< Hiob 36 >

1 Elihu toaa ne kasa so sɛ,
Elihu also continued, and said,
2 “Monto mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛ aka bebree a ɛsɛ sɛ yɛka ma Onyankopɔn.
"Bear with me a little, and I will show you; for I still have something to say on God's behalf.
3 Menya me nimdeɛ firi akyirikyiri; mɛka sɛ me Yɛfoɔ bu atɛntenenee.
I will get my knowledge from afar, and will ascribe righteousness to my Maker.
4 Monnye ntom sɛ me nsɛm yɛ nokorɛ turodoo; na meyɛ obi a ne nimdeɛ so wɔ mo mu.
For truly my words are not false. One who is perfect in knowledge is with you.
5 “Onyankopɔn so, nanso, ɔntwiri nnipa; ɔkorɔn na ɔnhinhim ne botaeɛ mu.
"Look, God is mighty, and doesn't despise anyone. He is mighty in strength of understanding.
6 Ɔmma amumuyɛfoɔ ntena nkwa mu, na ɔde amanehunufoɔ kyɛfa ma wɔn.
He doesn't preserve the life of the wicked, but gives to the afflicted their right.
7 Ɔnnyi nʼani mfiri ɔteneneeni so. Ɔma wɔne ahemfo di adeɛ na ɔma wɔn so afebɔɔ.
He doesn't withdraw his eyes from the righteous, but with kings on the throne, he sets them forever, and they are exalted.
8 Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa na amanehunu ahoma akyekyere wɔn papee a,
If they are bound in fetters, and are taken in the cords of afflictions,
9 ɔka deɛ wɔayɛ kyerɛ wɔn sɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.
then he shows them their work, and their transgressions, that they have behaved themselves proudly.
10 Ɔma wɔtie ntenesoɔ na ɔhyɛ wɔn sɛ wɔnnu wɔn ho wɔn bɔne ho.
He also opens their ears to instruction, and commands that they return from iniquity.
11 Sɛ wɔyɛ ɔsetie na wɔsom no a, wɔbɛdi yie wɔ wɔn ɛnna a aka no mu na wɔn mfeɛ nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn.
If they listen and serve him, they shall spend their days in prosperity, and their years in pleasures.
12 Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ akofena ano, na wɔawuwu a wɔnni nimdeɛ.
But if they do not listen, they shall perish by the sword; they shall die without knowledge.
13 “Wɔn a wɔnnim Onyame no kora abufuo so; mpo sɛ ɔgu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a, wɔnsu mpɛ mmoa.
"But those who are godless in heart lay up anger. They do not cry for help when he binds them.
14 Wɔwuwu wɔn mmabunuberɛ mu wɔ adwaman mu, wɔ mmarima adwamanfoɔ a wɔtete abosonnan mu mu.
They die in youth. Their life perishes among the unclean.
15 Nanso, wɔn a wɔhunu amane no, ɔgye wɔn; na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu.
He delivers the afflicted by their affliction, and opens their ear in oppression.
16 “Ɔregye wo afiri ahohiahia mu de wo akɔ petee mu a ahokyere nnie, deɛ wowɔ asomdwoeɛ, na nnuane pa ayɛ wo ɛpono so ma.
Yes, he would have allured you out of distress, into a broad place, where there is no restriction. That which is set on your table would be full of fatness.
17 Nanso seesei, atemmuo a ɛfata amumuyɛfoɔ na aba wo so; atemmuo ne atɛntenenee asɔ wo mu.
"But you are full of the judgment of the wicked. Judgment and justice take hold of you.
18 Hwɛ yie na obi amfa ahonya annaadaa wo; mma adanmudeɛ kɛseɛ bi ntwe wo.
Do not let riches entice you to wrath, neither let the great size of a bribe turn you aside.
19 Wʼahonya anaasɛ mpo wʼahohaw bebrebe nyinaa enti, worenkɔ amanehunu mu anaa?
Would your wealth sustain you in distress, or all the might of your strength?
20 Mpere anadwo ho, sɛ ɛmmɛpra nnipa mfiri wɔn afie mu.
Do not desire the night, when people are cut off in their place.
21 Hwɛ na woannane ankɔ bɔne ho, deɛ ayɛ sɛ wopɛ sene amanehunu.
Take heed, do not regard iniquity; for you have chosen this rather than affliction.
22 “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ wɔ ne tumi mu. Hwan na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ ɔno?
Look, God is exalted in his power. Who is a teacher like him?
23 Hwan na wahyehyɛ nʼakwan ama no anaa waka akyerɛ no sɛ, ‘Woayɛ mfomsoɔ.’
Who has prescribed his way for him? Or who can say, 'You have committed unrighteousness?'
24 Kae na kamfo nʼadwuma a nnipa de nnwontoɔ akamfo no.
"Remember that you magnify his work, whereof men have sung.
25 Adasamma nyinaa ahunu; nnipa hwɛ haa firi akyirikyiri.
All men have looked thereon. Man sees it afar off.
26 Onyankopɔn yɛ kɛseɛ, ɛboro yɛn nteaseɛ so! Ne mfeɛ dodoɔ mu nni hwehwɛbea.
Look, God is great, and we do not know him. The number of his years is unsearchable.
27 “Ɔtwetwe nsuo a ɛsosɔ, ma ɛdane osutɔ gu asutene mu;
For he draws up the drops of water, which distill in rain from his vapor,
28 na omununkum tɔ bosuo gu fam na osutɔ bebree gu adasamma so.
Which the skies pour down and which drop on humankind abundantly.
29 Hwan na ɔbɛtumi ate sɛdeɛ ɔtrɛtrɛ omununkum mu ase, sɛdeɛ ɔbobɔ mu firi nʼatenaeɛ?
Yes, can any understand the spreading of the clouds, and the thunderings of his pavilion?
30 Hwɛ sɛdeɛ ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho ma ɛkɔ ɛpo bunu mu.
Look, he spreads his light around him. He covers the bottom of the sea.
31 Yei ne ɛkwan a ɔfa so di amanaman no so na ɔma aduane bu wɔn so.
For by these he judges the people. He gives food in abundance.
32 Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma na ɔhyɛ no sɛ ɛnsi nʼagyiraeɛ.
He covers his hands with the lightning, and commands it to strike the mark.
33 Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkaeɛ; na anantwie mpo ma wɔhunu sɛ ɛreba.
Its noise tells about him, and the livestock also concerning the storm that comes up.

< Hiob 36 >