< Hiob 15 >

1 Na Temanni Elifas buaa sɛ,
Then Eliphaz the Temanite answered,
2 “Enti onyansafoɔ de nsɛm a aba biara nni muo bɛyi nʼano anaasɛ ɔde apueeɛ mframa a emu yɛ hye bɛhyɛ nʼafuru ma?
“Should a wise man answer with vain knowledge, and fill himself with the east wind?
3 Ɔde nsɛm huhuo bɛdi anobaabaeɛ, aka nsɛm a ɛntu bunu biara anaa?
Should he reason with unprofitable talk, or with speeches with which he can do no good?
4 Wototo onyamesuro ase mmom na wosi Onyankopɔn mu ahotosoɔ ho ɛkwan.
Yes, you do away with fear, and hinder devotion before God.
5 Wo bɔne kyerɛ wʼano deɛ ɔnka; na woafa aniteɛ tɛkrɛma.
For your iniquity teaches your mouth, and you choose the language of the crafty.
6 Wo ankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me deɛ; wʼankasa wʼano di adanseɛ tia wo.
Your own mouth condemns you, and not I. Yes, your own lips testify against you.
7 “Wone onipa a wɔwoo wo dii ɛkan? Wɔwoo wo ansa na wɔrewo nkokoɔ?
“Are you the first man who was born? Or were you brought out before the hills?
8 Wotie Onyankopɔn afotuo anaa? Wo nko ara na wonim nyansa anaa?
Have you heard the secret counsel of God? Do you limit wisdom to yourself?
9 Ɛdeɛn na wonim a, yɛnnim? Nhunumu bɛn na wowɔ a yɛnnie?
What do you know that we don’t know? What do you understand which is not in us?
10 Deɛ wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn afa, wɔn a wɔanyini sene wʼagya mpo.
With us are both the gray-headed and the very aged men, much older than your father.
11 Onyankopɔn awerɛkyekyerɛ ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo anaa?
Are the consolations of God too small for you, even the word that is gentle toward you?
12 Adɛn enti na wʼakoma atwe wo korɔ adɛn enti na wʼani asɔ ogya,
Why does your heart carry you away? Why do your eyes flash,
13 na woadane wʼabofuo agu Onyankopɔn so na woma saa nsɛm yi pue firi wʼano?
that you turn your spirit against God, and let such words go out of your mouth?
14 “Ɔdasani ne hwan a ɔbɛtumi ayɛ pɛ, anaasɛ deɛ ɔbaa awo noɔ bɛn na ɔbɛtumi ayɛ ɔteneneeni?
What is man, that he should be clean? What is he who is born of a woman, that he should be righteous?
15 Onyankopɔn nni ahotosoɔ wɔ nʼakronkronfoɔ mu. Ɔsorosoro mpo nnyɛ kronn wɔ nʼani so,
Behold, he puts no trust in his holy ones. Yes, the heavens are not clean in his sight;
16 na nkantom onipa bɔnefoɔ ne omumuyɛfoɔ a ɔnom awurukasɛm sɛ nsuo.
how much less one who is abominable and corrupt, a man who drinks iniquity like water!
17 “Tie me, na mɛkyerɛ wo mu; ma menka deɛ mahunu nkyerɛ wo,
“I will show you, listen to me; that which I have seen I will declare
18 deɛ anyansafoɔ apae mu aka, a wɔamfa biribiara a wɔnya firii wɔn agyanom hɔ no ansie
(which wise men have told by their fathers, and have not hidden it;
19 (wɔn a wɔde asase no maa wɔn ɛberɛ a ananafoɔ biara nni hɔ):
to whom alone the land was given, and no stranger passed among them):
20 Omumuyɛfoɔ kɔ ahohiahia mu ne nkwanna nyinaa. Na basabasayɛni nso, wɔahyehyɛ ne mfeɛ nyinaa ama no.
the wicked man writhes in pain all his days, even the number of years that are laid up for the oppressor.
21 Nnyegyeɛ a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma; na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yie ma no a, akorɔmfoɔ to hyɛ ne so.
A sound of terrors is in his ears. In prosperity the destroyer will come on him.
22 Ɔpa aba sɛ ɔbɛdwane afiri esum mu; wɔabɔ no ato hɔ ama akofena.
He doesn’t believe that he will return out of darkness. He is waited for by the sword.
23 Ɔkyinkyini hwehwɛ aduane; ɔnim sɛ esum da no abɛn.
He wanders abroad for bread, saying, ‘Where is it?’ He knows that the day of darkness is ready at his hand.
24 Ɔhaw ne ahoyera yi no hu; ɛhyɛ ne so sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko,
Distress and anguish make him afraid. They prevail against him, as a king ready to the battle.
25 ɛfiri sɛ ɔtenetene ne nsa kyerɛ Onyankopɔn na ɔma ne ho so tia Otumfoɔ.
Because he has stretched out his hand against God, and behaves himself proudly against the Almighty,
26 Wɔde akokyɛm a emu pi na ɛyɛ den kɔ ne so a wɔnsuro no.
he runs at him with a stiff neck, with the thick shields of his bucklers,
27 “Ɛwom sɛ sradeɛ ama wɔn afono atotɔ na wɔn asene mu ɛnam agu mmɛbɛ deɛ,
because he has covered his face with his fatness, and gathered fat on his thighs.
28 nanso wɔbɛtena nkuro a aguo so na wɔatena afie a obi nte mu, afie a ɛrebubu mu.
He has lived in desolate cities, in houses which no one inhabited, which were ready to become heaps.
29 Wɔrenkɔ so nyɛ adefoɔ bio, na wɔn ahonya rennyina, na wɔn agyapadeɛ so bɛte na ayera wɔ asase so.
He will not be rich, neither will his substance continue, neither will their possessions be extended on the earth.
30 Esum bɛduru wɔn; ogyaframa bɛkusa wɔn mman, na Onyankopɔn anom ahomeguo bɛsoa wɔn akɔ.
He will not depart out of darkness. The flame will dry up his branches. He will go away by the breath of God’s mouth.
31 Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho to nneɛma huhuo so de daadaa wɔn ho, ɛfiri sɛ wɔrennya hwee mfiri mu.
Let him not trust in emptiness, deceiving himself, for emptiness will be his reward.
32 Ansa na wɔn da bɛduru no, wɔbɛtua wɔn ka a ebi renka, na wɔn mman renyɛ frɔmfrɔm.
It will be accomplished before his time. His branch will not be green.
33 Wɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔapore so aba a ɛnnyiniiɛ, te sɛ ngo dua a ne nhyerɛnne repore gu fam.
He will shake off his unripe grape as the vine, and will cast off his flower as the olive tree.
34 Na abɔnefoɔ fekuo a wɔnnim Onyankopɔn no renso aba, na ogya bɛhye wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntomadan.
For the company of the godless will be barren, and fire will consume the tents of bribery.
35 Wɔnyinsɛn ɔhaw na wɔwo amumuyɛ; wɔn awotwaa siesie nnaadaa.”
They conceive mischief and produce iniquity. Their heart prepares deceit.”

< Hiob 15 >