɛ no kɔ bɔnhwa no mu,
It passed along to the side opposite the Arabah northward, and went down to the Arabah.
19 ɛkɔfa Bet-Hogla nsianeɛ no atifi fam na akɔpem Nkyene Ɛpo no atifi faka ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafoɔ fam abɔeɛ.
The border passed along to the side of Beth Hoglah northward; and the border ended at the north bay of the Salt Sea, at the south end of the Jordan. This was the south border.
20 Apueeɛ fam ɛhyeɛ no yɛ Asubɔnten Yordan. Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no.
The Jordan was its border on the east quarter. This was the inheritance of the children of Benjamin, by the borders around it, according to their families.
21 Nkuro a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo na ɛdidi soɔ yi: Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis,
Now the cities of the tribe of the children of Benjamin according to their families were Jericho, Beth Hoglah, Emek Keziz,
22 Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El,
Beth Arabah, Zemaraim, Bethel,
23 Awim, Para ne Ofra,
Avvim, Parah, Ophrah,
24 Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkuro dumienu ne wɔn nkuraaseɛ.
Chephar Ammoni, Ophni, and Geba; twelve cities with their villages.
25 Gibeon, Rama ne Beerot,
Gibeon, Ramah, Beeroth,
26 Mispa, Kefira ne Mosa,
Mizpeh, Chephirah, Mozah,
27 Rekem, Yirpeel ne Tarala,
Rekem, Irpeel, Taralah,
28 Sela, Ha-Elef ne Yebusifoɔ kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkuro dunan ne wɔn nkuraaseɛ. Yei ne agyapadeɛ a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuo no.
Zelah, Eleph, the Jebusite (also called Jerusalem), Gibeath, and Kiriath; fourteen cities with their villages. This is the inheritance of the children of Benjamin according to their families.

< Yosua 18 >