< Hiob 18 >

1 Na Suhini Bildad buaa sɛ,
Then Bildad the Shuhite answered,
2 “Ɛberɛ bɛn na wobɛgyae kasa tenten yi? Dwene ho yie, na afei yɛbɛtumi akasa.
“How long will you hunt for words? Consider, and afterwards we will speak.
3 Adɛn enti na wofa yɛn sɛ anantwie na wosusu sɛ yɛnnim nyansa yi?
Why are we counted as animals, which have become unclean in your sight?
4 Wo a wode abufuo tete wo mu nketenkete, wo enti, ɛsɛ sɛ yɛfiri asase yi so anaasɛ wo enti, wɔnnwiri mmotan mfiri wɔn siberɛ anaa?
You who tear yourself in your anger, will the earth be forsaken for you? Or will the rock be removed out of its place?
5 “Omumuyɛfoɔ kanea adum; na ne ogya nnɛre bio.
“Yes, the light of the wicked will be put out. The spark of his fire won’t shine.
6 Hann a ɛwɔ ne ntomadan mu duru sum; kanea a ɛsi ne ho no dum.
The light will be dark in his tent. His lamp above him will be put out.
7 Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase; nʼankasa nhyehyɛeɛ bɛhwe nʼase.
The steps of his strength will be shortened. His own counsel will cast him down.
8 Nʼanammɔn de no kɔ afidie mu, na ɔkyinkyini kɔtɔ nʼatena mu.
For he is cast into a net by his own feet, and he wanders into its mesh.
9 Afidie sɔ ne nantin na ɛsɔ ne mu denden.
A snare will take him by the heel. A trap will catch him.
10 Wɔasum no afidie ahinta wɔ fam; afidie wɔ ne kwan mu.
A noose is hidden for him in the ground, a trap for him on the path.
11 Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa na ɛha no wɔ nʼanammɔntuo biara mu.
Terrors will make him afraid on every side, and will chase him at his heels.
12 Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no; na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.
His strength will be famished. Calamity will be ready at his side.
13 Ɛwewe ne honam ani baabi; na owuo di ɛkan sɛe nʼakwaa.
The members of his body will be devoured. The firstborn of death will devour his members.
14 Wɔtwe no firi ne ntomadan banbɔeɛ mu na wɔde no brɛ ahunahunahene.
He will be rooted out of the security of his tent. He will be brought to the king of terrors.
15 Ogya te ne ntomadan mu; na wɔabɔ sɔfe a ɛrederɛ apete nʼatenaeɛ.
There will dwell in his tent that which is none of his. Sulfur will be scattered on his habitation.
16 Ne nhini wuwu wɔ aseɛ na ne mman nso wu wɔ ɔsoro.
His roots will be dried up beneath. His branch will be cut off above.
17 Wɔrenkae no asase so bio; na ɔrennya edin wɔ asase so.
His memory will perish from the earth. He will have no name in the street.
18 Wɔka no firi hann mu kɔ sum mu na wɔpam no firi ewiase.
He will be driven from light into darkness, and chased out of the world.
19 Ɔnni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfoɔ mu, na nʼase ni biara renka wɔ baabi a ɔtenaeɛ.
He will have neither son nor grandson among his people, nor any remaining where he lived.
20 Nnipa a wɔfiri atɔeɛ fam ho adwiri wɔn wɔ deɛ ato noɔ no ho; na wɔn a wɔwɔ apueeɛ fam abɔ huboa.
Those who come after will be astonished at his day, as those who went before were frightened.
21 Ampa ara sei na omumuyɛfoɔ atenaeɛ teɛ; sei ne beaeɛ a deɛ ɔnnim Onyankopɔn teɛ.”
Surely such are the dwellings of the unrighteous. This is the place of him who doesn’t know God.”

< Hiob 18 >