< Hiob 6 >

1 Na Hiob buaa sɛ, 2 “Sɛ wɔbɛtumi akari mʼawerɛhodie na me haw nso wɔde agu nsania so a, 3 anka emu bɛyɛ duru asene anwea a ɛwɔ ɛpo mu nyinaa, enti ɛnyɛ nwanwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya. 4 Otumfoɔ agyan no awɔ me mu, me honhom nom ano awuduro no; wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me. 5 Wiram afunumu su wɔ ɛberɛ a wanya ɛserɛ anaa, na nantwie nso su wɔ ɛberɛ a wanya nʼaduane anaa? 6 Wɔdi aduane a nkyene nni mu anaa, na kosua mu fufuo nso ɔdɛ bi wɔ mu anaa? 7 Mempɛ sɛ mede me nsa ka; aduane a ɛte saa no bɔ me yadeɛ. 8 “Ao sɛ me nsa bɛka mʼabisadeɛ, sɛ Onyankopɔn bɛyɛ deɛ mʼani da so ama me. 9 Mepɛ sɛ Onyankopɔn dwerɛ me, sɛ ɔbɛtwe ne nsa na wakum me, 10 ɛnneɛ anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekyerɛ yi. Nanso, ɔyea yi nyinaa akyi no memmuu Ɔkronkronni no nsɛm so da. 11 “Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ menya anidasoɔ? Daakye nneɛma pa bɛn enti na ɛsɛ sɛ menya ntoboaseɛ? 12 Mewɔ ahoɔden sɛ ɛboɔ anaa? Me honam yɛ kɔbere mfrafraeɛ anaa? 13 Mewɔ tumi a mede bɛboa me ho anaa? Saa ɛberɛ yi a nkonimdie apare me yi? 14 “Deɛ nʼanidasoɔ asa no hia ne nnamfonom mpaeɛbɔ, ɛnyɛ saa a, ɔbɛpa aba wɔ Otumfoɔ no suro ho. 15 Nanso ahotosoɔ nni me nuanom mu. Wɔte sɛ nsuwa nsuwa a ɛyirie na ɛweɛ, wɔte sɛ nsuwa nsuwa a ɛyirie 16 ɛberɛ a sukyerɛmma renane na asukɔtweaa nso redane nsuo, 17 nanso owiaberɛ mu no, ɛntene bio na ɔhyew enti nsuo no tu yera. 18 Akwantufoɔ mane firi wɔn akwan so; wɔforo kɔ nsase bonini so na wɔwuwu. 19 Tema akwantufoɔ hwehwɛ nsuo, adwadifoɔ akwantufoɔ a wɔfiri Seba de anidasoɔ hwehwɛ nsuo. 20 Wɔn ho yera wɔn, ɛfiri sɛ na wɔwɔ awerɛhyɛmu; wɔduruu hɔ, nanso wɔn anidasoɔ yɛ ɔkwa. 21 Afei wo nso woakyerɛ sɛ wo ho nni mfasoɔ; Woahunu mʼamanehunu no, na ama woasuro. 22 Maka sɛ, ‘Momma me biribi? Maka sɛ momfiri mo ahodeɛ ntua me tiri so sika, 23 anaasɛ monnye me mfiri mʼatamfoɔ nsam, ne atirimuɔdenfoɔ nkyehoma mu anaa?’ 24 “Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm; monkyerɛ me mfomsoɔ a mayɛ. 25 Nokorɛka yɛ yea, na mo adwenkyerɛ no, ɛkɔsi sɛn? 26 Mokyerɛ sɛ deɛ maka no nnyɛ nokorɛ, mofa obi a nʼabamu abu asɛm sɛ mframa anaa? 27 Mpo mobɛbɔ awisiaa so ntonto, na mode mo adamfo adi nsesa dwa. 28 “Afei momfa ahummɔborɔ nhwɛ me. Mɛtumi adi atorɔ wɔ mo anim anaa? 29 Monto mo bo ase, mommu ntɛnkyea; monsane nnwene ho, ɛfiri sɛ me pɛpɛyɛ ho aba akyinnyegyeɛ. 30 Amumuyɛsɛm wɔ mʼano anaa? Mennim papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ anaa?

< Hiob 6 >