< Yoɛl 1 >

1 Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoɛl so nie.
The word of the LORD that came to Joel, the son of Pethuel.
2 Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ; montie, mo a mote asase no so nyinaa. Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ so anaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn?
Hear this, you elders, And listen, all you inhabitants of the land. Has this ever happened in your days, or in the days of your fathers?
3 Monka nkyerɛ mo mma, na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.
Tell your children about it, and have your children tell their children, and their children, another generation.
4 Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ no ntutummɛ akɛseɛ no awe deɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ no ntutummɛ nkumaa no awe deɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ no ntutummɛ afoforɔ awe.
What the swarming locust has left, the great locust has eaten. What the great locust has left, the grasshopper has eaten. What the grasshopper has left, the caterpillar has eaten.
5 Mo asabofoɔ, monyane, na monsu! Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo; montwa adwo ɛfiri sɛ nsã foforɔ no wɔayi afiri mo ano.
Wake up, you drunkards, and weep. Wail, all you drinkers of wine, because of the sweet wine; for it is cut off from your mouth.
6 Ɔman bi atu mʼasase so sa ɛdɔm a wɔyɛ den na wɔntumi nkane wɔn; wɔn se te sɛ gyata se na wɔwɔ gyatabereɛ sebɔmmɔfoɔ.
For a nation has come up on my land, strong, and without number. His teeth are the teeth of a lion, and he has the fangs of a lioness.
7 Wɔasɛe me bobe ne me borɔdɔma nnua. Wawaawae nnua no ho bona, ato agu agya ne mman a ayɛ fitaa hɔ.
He has laid my vine waste, and stripped my fig tree. He has stripped its bark, and thrown it away. Its branches are made white.
8 Di awerɛhoɔ sɛ ababaawa a ɔfira ayitoma na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaawaberɛ mu.
Mourn like a virgin dressed in sackcloth for the husband of her youth.
9 Aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ, wɔayi afiri Awurade efie. Asɔfoɔ no retwa adwoɔ, wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.
The meal offering and the drink offering are cut off from the LORD's house. The priests, the LORD's ministers, mourn.
10 Mfuo asɛe, asase no so awo wesee aduane no asɛe nsã foforɔ no awe ngo nyinaa asa.
The field is laid waste. The land mourns, for the grain is destroyed, The new wine has dried up, and the oil languishes.
11 Mo ani nwu, mo akuafoɔ, mo ntwa adwo, mo a modua bobe; Monsi apinie mma ayuo ne atokoɔ, ɛfiri sɛ otwaberɛ no asɛe.
Be confounded, you farmers. Wail, you vineyard keepers; for the wheat and for the barley; for the harvest of the field has perished.
12 Bobe no akusa na borɔdɔma nnua no awuwu. Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ ne nnua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye. Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ no atu ayera.
The vine has dried up, and the fig tree withered; the pomegranate tree, the palm tree also, and the apple tree, even all of the trees of the field are withered; for joy has withered away from the sons of men.
13 Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ; mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo. Momfira ayitoma mmɛsiri pɛ mo a mosom Onyankopɔn anim; ɛfiri sɛ aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ no ɛto atwa wɔ Onyankopɔn efie.
Put on sackcloth and mourn, you priests. Wail, you ministers of the altar. Come, lie all night in sackcloth, you ministers of my God, for the meal offering and the drink offering are withheld from your God's house.
14 Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro; momfrɛ nhyiamu kronkron. Monfrɛ mpanimfoɔ ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa mmra Awurade mo Onyankopɔn efie na wɔmmesu mfrɛ Awurade.
Sanctify a fast. Call a solemn assembly. Gather the elders, and all the inhabitants of the land, to the house of the LORD, your God, and cry to the LORD.
15 Ɛda no aba! Awurade ɛda no abɛn; Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ.
Alas for the day. For the day of the LORD is at hand, and it will come as destruction from Shaddai.
16 Yɛnnhunuu sɛ aduane ho ayɛ na, sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ nso to atwa wɔ yɛn Onyankopɔn efie anaa?
Isn't the food cut off before our eyes; joy and gladness from the house of our God?
17 Aba no wu wɔ asase wesee mu, adekoradan abubu, aburopata nso ho nni mfasoɔ, ɛfiri sɛ nnuane no ahye.
The seeds shrivel under their shovels. The storehouses are laid desolate. The granaries are broken down, for the grain has withered.
18 Sɛdeɛ anantwie su! Na anantwikuo kyinkyini kwa. Nnwankuo mpo rebrɛ ɛfiri sɛ wɔnni adidibea.
How the animals groan. The herds of livestock are perplexed, because they have no pasture. Even the flocks of sheep suffer.
19 Awurade, wo na mesu frɛ wo, ɛfiri sɛ ogya ahye ɛserɛ so adidibea na ogyaframa ahye mfuo no so nnua nyinaa.
LORD, I cry to you, for the fire has devoured the pastures of the wilderness, and the flame has burned all the trees of the field.
20 Wiram mmoa mpo pere hwehwɛ wo. Nsuwansuwa awewe, na ogya ahye ɛserɛ so adidibea.
Yes, the animals of the field pant to you, for the water brooks have dried up, And the fire has devoured the pastures of the wilderness.

< Yoɛl 1 >