< Hiob 33 >

1 “Na afei, Hiob, tie me nsɛm; yɛ aso ma biribiara a mɛka.
“However, Job, please hear my speech, and listen to all my words.
2 Merebɛbue mʼano; me nsɛm aba me tɛkrɛma so.
See now, I have opened my mouth. My tongue has spoken in my mouth.
3 Me nsɛm firi akoma a ɛtene mu; na mʼano de ahonim pa ka deɛ menim.
My words will utter the uprightness of my heart. That which my lips know they will speak sincerely.
4 Onyankopɔn Honhom na abɔ me; Otumfoɔ no ahome ma me nkwa.
The Spirit of God has made me, and the breath of the Almighty gives me life.
5 Sɛ wobɛtumi a, ma me mmuaeɛ; siesie wo ho, na ka si mʼanim.
If you can, answer me. Set your words in order before me, and stand up.
6 Wo ne me nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim; me nso wɔbɔɔ me firii dɔteɛ mu.
Behold, I am toward God even as you are. I am also formed out of the clay.
7 Ɛnsɛ sɛ wosuro me, na ɛnsɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ wo so.
Behold, my terror will not make you afraid, neither will my pressure be heavy on you.
8 “Nanso woaka ama mate, metee saa nsɛm no, na wokaa sɛ,
“Surely you have spoken in my hearing, I have heard the voice of your words, saying,
9 ‘Meyɛ kronn na menni bɔne; me ho te na afɔdie biara nni me ho.
‘I am clean, without disobedience. I am innocent, neither is there iniquity in me.
10 Nanso Onyankopɔn anya me ho mfomsoɔ; wafa me sɛ ne ɔtamfoɔ.
Behold, he finds occasions against me. He counts me for his enemy.
11 Ɔde me nan ahyɛ mpɔkyerɛ mu; na nʼani wɔ mʼakwan nyinaa so.’
He puts my feet in the stocks. He marks all my paths.’
12 “Nanso meka mekyerɛ wo sɛ, yei mu deɛ, woayɛ mfomsoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn so sene ɔdasani.
“Behold, I will answer you. In this you are not just, for God is greater than man.
13 Na adɛn enti na wonwiinwii hyɛ no sɛ ɔmmua onipa nsɛm biara anaa?
Why do you strive against him, because he doesn’t give account of any of his matters?
14 Nanso, Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahodoɔ so, na ebia nnipa nte.
For God speaks once, yes twice, though man pays no attention.
15 Ɔkasa wɔ daeɛso ne anadwo anisoadehunu mu, ɛberɛ a nna afa nnipa na wɔretu nkorɔmo wɔ wɔn mpa so,
In a dream, in a vision of the night, when deep sleep falls on men, in slumbering on the bed,
16 ɔtumi kasa gu wɔn asom na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu,
then he opens the ears of men, and seals their instruction,
17 sɛ ɔbɛdane onipa afiri nneyɛɛ bɔne ho na watwe no afiri ahantan ho,
that he may withdraw man from his purpose, and hide pride from man.
18 sɛ ɔmma ne ɔkra nnkɔ amena mu na ɔnhwere ne nkwa wɔ akofena ano.
He keeps back his soul from the pit, and his life from perishing by the sword.
19 Onyankopɔn tumi de yea twe onipa aso ɛberɛ a ɔda mpa so na ne nnompe mu yea nnyae da,
“He is chastened also with pain on his bed, with continual strife in his bones,
20 kɔsi sɛ ne kɔn nnɔ aduane na ne ɔkra nso po aduane a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara;
so that his life abhors bread, and his soul dainty food.
21 ɔfɔn yɛ basaa, na ne nnompe a anka ɛho akata no ho da hɔ.
His flesh is so consumed away that it can’t be seen. His bones that were not seen stick out.
22 Ne ɔkra bɛn damena, na ne nkwa bɛn owuo abɔfoɔ.
Yes, his soul draws near to the pit, and his life to the destroyers.
23 “Nanso sɛ abɔfoɔ apem no mu baako wɔ nʼafa sɛ ɔdimafoɔ a ɔbɛkyerɛ no deɛ ɛyɛ ma no a,
“If there is beside him an angel, an interpreter, one among a thousand, to show to man what is right for him,
24 ɔbɛhunu no mmɔbɔ na waka sɛ, ‘Monnyaa no na wankɔ damena mu; na manya mpatadeɛ ama no,’
then God is gracious to him, and says, ‘Deliver him from going down to the pit, I have found a ransom.’
25 afei ne wedeɛ bɛyɛ foforɔ sɛ abɔfra deɛ, na asi ne dada mu sɛ mmeranteberɛ mu deɛ.
His flesh will be fresher than a child’s. He returns to the days of his youth.
26 Sɛ ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ a, ɔbɛnya adom afiri ne hɔ, ɔbɛhunu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛ ateam na Onyankopɔn agye no bio sɛ ɔteneneeni.
He prays to God, and he is favorable to him, so that he sees his face with joy. He restores to man his righteousness.
27 Afei ɔbɛba nnipa mu abɛka sɛ, ‘Meyɛɛ bɔne na mekyeaa deɛ ɛtene, nanso wantwe mʼaso sɛdeɛ ɛfata me.
He sings before men, and says, ‘I have sinned, and perverted that which was right, and it didn’t profit me.
28 Ɔgyee me ɔkra na wamma no ankɔ damena mu, enti mɛtena ase na madi hann no mu dɛ.’
He has redeemed my soul from going into the pit. My life will see the light.’
29 “Onyankopɔn yɛ yeinom nyinaa ma onipa, mprɛnu ne ne mprɛnsa so,
“Behold, God does all these things, twice, yes three times, with a man,
30 sɛdeɛ onipa kra renkɔ damena mu, na nkwa hann no ahyerɛn ne so.
to bring back his soul from the pit, that he may be enlightened with the light of the living.
31 “Yɛ aso, Hiob, na tie me; yɛ dinn na menkasa.
Mark well, Job, and listen to me. Hold your peace, and I will speak.
32 Na sɛ wowɔ biribi ka a, bua me; kasa, na mepɛ sɛ wɔbu wo bem.
If you have anything to say, answer me. Speak, for I desire to justify you.
33 Sɛ ɛnte saa nso a, ɛnneɛ tie me. Yɛ dinn na mɛkyerɛ wo nyansa.”
If not, listen to me. Hold your peace, and I will teach you wisdom.”

< Hiob 33 >